Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?

Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?

 Yehowa Adansefo yɛ Kristofo, na ɔkwan a Yesu kyerɛɛ sɛ Kristofo mfa so nsom Onyankopɔn a n’asomafo no dii akyi pɛpɛɛpɛ no, saa ara na yɛn nso yɛyɛ. Nea edi so yi bɛma woahu nneɛma a yegye di no ani so kakra.

  1.   Onyankopɔn. Yɛsom nokware Nyankopɔn a ne din de Yehowa no. Ɔno ne Ɔbɔadeɛ ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ no. (Dwom 83:18; Adiyisɛm 4:11) Ɔno ne Onyankopɔn a Abraham, Mose, ne Yesu som no no.—Exodus 3:6; 32:11; Yohane 20:17.

  2.   Bible. Yegye di sɛ Bible no mu nsɛm fi Onyankopɔn hɔ. Na ɔma wɔkyerɛw maa nnipa. (Yohane 17:17; 2 Timoteo 3:16) Nhoma 66 na ɛka bom yɛ Bible; nea wɔfrɛ no “Apam Dedaw” ne “Apam Foforo” no. Nea yegye di nyinaa gyina Bible no so. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Jason D. BeDuhn kyerɛw faa Yehowa Adansefo ho sɛ, “nea wogye di ne biribiara a wɔyɛ gyina Bible so. Wɔmfa wɔn adwene mmu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ sei anaa sei na Bible no repɛ akyerɛ.” a

     Ɛwom, yegye Bible no mu nsɛm nyinaa di, nanso sɛ yebehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛsesa ntease bi a yɛwɔ wɔ Bible mu asɛm bi ho a, yɛyɛ saa. Yegye tom sɛ Bible mu nsɛm no bi wɔ hɔ a, ɛyɛ kasakoa anaa ɛnyɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛfa no traa.—Adiyisɛm 1:1.

  3.   Yesu. Yegye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, na ɔno na obewu gyee yɛn nkwa. Yedi ne nkyerɛkyerɛ so na yesuasua sɛnea ɔbɔɔ ne bra. (Mateo 20:28; Asomafo Nnwuma 5:31) Ɛno nti, yɛyɛ Kristofo. (Asomafo Nnwuma 11:26) Nanso yɛasua afi Bible mu sɛ, ɛsono Yesu ɛnna ɛsono Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no. Yɛasan abehu sɛ biribiara nni Bible mu a yebetumi agyina so aka sɛ Baasakoro Nkyerɛkyerɛ no yɛ nokware.—Yohane 14:28.

  4.   Onyankopɔn Ahenni. Onyankopɔn Ahenni nyɛ biribi a ɛwɔ Kristofo komam, mmom ɛyɛ aban ankasa a ɛwɔ soro. Ɛrenkyɛ, ɛbɛba abeyi nnipa aban nyinaa afi hɔ na ama nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no abam. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Asɛm a yɛreka yi, ɛbɛba nnansa yi ara, efisɛ Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ yɛte “nna a edi akyiri mu” anaa yɛbɛka a, awiei mmere mu.”—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-14.

     Yesu na ɔredi Onyankopɔn Ahenni no so hene. Ofii ase dii ade wɔ afe 1914 mu.—Adiyisɛm 11:15.

  5.   Nkwagye. Esiane sɛ Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre nti, yebetumi ade yɛn ho afi bɔne ne owu ho. (Mateo 20:28; Asomafo Nnwuma 4:12) Sɛ yebetumi anya Yesu afɔrebɔ no so mfaso a, gye sɛ yenya Yesu mu gyidi, yɛsesa yɛn abrabɔ, na yɛbɔ asu. (Mateo 28:19, 20; Yohane 3:16; Asomafo Nnwuma 3:19, 20) Sɛnea obi bɔ ne bra na ɛma yehu sɛ ɔwɔ gyidi. (Yakobo 2:24, 26) Nanso wei nkyerɛ sɛ, yɛn ankasa mmɔdenbɔ na ɛbɛma yɛanya nkwagye. Mmom ɛyɛ “adom” na Onyankopɔn de bɛdom yɛn.—Galatifo 2:16, 21.

  6.   Ɔsoro. Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo ne abɔfo anokwafo na ɛte soro. b (Dwom 103:19-21; Asomafo Nnwuma 7:55) Wobenyan nnipa kakraa bi akɔ soro ama wɔne Yesu akodi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Wɔn dodow yɛ 144,000.—Daniel 7:27; 2 Timoteo 2:12; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3.

  7.   Asase. Onyankopɔn bɔɔ asase no sɛ nnipa ntena so daa. (Dwom 104:5; 115:16; Ɔsɛnkafo 1:4) Wɔn a wotie Onyankopɔn na wɔyɛ n’apɛde no, obehyira wɔn; wobenya apɔwmuden na wɔbɛtena ase daa wɔ asase so. Saa bere no Onyankopɔn besiesie asase so ma adan paradise.—Dwom 37:11, 34.

  8.   Ɔbrɛ ne amanehunu. Nea enti a yɛrehu amane ne sɛ, Onyankopɔn abɔfo no mu baako tew ne so atua anaa ɔyɛɛ asoɔden. (Yohane 8:44) Saa ɔbɔfo bɔne no daadaa Adam ne Hawa ma wɔbɛkaa ne ho. Ɛno akyi no, wɔbɛfrɛɛ no “Satan Ɔbonsam.” Nea wɔyɛe no de ɔhaw ne abɛbrɛsɛ abɛto nkyirimma so. (Genesis 3:1-6; Romafo 5:12) Ná Satan pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn mfata sɛ odi nnipa so. Enti nea ɛbɛyɛ na obiara ahu sɛ saa asɛm no nyɛ nokware no, Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan. Nanso ɛrenkyɛ koraa, ɔbɛma brɛ a yɛrebrɛ no nyinaa aba awiei.

  9.   Owu. Yegye di sɛ obi wu a, na wawu. Ɔnkɔ baabiara. (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Sɛ obi wu a, ɔnkɔ hell gya biara mu ma wɔnkɔyɛ no ayayade.

     Ɛrenkyɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu no, Onyankopɔn benyan wɔn aba nkwa mu bio. (Asomafo Nnwuma 24:15) Nanso, sɛ wonyan wɔn na wɔanyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, ɔbɛsɛe wɔn, na ɔrenyan wɔn bio.—Adiyisɛm 20:14, 15.

  10.   Abusua. Yegye di sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima ware ɔbaa baako pɛ, na aguamammɔ nko ara na obi betumi agyina so agyae ne kunu anaa ne yere. (Mateo 19:4-9) Afei nso, yegye di paa sɛ, sɛ mmusua de Bible mu afotusɛm bɔ wɔn bra a, ebesi wɔn yiye.—Efesofo 5:22–6:1.

  11.   Yɛn som. Yɛmfa krɔɔs anaa mmeamudua nyɛ adwuma wɔn yɛn som mu. Afei yɛnkotow ohoni anaa mfoni biara. (Deuteronomium 4:15-19; 1 Yohane 5:21) Nneɛma atitiriw a yɛyɛ de som Onyankopɔn na edidi so yi:

  12.   Yɛn ahyehyɛde anaa yɛn asafo no. Wɔakyekyɛ yɛn mu sɛ asafo ahorow. Asafo biara mu no, mmarima bi a wɔayi wɔn sɛ mpanyimfo na ɛhwɛ so. Nanso wɔnyɛ asɔfo, na wontua wɔn ka. (Mateo 10:8; 23:8) Yennye ntotoso du du, na sɛ yɛkɔ yɛn nhyiam ahorow nso a, yennye kɔlɛhyen biara. (2 Korintofo 9:7) Ntoboa anaa sika nkakrankakra a nkurɔfo fi wɔn komam yi no na yɛde yɛ yɛn dwumadi ahorow.

     Kristofo mmarima bi a wɔde mfe pii asom Onyankopɔn na wɔde akwankyerɛ ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa. Wɔyɛ adwuma wɔ yɛn headquarters na wɔfrɛ wɔn Akwankyerɛ Kuw.—Mateo 24:45.

  13.   Yɛyɛ baako. Esiane sɛ yɛn gyidi yɛ baako nti, biakoyɛ wɔ yɛn ntam. (1 Korintofo 1:10) Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛremma ɔman a obi fi mu ne kasa a ɔka rensɛe yɛn ntam. Afei nso, sɛ obi yɛ sikani oo, ohiani oo, ɛmfa yɛn ho. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35; Yakobo 2:4) Ɛwom, yɛyɛ baako de, nanso obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ, kyerɛ sɛ Yehowa Danseni biara tumi de ne tiboa a ɔde Bible atete no no si gyinae biara a ɔpɛ.—Romafo 14:1-4; Hebrifo 5:14.

  14.   Yɛn abrabɔ. Biribiara a yɛyɛ no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda ɔdɔ kann adi akyerɛ afoforo. (Yohane 13:34, 35) Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ biribiara a Onyankopɔn kyi. Ebi ne sɛ, yɛbɛtwe mogya ama obi anaa yebegye mogya. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29; Galatifo 5:19-21) Yɛpɛ asomdwoe, ɛno nti yɛmfa yɛn ho nhyɛ akodi mu anaa yɛnkɔ ko. (Mateo 5:9; Yesaia 2:4) Ɔman biara a yɛte mu no, yebu aban no, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde mmara ahorow a wɔahyehyɛ bɛyɛ adwuma. Nanso sɛ mmara no tia Onyankopɔn mmara a, yetie Onyankopɔn mmom.—Mateo 22:21; Asomafo Nnwuma 5:29.

  15.   Yɛne afoforo ntam abusuabɔ. Yesu kaa sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ɔsan kaa sɛ Kristofo nyɛ “wiase no fã.” (Mateo 22:39; Yohane 17:16) Ɛno nti, yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ “nnipa nyinaa yiye” anaa yɛne obiara bedi no yiye, nanso yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu. Afei nso, yɛmfa yɛn ho mfɔrefɔre ɔsom afoforo dwumadi mu. (Galatifo 6:10; 2 Korintofo 6:14) Nanso, sɛ obi si gyinae sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ amanyɔsɛm mu anaa ɔne ɔsom afoforo bedi hwebom a, yɛnkasa ntia no.—Romafo 14:12.

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Yehowa Adansefo gyidi ho nsɛm pii a, wubetumi akɔ yɛn wɛbsaet no so anaa wubetumi afrɛ yɛn branch office. Wubetumi nso akɔ Yehowa Adansefo Kingdom Hall bere a wɔreyɛ adesua anaa wo ne Yehowa Adansefo bi a ɔte wo mpɔtam hɔ nkasa.

a Hwɛ nhoma a wɔato din Truth in Translation, kratafa 165.

b Ɛwom wɔapam abɔfo asoɔdenfo no afi soro, nanso wɔda so ara te ase. Wɔyɛ ahonhom.—Adiyisɛm 12:7-9.