Ɔde Kɔmaa Hebrifo 10:1-39

  • Mmoa a wɔde bɔ afɔre rentumi nyi bɔne mfi hɔ (1-4)

    • Mmara no yɛ sunsuma (1)

  • Kristo bɔɔ afɔre baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da (5-18)

  • Ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa (19-25)

    • Mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam (24, 25)

  • Ɛnsɛ sɛ yɛboapa tena bɔne mu (26-31)

  • Ahotoso ne gyidi a ɛma yɛde animia gyina mu (32-39)

10  Mmara no yɛ nneɛma pa a ɛbɛba+ no sunsuma,+ na ɛnyɛ sɛnea nneɛma no te ankasa. Ɛno nti, wɔn a wɔba Onyankopɔn nkyɛn a wɔkɔ so bɔ afɔre koro no ara afe biara no, ɛrentumi* mma wonwie pɛyɛ da.+  Ɛnte saa a, anka wogyaee afɔre a na wɔbɔ no. Efisɛ wɔn a na wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn no, sɛ wonya tew wɔn ho wie a, anka wɔn ahonim* remmu wɔn fɔ wɔ bɔne ho bio.  Mmom no, saa afɔre ahorow a wɔbɔ no ma wɔkae wɔn bɔne afe biara,+  efisɛ anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.  Enti bere a ɔbaa wiase no, ɔkae sɛ: “‘Afɔre ne ayɛyɛde de woampɛ, na mmom nipadua na wusiesie maa me.  Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani.’+  Ɛnna mekae sɛ: ‘Hwɛ! Maba (wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee* no mu) sɛ merebɛyɛ w’apɛde, O Onyankopɔn.’”+  Odii kan kae sɛ: “Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre de, w’ani ansɔ, na woampɛ”; eyinom yɛ afɔre a na Mmara no hwehwɛ.  Ɛnna afei ɔkae sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛde.”+ Oyii nea edi kan no fii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nea ɛto so abien no besi hɔ. 10  Saa ‘apɛde’ no+ na wɔnam so ama Yesu Kristo nipadua a wɔde mae prɛko no atew yɛn ho.+ 11  Bio nso, da biara, ɔsɔfo biara kogyina ne gyinabea yɛ adwuma kronkron,*+ na ɔbɔ afɔre koro no ara mpɛn pii,+ afɔre a entumi nyi bɔne mfi hɔ korakora no.+ 12  Nanso saa ɔbarima yi de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da. Ɛno akyi no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa.+ 13  Efi saa bere no, ɔretwɛn akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiaso.+ 14  Na ɔnam afɔre baako so ama wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ,+ na wɔn pɛyɛ no bɛwɔ hɔ afebɔɔ. 15  Afei nso, honhom kronkron no nso di yɛn adanse, efisɛ ɛka sɛ: 16  “‘Eyi ne apam a me ne wɔn bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem.’”+ 17  Na ɛno akyi no, ɛka sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmarato bio.”+ 18  Na sɛ wɔde bɔne ne mmarato yi kyɛ a, ɛnde na bɔne ho afɔrebɔ nhia bio. 19  Enti anuanom, yɛnam Yesu mogya so anya akokoduru* a yɛde fa ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ+ no so. 20  Ɔkwan a obue maa yɛn* no yɛ ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa, na ɛfa ntwamutam+ no mu, ntwamutam a egyina hɔ ma ne honam no. 21  Afei nso, yɛwɔ ɔsɔfo kɛse a odi Onyankopɔn fi so.+ 22  Ɛno nti, momma yɛmfa koma pa ne gyidi a edi mu mmra, efisɛ wɔadwira* yɛn koma ho ama ɛho atew afi ahonim* bɔne ho,+ na wɔde nsu a emu tew aguare yɛn nipadua.+ 23  Momma yenso anidaso a yɛka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo* no mu denneennen a yenhinhim,+ efisɛ nea ɔhyɛɛ bɔ no yɛ ɔnokwafo. 24  Na momma obiara nnwen ne yɔnko ho,* sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan* ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa.+ 25  Na mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam,+ sɛnea ebinom nhyiam no. Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ titiriw, bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.+ 26  Na sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu, na ɛno akyi no yɛboapa tena bɔne mu a,+ bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.+ 27  Mmom nea aka ara ne sɛ yɛde ehu bɛhwɛ atemmu ne abufuhyew a ɛrebɛsɛe asɔretiafo no kwan.+ 28  Obiara a obu Mose mmara no animtiaa no, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so kum no a wonhu no mmɔbɔ.+ 29  Ɛnde obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya+ a wɔde tew ne ho no sɛ adehunu bi, na wayeyaw adom honhom no pɔtɔɔ no, asotwe a ɛbɛba no so de, yɛnka!+ 30  Na yenim Nea ɔkae sɛ: “Me na mitua bɔne so ka;* me ara metua ka” no. Afei nso: “Yehowa* bebu ne nkurɔfo atɛn.”+ 31  Ɛyɛ hu sɛ Onyankopɔn teasefo no bɛtwe obi aso.* 32  Nanso, monkɔ so nkae kan nna a muhuu hann no.+ Saa bere no, mode animia gyinaa ɔko a emu yɛ den ne amanehunu mu. 33  Ɛtɔ da a, na wogu mo anim ase, na wɔteetee mo wɔ baguam.* Ɛtɔ da nso a, na mo ne wɔn a wɔrefa saa haw no mu no bom hu amane.* 34  Na wɔn a wɔda afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigye penee so ma wɔfom mo ahode,+ efisɛ munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so a ɛwɔ hɔ daa.+ 35  Enti monntow mo akokoduru* nnkyene, efisɛ mubenya so akatua kɛse.+ 36  Na ehia sɛ mode animia gyina mu,+ na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no. 37  Efisɛ “aka kakraa bi”+ na “nea ɔreba no abedu, na ɔrenkyɛ.”+ 38  Na “me treneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa,”+ na “sɛ ɔsan n’akyi a, m’ani* rennye ne ho.”+ 39  Yɛn de, yɛnyɛ nnipa a yɛtwe yɛn ho kɔ ɔsɛe mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a yɛwɔ gyidi a egye yɛn* nkwa.

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “nnipa rentumi.”
Anaa “tiboa.”
Nt., “nhoma no nhoma mmobɔwee.”
Anaa “ɔsom adwuma.”
Anaa “ahotoso.”
Nt., “ɔkwan a obuee ano.”
Anaa “wɔde mogya apete.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “wɔ baguam.”
Anaa “bepusuw; bɛtwetwe.”
Anaa “obiara mma n’ani nku ne yɔnko ho; obiara mma ne yɔnko ho nhia no.”
Anaa “Aweredi wɔ me.”
Anaa “Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.”
Nt., “te sɛ nea mowɔ adehwɛbea.”
Anaa “moyɛ wɔn a wɔrefa saa haw no mu no mfɛfo.”
Nt., “ahotoso a mode kasa.”
Anaa “me kra ani.”
Anaa “yɛn kra.”