Yohane Adiyisɛm 11:1-19

  • Adansefo baanu no (1-13)

    • Wobefurafura awerɛhow ntama ahyɛ nkɔm nnafua 1,260 (3)

    • Wobekum wɔn; wɔrensie wɔn (7-10)

    • Wɔde wɔn baa nkwa mu nnansa ne fã akyi (11, 12)

  • Mmusu a ɛto so abien no atwam; mmusu a ɛto so abiɛsa reba (14)

  • Torobɛnto a ɛto so ason no (15-19)

    • Yɛn Awurade ne ne Kristo no Ahenni (15)

    • Wɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no (18)

11  Na wɔde demmire a ɛte sɛ dua tenten*+ bi maa me, na ɔkae sɛ: “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔrefi no kronkronbea ne afɔremuka no ne wɔn a wɔresom wɔ hɔ no.  Na adiwo a ɛwɔ asɔrefi no kronkronbea no akyi no de, twa hɔ gyaw, na nsusuw. Efisɛ wɔde ama amanaman no, na wɔde wɔn nan betiatia kurow kronkron+ no so abosome 42.+  Na mɛma m’adansefo baanu afurafura awerɛhow ntama* ahyɛ nkɔm nnafua 1,260.”  Eyinom na ngodua abien+ ne nkaneadua abien+ no gyina hɔ ma wɔn, na wogyinagyina asaase Wura+ no anim.  Sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom ba bɛhyew wɔn atamfo. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ wokum no.  Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu+ na osu antɔ+ wɔ nna a wɔde hyɛ nkɔm no mu. Wɔwɔ tumi nso wɔ nsu so sɛ wɔbɛma adan mogya+ na wɔde ɔhaw nyinaa bi ahaw asaase bere dodow biara a wɔpɛ.  Sɛ wowie wɔn adansedi no a, akekaboa a obefi amoa donkudonku no mu aba no ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim na wakum wɔn.+  Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, nea honhom mu no wɔfrɛ no Sodom ne Egypt, baabi a wɔbɔɔ wɔn Wura nso asɛndua mu no.  Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne kasa* ne aman no mufo bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fã,+ na wɔremma wɔmfa wɔn afunu ngu amoa* mu. 10  Na wɔn a wɔtete asaase so no bedi wɔn ho ahurusi na wɔagye wɔn ani, na wɔde akyɛde bɛmema wɔn ho, efisɛ adiyifo baanu no maa wɔn a wɔtete asaase so no ho yeraw wɔn. 11  Nnansa ne fã no akyi no, nkwa honhom fi Onyankopɔn hɔ bɛhyɛɛ wɔn mu,+ na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no. 12  Na wɔtee nne kɛse bi fii soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo mmra ha.” Na wɔforo faa omununkum mu kɔɔ soro, na wɔn atamfo huu wɔn.* 13  Saa bere* no mu ara, asaasewosow kɛse bi sii, na kurow no mu nkyekyɛm du mu baako sɛee, na asaasewosow no kunkum nnipa 7,000, na wɔn a aka no bɔɔ hu, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no anuonyam. 14  Mmusu*+ a ɛto so abien no atwam. Hwɛ! Mmusu a ɛto so abiɛsa no reba ntɛm. 15  Ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo+ no Ahenni,+ na obedi hene daa daa.”+ 16  Na mpanyimfo 24+ a wɔtete wɔn nhengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔsom Onyankopɔn, 17  na wɔkae sɛ: “Yɛda wo ase, Yehowa* Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo, wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ efisɛ woafa wo tumi kɛse no na woafi ase redi hene.+ 18  Nanso amanaman no bo fuwii, na w’abufuw bae, na bere a wɔahyɛ no dui sɛ wubu awufo atɛn na wode akatua ma+ wo nkoa adiyifo+ ne akronkronfo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse, na wosɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.”+ 19  Na wobuee Onyankopɔn asɔrefi no kronkronbea a ɛwɔ soro no, na wohuu n’apam adaka no wɔ n’asɔrefi no kronkronbea hɔ.+ Na anyinam paapaee, na ɛnne ne aprannaa ne asaasewosow ne asukɔtweaa kɛse bi bae.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “susudua.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “tɛkrɛma.”
Anaa “ada.”
Anaa “wɔn atamfo ani tua wɔn.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “Due.”