Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo ne Ɔsom Afoforo Bom Yɛ Asɔre Anaa?

Yehowa Adansefo ne Ɔsom Afoforo Bom Yɛ Asɔre Anaa?

 Yehowa Adansefo de, yɛn ani gye ho paa sɛ yɛne nnipa a wɔkɔ asɔre ahorow bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ, nanso yɛne wɔn a wɔne yɛn gyidi nyɛ baako mmom nyɛ asɔre. Bible ka sɛ nokware Kristofo “akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ.” Ade titiriw a ama atumi aba saa ne sɛ yɛn gyidi yɛ baako. (Efesofo 4:16; 1 Korintofo 1:10; Filipifo 2:2) Yɛn nyinaa gye di sɛ ɔdɔ, ayamhyehye, ne fafiri ho hia paa. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa no no. Yɛn gyidi a yɛwɔ no, egyina Bible mu nokware nimdeɛ so. Sɛ ɛnyɛ saa a, anka yɛn gyidi yɛ kwa.​—Romafo 10:2, 3.

 Sɛ ɔsom a ɛsono wɔn mu biara gyidi bom yɛ asɔre a, Bible ka sɛ ɛte sɛ nea wɔretwe kɔndua a ɛmfata. Kɔndua a ɛte saa betumi asɛe Kristoni bi gyidi. (2 Korintofo 6:14-17) Ɛno nti Yesu amma n’akyidifo kwan sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ gyidi afrafra mu. (Mateo 12:30; Yohane 14:6) Saa ara na Onyankopɔn Mmara a wɔnam Mose so de maa tete Israelfo no mu no, ɔbaraa wɔn sɛ wɔne nkurow a atwa wɔn ho ahyia no mmom nsom. (Exodus 34:11-14) Akyiri yi, nkurɔfo bi kae sɛ wɔbɛboa Israelfo, nanso Israelfo anokwafo no annye saa mmoa no. Sɛ wogyei a, anka ɛbɛma wɔde wɔn ho akɔhyɛ gyidi afrafra mu.​—Esra 4:1-3.

Wɔn a wɔkɔ asɔre foforo no, Yehowa Adansefo ne wɔn bɔ Bible mu nkɔmmɔ anaa?

 Aane. Wɔ afe 2023 mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew 1,791,490,713 dii wɔn a wɔkɔ asɔre foforo adanse. Sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no, yɛn nso yɛkɔ asɛnka a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte “nnipa pii” nsusuwii ne wɔn gyidi ase. (1 Korintofo 9:19-22) Sɛ yɛne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ a, Bible afotu a ɛka sɛ yennya “obu a emu dɔ” mma nnipa nyinaa no, yɛde yɛ adwuma.​—1 Petro 3:15.