Yohane Kyerɛwtohɔ 8:12-59

  • Agya no na odi Yesu ho adanse (12-30)

    • Yesu ne “wiase hann” (12)

  • Abraham mma (31-41)

    • “Nokware no beyi mo afi nkoasom mu” (32)

  • Ɔbonsam mma (42-47)

  • Yesu ne Abraham (48-59)

8  12  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Mene wiase hann.+ Obiara a odi m’akyi no rennantew sum mu da, mmom obenya nkwa hann.”+ 13  Enti Farisifo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara na wudi wo ho adanse; w’adanse no nyɛ nokware.” 14  Na Yesu buaa wɔn sɛ: “Sɛ me ara na midi me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim baabi a mifi bae ne baabi a merekɔ.+ Na mo de, munnim baabi a mifi bae ne baabi a merekɔ. 15  Nnipa adwene* na mode bu atɛn;+ me de, mimmu onipa biara atɛn koraa. 16  Na sɛ mibu atɛn mpo a, m’atemmu yɛ nokware, efisɛ ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.+ 17  Afei nso, wɔakyerɛw wɔ mo ara mo Mmara mu sɛ: ‘Nnipa baanu adanse yɛ nokware.’+ 18  Midi me ho adanse, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”+ 19  Na wobisaa no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buae sɛ: “Munnim me, na saa ara nso na munnim m’Agya.+ Sɛ munim me a, anka mubehu m’Agya nso.”+ 20  Bere a ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ no na ɔkaa eyinom wɔ baabi a woyi ntoboa+ no. Nanso obiara ankyere no, efisɛ na ne bere nnya nsoe.+ 21  Enti ɔka kyerɛɛ wɔn bio sɛ: “Merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, nanso mubewu wɔ mo bɔne mu.+ Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.”+ 22  Ɛnna Yudafo no fii ase kae sɛ: “Adɛn, ɔpɛ sɛ okum ne ho anaa? Efisɛ ose, ‘Baabi a merekɔ no, morentumi mma hɔ.’” 23  Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mufi fam; me de, mifi soro.+ Mufi wiase yi mu; me de, mimfi wiase yi mu. 24  Ɛno nti na meka kyerɛɛ mo sɛ: Mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ mene no a, ɛnde mubewu wɔ mo bɔne mu.” 25  Ɛnna wobisaa no sɛ: “Wone hena?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti koraa na me ne mo rekasa? 26  Mewɔ nsɛm pii a ɛsɛ sɛ meka fa mo ho, na mewɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ mibu ho atɛn. Nokwasɛm ni, Nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, na nea mete fii ne nkyɛn no ara na mereka wɔ wiase.”+ 27  Wɔante ase sɛ Agya no ho asɛm na na ɔreka akyerɛ wɔn. 28  Na Yesu kae sɛ: “Sɛ munya ma onipa Ba no so+ a, ɛno na mubehu sɛ mene no,+ na memmɔ me tirim nyɛ biribiara;+ na nea Agya no akyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka. 29  Na Nea ɔsomaa me no ka me ho; wannyaw me nko ara, efisɛ daa meyɛ nea ɛsɔ n’ani.”+ 30  Bere a ɔreka saa nsɛm no, nnipa pii gyee no dii. 31  Na Yesu toaa so ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔagye no adi no sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, 32  na mubehu nokware no,+ na nokware no beyi mo afi nkoasom mu.”*+ 33  Wobuaa no sɛ: “Yɛyɛ Abraham asefo, na yɛnyɛɛ nkoa mmaa obiara da. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Wobeyi mo afi nkoasom mu?”* 34  Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ bɔne akoa.+ 35  Afei nso, akoa nka fie daa; ɔba na ɔka fie daa. 36  Enti sɛ Ɔba no yi mo fi nkoasom mu* a, ɛnde na monyɛ nkoa bio* ampa. 37  Minim sɛ moyɛ Abraham asefo. Nanso morepɛ me akum me, efisɛ munnye me nkyerɛkyerɛ ntom.* 38  Nea mihui bere a mewɔ m’Agya nkyɛn no,+ ɛno na meka; na mo nso, nea moate afi mo agya hɔ no, ɛno na moyɛ.” 39  Wobuaa no sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma+ a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma. 40  Nanso seesei morepɛ me akum me, onipa a maka nokware a mete fii Onyankopɔn nkyɛn akyerɛ mo no.+ Abraham anyɛ eyi. 41  Mo agya nnwuma na moreyɛ.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔanwo yɛn aguamammɔ* mu; yɛwɔ Agya baako, ɔno ne Onyankopɔn.” 42  Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya a, anka mobɛdɔ me,+ efisɛ mifi Onyankopɔn hɔ na aba ha. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ bae, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.+ 43  Adɛn nti na monte nea mereka no ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm. 44  Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya+ no apɛde. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase,+ na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi ɔno ara ne suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.+ 45  Na me de, esiane sɛ meka nokware kyerɛ mo nti, munnye me nni. 46  Mo mu hena na obetumi abu me atɛn sɛ mayɛ bɔne? Sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye me nni? 47  Nea ofi Onyankopɔn no tie Onyankopɔn asɛm.+ Nea enti a muntie ne sɛ, mumfi Onyankopɔn.”+ 48  Ɛnna Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea yɛkae no na ɛda hɔ no, ‘Woyɛ Samariani,+ na wowɔ honhommɔne.’”+ 49  Yesu buae sɛ: “Minni honhommɔne, na mmom midi m’Agya ni, na mo de, mugu m’anim ase.* 50  Nanso menhwehwɛ anuonyam mma me ho;+ Onyankopɔn na ɔpɛ sɛ minya anuonyam, na Ɔno na obu atɛn. 51  Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a obedi m’asɛm so no, ɔrenwu da.”*+ 52  Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Afei paa na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wui, na adiyifo no nso saa ara. Nanso wo de, wuse, ‘Obiara a obedi m’asɛm so no, ɔrenka owu nhwɛ koraa.’ 53  Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no anaa? Adiyifo no nso, wowuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?” 54  Yesu buae sɛ: “Sɛ me ara mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee. Ɛyɛ m’Agya na ɔhyɛ me anuonyam,+ nea moka sɛ ɔyɛ mo Nyankopɔn no. 55  Nanso munnim no,+ na me de, minim no.+ Sɛ meka sɛ minnim no a, na meyɛ ɔtorofo te sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so. 56  Ná mo agya Abraham wɔ anidaso sɛ obehu me da no, na n’ani gyei paa; ohui, na odii ahurusi.”+ 57  Ɛnna Yudafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wunnii mfe 50 mpo na wuse woahu Abraham yi?” 58  Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, ansa na Abraham reba no, na mewɔ hɔ.”+ 59  Ɛno nti, wɔtasee abo sɛ wɔrebɛtotow aboro no; nanso Yesu de ne ho siei, na ofii asɔrefi hɔ kɔe.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Ɔhonam.”
Anaa “bɛma moade mo ho.”
Anaa “Mobɛde mo ho?”
Anaa “moade mo ho.”
Anaa “ma mode mo ho.”
Anaa “m’asɛm nnya nkɔso wɔ mo mu.”
Greek por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mobɔ me ahohora.”
Anaa “ɔrenhu owu koraa.”