Yohane Kyerɛwtohɔ 20:1-31

  • Obiara nni ɔda no mu (1-10)

  • Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene (11-18)

  • Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no (19-23)

  • Toma gyee akyinnye, nanso akyiri yi ogye dii (24-29)

  • Nea enti a wɔkyerɛw nhoma mmobɔwee yi (30, 31)

20  Nnawɔtwe no da a edi kan no, Maria Magdalene kɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu;+ ná anim ntetewee. Na ohui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano dedaw.+  Enti ɔde mmirika kɔɔ Simon Petro ne osuani foforo a Awurade pɛ n’asɛm no+ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afi ɔda no mu,+ na yennim baabi a wɔde no akɔto.”  Ɛnna Petro ne osuani foforo no siim sɛ wɔrekɔ ɔda no so.  Wɔn baanu no fii ase tuu mmirika, nanso na osuani baako no mmirika mu yɛ den sen Petro, enti oduu ɔda no ho kan.  Bere a ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu no, ohui sɛ nwera no gu hɔ,+ nanso wankɔ mu.  Simon Petro nso dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɔda no mu. Na ohui sɛ nwera no gu hɔ.  Ntama a wɔde kyekyeree ne ti no, na ɛnka nwera no ho. Mmom na wɔabobɔw agu nkyɛn baabi.  Afei osuani a oduu ɔda no ho kan no nso kɔɔ mu, na ohui, na ogye dii.  Efisɛ saa bere no, na wonnya ntee kyerɛwsɛm no ase sɛ, ɛsɛ sɛ onyan fi awufo mu.+ 10  Enti asuafo no san kɔɔ wɔn fi. 11  Maria de, na ɔda so ara gyina ɔda no nkyɛn baabi resu. Bere a ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔda no mu. 12  Na ohuu abɔfo baanu+ a wɔhyehyɛ ntaade fitaa sɛ wɔtete baabi a na Yesu amu no da no. Ná ɔbaako te atifi, ɛnna ɔbaako te anaafo. 13  Ɛnna wobisaa no sɛ: “Ɔbea, adɛn nti na woresu?” Ɛnna obuaa wɔn sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na minnim baabi a wɔde no akɔto.” 14  Bere a ɔkaa saa no, ɔdan ne ho, na ohui sɛ Yesu gyina hɔ, nanso na onnim sɛ ɛyɛ Yesu.+ 15  Yesu bisaa no sɛ: “Ɔbea, adɛn nti na woresu? Hena na worehwehwɛ no?” Maria de, na n’adwene yɛ no sɛ ɛyɛ nea ɔhwɛ turom hɔ no. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto na menkɔfa no nkɔ.” 16  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Maria!” Na Maria dan ne ho ka kyerɛɛ no Hebri mu sɛ: “Rabuni!” (ase ne “Ɔkyerɛkyerɛfo!”) 17  Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, efisɛ minnya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom kɔ me nuanom nkyɛn,+ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya+ ne mo Agya, ne me Nyankopɔn+ ne mo Nyankopɔn nkyɛn.’” 18  Maria Magdalene bɛkaa nea asi no kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Mahu Awurade!” Na nea Yesu ka kyerɛɛ no no, ɔka kyerɛɛ wɔn.+ 19  Saa da no, nnawɔtwe no da a edi kan no, na asuafo no ahyiam anwummere. Na Yudafo no ho suro nti, na wɔatoto apon no mu. Nanso Yesu bae begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+ 20  Bere a ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe kyerɛɛ wɔn.+ Na asuafo no dii ahurusi sɛ wɔahu Awurade.+ 21  Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.+ Sɛnea Agya no asoma me no,+ me nso meresoma mo.”+ 22  Bere a ɔkaa saa wiei no, ohuw mframa guu wɔn so, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnye honhom kronkron.+ 23  Obiara a mode ne bɔne bɛkyɛ no no, wɔde bɛkyɛ no; obiara a moamfa ne bɔne ankyɛ no no, wɔremfa nkyɛ no.” 24  Bere a Yesu bae no, na Toma,+ Dumien no mu baako a wɔfrɛ no Ata no, nka wɔn ho. 25  Enti asuafo a aka no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Awurade!” Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ manhu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu, na mamfa me nsa anka ne mfe mu a,+ merennye nni da.” 26  Ne nnawɔtwe akyi no, na asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu bae begyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+ 27  Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam, na fa wo nsa ka me mfe, na gyae akyinnyegye na gye di.” 28  Toma ka kyerɛɛ no sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” 29  Ɛnna Yesu bisaa no sɛ: “Woahu me nti na afei woagye adi yi? Anigye ne wɔn a wonhui nanso wogye di.” 30  Nokwasɛm ni, Yesu san yɛɛ nsɛnkyerɛnne foforo bebree wɔ asuafo no anim a wɔankyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee yi mu.+ 31  Nanso wɔakyerɛw eyinom ato hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. Na esiane sɛ mugye di nti, monam ne din so anya nkwa.+

Ase Hɔ Nsɛm