Deuteronomium 4:1-49

  • Osetie ho hia (1-14)

    • Mommma mo werɛ mmfi Onyankopɔn nnwuma (9)

  • Yehowa mpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho (15-31)

  • Onyame biara nni hɔ sɛ Yehowa (32-40)

  • Guankɔbea nkurow a ɛwɔ Yordan apuei fam (41-43)

  • Ɔde Mmara no maa wɔn (44-49)

4  “O Israel, afei muntie ahyɛde ne atemmusɛm a merekyerɛkyerɛ mo yi na munni so na moanya nkwa,+ na moakɔfa asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.  Ahyɛde a mede rema mo yi, mommfa bi nnka ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.  “Mo ankasa mode mo ani huu nea Yehowa yɛe bere a ebinom kɔsom Baal-Peor no. Yehowa mo Nyankopɔn sɛee obiara a okodii Baal-Peor akyi+ fii mo mu.  Nanso mo a mobataa Yehowa mo Nyankopɔn ho no nyinaa te ase nnɛ.  Hwɛ, ahyɛde ne atemmusɛm+ a Yehowa me Nyankopɔn de maa me no, makyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubedi so wɔ asaase a morekɔfa no so.  Monhwɛ nni so+ efisɛ ɛno bɛma aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa ho asɛm no ahu sɛ mowɔ nyansa+ ne ntease,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛse yi wɔ nyansa ne ntease+ ampa.’  Ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ anyame a wɔbɛn wɔn sɛnea Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn na otie yɛn bere biara a yebesu afrɛ no no?+  Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ ahyɛde ne atemmusɛm a ɛteɛ te sɛ Mmara a mede rema mo nnɛ yi?+  “Ɛno ara ne sɛ momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho* yiye, na mo werɛ amfi nea moahu no, na amfi mo komam mo nkwa nna nyinaa. Afei nso, momfa nkyerɛ mo mma ne mo mmanana.+ 10  Ɛda a mubegyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfo no ano wɔ m’anim na wontie me nsɛm+ na wonsua sɛ wobesuro me,+ nna dodow a wobedi wɔ asaase no so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+ 11  “Enti mubegyinaa bepɔw no ase, na ogya dɛwee wɔ bepɔw no so kɔɔ wim,* na esum ne omununkum kumɔnn bae, na wim yɛɛ kusuu.+ 12  Na Yehowa fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na motee.+ 13  Na ɔde n’apam maa mo,+ na ɔkae sɛ munni so; ɛno ne Mmara Nsɛm Du*+ no. Afei ɔkyerɛw guu abopon abien so.+ 14  Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo ahyɛde ne atemmusɛm a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asaase a morekɔfa no so. 15  “Enti monhwɛ mo ho* yiye, efisɛ da a Yehowa fi ogya mu ne mo kasae wɔ Horeb no, moanhu obiara. 16  Monhwɛ na moanyɛ asobrakye ankɔyɛ ohoni a wɔasen anaa ade biara sɛso. Monnyɛ ɔbarima anaa ɔbea biara sɛso,+ 17  asaase so aboa anaa anomaa a ɔnam wim biara sɛso,+ 18  ade biara a ɛwea wɔ asaase so anaa apataa a ɔwɔ nsu mu wɔ asaase ase biara sɛso.+ 19  Sɛ woma w’ani so hwɛ soro na wuhu owia, ɔsram, ne nsoromma, kyerɛ sɛ, ɔsoro asafo nyinaa a, mma ɛnntwetwe wo mma wonnkɔsom wɔn.+ Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa. 20  Nanso mo na Yehowa ayi mo afi Egypt; oyii mo fii fononoo a wɔde nan dade mu, na moabɛyɛ n’ankasa agyapade+ sɛnea ɛte nnɛ yi. 21  “Moyɛ maa Yehowa bo fuw me,+ na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan no na merenkɔ asaase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapade no so.+ 22  Mewu wɔ asaase yi so. Merentwa Yordan no,+ na mo de, mubetwa akɔfa asaase pa no. 23  Monhwɛ yiye na mo werɛ amfi apam a Yehowa mo Nyankopɔn ne mo ayɛ no,+ na monhwɛ na moankɔyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribiara a Yehowa mo Nyankopɔn abara mo no sɛso.+ 24  Na Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew ade;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.+ 25  “Sɛ motena asaase no so kyɛ na munya mma ne mmanana, na moyɛ asobrakye kɔyɛ ohoni a wɔasen+ anaa biribi sɛso anaa abusude biara wɔ Yehowa mo Nyankopɔn ani so de hyɛ no abufuw a,+ 26  ɛnde ɛnnɛ merema ɔsoro ne asaase ayɛ m’adansefo, na munhu sɛ ɛrenni da bi na mo ase ahyew afi asaase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wɔbɛtɔre mo ase koraa.+ 27  Yehowa bɛbɔ mo ahwete amanaman mu,+ na mo mu kakraa bi na wɔbɛka+ wɔ aman a Yehowa bɛpam mo akɔ so no so. 28  Ɛhɔ na mobɛsom anyame a onipa de ne nsa ayɛ,+ nnua ne abo a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnidi na ɛnte hua biara. 29  “Sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra*+ nyinaa hwehwɛ Yehowa wo Nyankopɔn wɔ hɔ a, ɔkwan biara so wubehu no.+ 30  Sɛ wokɔ ahokyere mu na nsɛm yi nyinaa to wo daakye a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn abetie no.+ 31  Na Yehowa wo Nyankopɔn yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn.+ Ɔrennyaw wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no.+ 32  “Afei kae mmere a atwam a wonnya nwoo wo no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa too asaase so, na bisa mu fi ɔsoro ano kosi ɔsoro ano. Obi ahu adekɛse a ɛte saa anaa obi ate ho asɛm pɛn?+ 33  Nnipa bi ate Onyankopɔn nne wɔ ogya mu, sɛnea wotee no, a wɔda so te ase anaa?+ 34  Anaa woate pɛn sɛ Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde atemmu,* nsɛnkyerɛnne, anwonwade,+ ɔko,+ nsa a ɛyɛ den,+ basa a wateɛ mu, ne nneɛma a ɛyɛ hu+ beyi ɔman bi afi ɔman foforo mu de ne din ato wɔn so sɛnea woahu sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ayɛ ama mo wɔ Egypt no? 35  Mo na wama moahu eyinom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+ 36  Ɔma wotee ne nne fii soro na ɔde teɛɛ wo so. Ɔma wuhuu ne gya kɛse no nso wɔ asaase so, na wotee n’anom asɛm fii ogya mu.+ 37  “Esiane sɛ na ɔdɔ w’agyanom na wapaw wɔn asefo*+ nti, ɔmaa n’ani kuu wo ho de ne tumi kɛse no yii wo fii Egypt. 38  Ɔpam aman a ɛsoso na ɛyɛ den sen wo fii w’anim sɛ bɛtena hɔ, na ɔde wɔn nsaase ama wo sɛ agyapade sɛnea ɔreyɛ nnɛ no.+ 39  Enti ma ɛntena wo komam nnɛ na hu sɛ, Yehowa ne nokware Nyankopɔn wɔ ɔsoro ne asaase so.+ Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.+ 40  Di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wobedi w’akyi aba no yiye daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+ 41  Saa bere no, Mose yii nkurow abiɛsa wɔ Yordan apuei fam.+ 42  Saa nkurow yi baako mu na sɛ obi nsa pa na okum ne yɔnko na ɔnyɛ obi a ɔtan no dedaw a,+ ɛsɛ sɛ oguan kɔ, na wanya nkwa.+ 43  Nkurow no ni: Beser+ a ɛwɔ sare so a ɛda bepɔw so asaase tratraa so no, ɔde maa Rubenfo; Ramot+ a ɛwɔ Gilead no, ɔde maa Gadfo; ɛnna Golan+ a ɛwɔ Basan no nso ɔde maa Manasefo.+ 44  Eyi ne Mmara+ a Mose de maa Israelfo no. 45  Eyi ne nkaesɛm, ahyɛde, ne atemmusɛm a Mose de maa Israelfo bere a wofii Egypt no.+ 46  Saa bere no, na wɔwɔ Yordan mpɔtam hɔ wɔ obon no mu, Bet-Peor anim.+ Ná ɛhɔ yɛ Amorifo hene Sihon a ɔte Hesbon+ no asaase. Ɔno na Mose ne Israelfo kum no bere a wofi Egypt reba no.+ 47  Wɔfaa ɔne Basan hene Og+ nsaase. Eyinom ne Amorifo ahemfo baanu a na wɔwɔ Yordan apuei fam no. 48  Asaase no fi Aroer+ a ɛda Arnon Bon* no ano kosi Siyon Bepɔw a wɔsan frɛ no Hermon+ no ho, 49  ne Araba mantam nyinaa wɔ Yordan apuei fam kosi Araba Po* no ano wɔ Pisga+ mmepɔw ase.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “monhwɛ mo kra.”
Nt., “koduu ɔsoro mfinimfini.”
Nt., “Nsɛm Du.”
Anaa “monhwɛ mo kra.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “sɔhwɛ.”
Nt., “aba.”
Anaa “Subon.”
Kyerɛ sɛ, Nkyene Po, anaa Ɛpo a Awu.