Asomafo Nnwuma 24:1-27

  • Sobo a wɔbɔɔ Paul (1-9)

  • Paul yii n’ano wɔ Felike anim (10-21)

  • Wotuu Paul asɛm no hyɛɛ da mfe abien (22-27)

24  Nnanum akyi no, ɔsɔfo panyin Anania+ ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo* bi a wɔfrɛ no Tertulo bae, na wɔde asɛm a wɔwɔ tia Paul no bɛtoo amrado+ no anim.  Bere a wɔfrɛɛ Tertulo no, ofii ase bɔɔ Paul sobo wɔ Felike anim sɛ: “Wo nti, yɛwɔ asomdwoe kɛse, na esiane sɛ wudwen kɔ akyiri nti, nkɔso pii reba ɔman yi mu,  O Onuonyamfo Felike. Bere biara ne baabiara a yɛwɔ no, yɛde aseda kɛse ka nea woayɛ yi ho asɛm.  Mempɛ sɛ mesɛe wo bere pii, enti mesrɛ wo, w’ayamye nti, tie yɛn kakra.  Yɛahu sɛ ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfo,*+ na otutu gu Yudafo nyinaa asom+ ma wɔtew atua wɔ asaase nyinaa so, na matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nasaretfo no,+ ɔno na odi wɔn anim.  Ɔsan yɛe sɛ obegu asɔrefi no ho fĩ, enti yɛkyeree no.+  *——  Sɛ wo ara wubisa no a, wubehu nneɛma a yɛde abɔ no sobo yi nyinaa mu yiye.”  Ɛnna Yudafo no nso de wɔn ano too mu bi, na wɔkae sɛ nsɛm yi yɛ nokware. 10  Na amrado no bɔɔ ne ti nko kyerɛɛ Paul sɛ ɔnkasa. Enti Paul kae sɛ: “Minim yiye sɛ woayɛ ɔman yi temmufo mfe pii. Enti ɛyɛ me dɛ sɛ merebɛkyerɛkyerɛ m’asɛm mu wɔ w’anim.+ 11  Bɛyɛ nnafua 12 ni na mekɔɔ* Yerusalem kɔsomee;+ wo ara wubetumi abisa mu ahwɛ. 12  Wɔanhu sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔrefi hɔ anaasɛ merekeka nkurɔfo ti bom ama wɔayɛ basabasa wɔ hyiadan mu anaa kurow no mu. 13  Nsɛm a wɔreka ato me so seesei yi nso, wɔrennya ho adanse biara mma wo. 14  Nanso migye tom wɔ w’anim sɛ, nea wɔfrɛ no matew-me-ho kuw no, ɛno ne ɔkwan a menam so som m’agyanom Nyankopɔn,+ efisɛ nea Mmara no ka a wɔakyerɛw wɔ Adiyifo no mu nyinaa,+ migye di. 15  Na mewɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu sɛ bere bi bɛba a atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo+ bɛsɔre afi awufo mu.+ Saa anidaso no ara bi na saa mmarima yi nso wɔ. 16  Ɛno nti, bere nyinaa meyere me ho sɛ mede ahonim pa* bɛbɔ me bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.+ 17  Mfe pii akyi no, mebae sɛ merebɛyɛ me man adɔe,+ na mabɔ afɔre. 18  Bere a mereyɛ eyinom no, wobehuu me wɔ asɔrefi hɔ. Ná madwira me ho,+ na na nnipadɔm anaa basabasayɛ biara nni hɔ. Nanso na Yudafo bi a wofi Asia mantam no mu wɔ hɔ. 19  Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔba w’anim, na sɛ wɔwɔ biribi tia me ampa a, wɔabɛka.+ 20  Wopɛ nso a, mmarima a ɛwɔ ha yi, ma wɔn ara nka bɔne a wohui bere a na migyina Sanhedrin no anim no. 21  Bere a migyina wɔn mu no, asɛm baako yi ara na meteɛɛm kae: ‘Owusɔre a awufo benya no, ɛno nti na ɛnnɛ wɔrebu me atɛn wɔ mo anim yi!’”+ 22  Nanso, esiane sɛ na Felike nim Ɔkwan yi+ ho asɛm yiye nti, otuu nkurɔfo no asɛm no hyɛɛ da, na ɔkae sɛ: “Bere biara a ɔsahene Lisia bɛba no, mebua mo asɛm yi.” 23  Na ɔhyɛɛ ɔsraani panyin no sɛ ɔmfa ɔbarima no nsie, wɔnhwɛ na wɔanteetee no, na sɛ ne nkurɔfo bi ba sɛ wɔrebɛyɛ biribi ama no a, wɔmma wɔn kwan. 24  Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paul bae, na wotiee nea ɔka faa Kristo Yesu mu gyidi ho no.+ 25  Na bere a Paul kaa trenee ne ahohyɛso* ne atemmu a ɛbɛba ho asɛm no,+ ehu kaa Felike, na ɔkae sɛ: “Wo de, kɔ ansa, na minya bere a, mɛsan asoma abɛfrɛ wo.” 26  Saa bere no nyinaa, na n’ani da so sɛ Paul bɛma no sika. Enti na ɔtaa soma kɔfrɛ no ne no bɔ nkɔmmɔ. 27  Mfe abien akyi no, Porkio Festo bedii Felike ade; na esiane sɛ na Felike pɛ sɛ onya Yudafo no anim anuonyam nti,+ ogyaw Paul wɔ afiase.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkyeame.”
Anaa “ogyigyefo.” Nt., “nsanyare a edi awu.”
Anaa “meforo kɔɔ.”
Anaa “ahonim a enni fɔ; tiboa a emmu fɔ.”
Anaa “ahosodi.”