Ɔde Kɔmaa Galatifo 6:1-18

  • Mo ne mo nuanom nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru (1-10)

    • Nea obi dua na otwa (7, 8)

  • Twetiatwa nka hwee (11-16)

    • Abɔde foforo (15)

  • Awiei nsɛm (17, 18)

6  Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomso ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofo a mo ho akokwaw* no, mommɔ mmɔden mfa odwo*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yiye. Nanso monhwɛ mo ho so yiye,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+  Monkɔ so mmoa mo nuanom na mo ne wɔn nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru no.+ Moyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ moredi Kristo mmara+ no so.  Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ obiara a,+ na ɔredaadaa ne ho.  Mmom ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te.+ Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.+  Efisɛ obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.*+  Bio nso, obiara a wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ma ɔne nea ɔkyerɛkyerɛ no no nnya kyɛfa wɔ nneɛma pa nyinaa mu.+  Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wodi ne ho fɛw, efisɛ nea onipa dua no, ɛno ara na otwa;+  nea odua no sɛnea ne honam kyerɛ no no, ɔnam ne honam so betwa porɔwee, na nea odua no sɛnea honhom no kyerɛ no no, ɔnam honhom no so betwa daa nkwa.+  Enti sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa abaw, efisɛ yɛampa abaw* a, bere a ɛsɛ mu, yebenya so akatua.+ 10  Ne saa nti, bere biara a yebenya hokwan* no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no. 11  Monhwɛ sɛ m’ankasa mede nkyerɛwee akɛse akyerɛw krataa yi abrɛ mo. 12  Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nnipa anim* anuonyam no, wɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwa twetia,* na wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo asɛndua* nti, nkurɔfo rentan wɔn ani. 13  Na wɔn a wotwa twetia no ankasa mpo nni Mmara no so,+ nanso wɔpɛ sɛ mutwa twetia sɛnea ɛbɛyɛ a mo nipadua nti, wɔbɛhoahoa wɔn ho. 14  Nanso me de, mempɛ sɛ mede biribiara hoahoa me ho, gye sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asɛndua.*+ Ne nti m’ani so no, wiase no awu,* na wiase no ani so no, me nso mawu. 15  Na sɛ obi twa twetia oo, wantwa twetia oo, emu biara nka hwee;+ nea ehia ne abɔde foforo.+ 16  Na wɔn a wɔnam saa kwan yi so bɔ wɔn bra yiye no, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn Israel+ no, asomdwoe ne mmɔborɔhunu nka wɔn nyinaa. 17  Efi saa bere yi rekɔ, mma obiara nnhaw m’adwene, efisɛ manya ahyɛnsode wɔ me honam mu a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu akoa.+ 18  Anuanom, bere a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho. Amen.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “honhom mufo.”
Anaa “odwo honhom.”
Anaa “asɛde a ɛda no so.”
Anaa “yɛammrɛ.”
Anaa “bere a ɛfata.”
Anaa “ɔhonam mu.”
Anaa “moatwa mo dua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔabɔ wiase no asɛndua mu.”