Mateo Asɛmpa 24:1-51

  • KRISTO MMAE HO NSƐNKYERƐNNE (1-51)

    • Akokoakoko, ɔkɔm, asaasewosow (7)

    • Wɔbɛka asɛmpa no (14)

    • Ahohiahia kɛse no (21, 22)

    • Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne no (30)

    • Borɔdɔma dua ho mfatoho no (32-34)

    • Ɛbɛyɛ sɛ Noa nna no (37-39)

    • Monkɔ so nwɛn (42-44)

    • Akoa nokwafo ne akoa bɔne (45-51)

24  Bere a Yesu fii asɔrefi hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛkyerɛɛ no adan a ɛwɔ asɔrefi hɔ no.  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahu eyinom nyinaa? Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ ade a wobegyaw ɔbo a ɛda ɔbo so wɔ ha; wobedwiriw ne nyinaa agu fam.”+  Bere a ɔte Ngodua Bepɔw* so no, asuafo no baa ne nkyɛn kokoam bɛkae sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae*+ ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi* awiei bere no du a, dɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?”+  Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: “Monhwɛ yiye na obiara annaadaa mo,+  efisɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene Kristo no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree.+  Mobɛte ɔko, ne ɔko ho nsɛm.* Monhwɛ na moammɔ hu, efisɛ ɛsɛ sɛ eyinom sisi, nanso na awiei no nnya nnui.+  “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni,+ na ɔkɔm+ ne asaasewosow bɛba mmeaemmeae.+  Eyinom nyinaa yɛ awo mu yaw* mfiase.  “Na nkurɔfo bɛteetee mo*+ na wɔakum mo,+ na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.+ 10  Afei nso, nnipa bebree gyidi bɛsa,* na wobeyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. 11  Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa nnipa pii;+ 12  na amumɔyɛ* a ɛbɛdɔɔso nti, nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo. 13  Na nea obemia n’ani agyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.+ 14  Na wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse;+ ɛno ansa na awiei no bɛba. 15  “Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kaa ho asɛm no sɛ egyina kronkronbea hɔ a+ (ma nea ɔkenkan no mfa nhumu nyɛ adwuma), 16  ɛnde wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.+ 17  Mma nea ɔwɔ ɔdan atifi no nnsi fam mmmɛfa ne nneɛma wɔ ne fi, 18  na mma nea ɔwɔ afuw mu no nnsan mmma sɛ ɔrebɛfa n’ataade nguguso. 19  Saa nna no mu no, mmea a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufu nnue! 20  Monkɔ so mmɔ mpae na bere a mode beguan no ansi awɔw bere mu anaa Homeda, 21  efisɛ ahohiahia kɛse+ a efi wiase mfiase besi nnɛ, ebi mmae da, na ebi nso remma bio bɛba.+ 22  Nokwarem no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wobegye no nkwa; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti, wobetwa nna no so.+ 23  “Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo no wɔ ha,’+ anaa ‘Ɛhɔ!’ a, munnnye nnni.+ 24  Na atoro Kristo ne atoro adiyifo bɛsɔre,+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade de adaadaa nkurɔfo,+ na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔadaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no mpo. 25  Hwɛ! madi kan abɔ mo kɔkɔ. 26  Enti sɛ nkurɔfo ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ sare so’ a, monnkɔ; wɔka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ dan mu’ a, munnnye nnni.+ 27  Na sɛnea anyinam pae fi apuei na ɛhyerɛn kɔ atɔe no, saa ara na onipa Ba no mmae* bɛyɛ.+ 28  Baabiara a efunu wɔ no, ɛhɔ na akɔre bɛboaboa wɔn ho ano.+ 29  “Ahohiahia a ɛbɛba saa nna no mu akyi pɛɛ no, owia beduru sum,+ na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma befi soro ahwehwe fam, na wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.+ 30  Na onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asaase so mmusuakuw nyinaa bedi awerɛhow,+ na wobehu sɛ onipa Ba+ no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.+ 31  Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto nnyigyei kɛse aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi ɔsoro ano akosi ano noho.+ 32  “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ enya fefɛw na eyiyi nhaban ara pɛ a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn.+ 33  Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ wabɛn, na wadu pon ano.+ 34  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, saa awo ntoatoaso yi rentwam da kosi sɛ eyinom nyinaa bɛba mu. 35  Ɔsoro ne asaase betwam, nanso me nsɛm de, ɛrentwam da.+ 36  “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de, obiara nnim,+ ɔsoro abɔfo ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko ara.+ 37  Na sɛnea na Noa nna no te no,+ saa ara na onipa Ba no mmae* bɛyɛ.+ 38  Nna a edii Nsuyiri no anim no, wodidii na wɔnomee, mmarima warewaree, na wɔde mmea memaa aware kosii da a Noa kɔɔ adaka no mu,+ 39  na wɔanhu kosii sɛ Nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.+ Saa ara na onipa Ba no mmae nso bɛyɛ. 40  Ɛnna mmarima baanu bɛkɔ afuw mu; wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako. 41  Mmea baanu bɛyam ade wɔ ɔbo* so; wɔbɛfa ɔbaako akɔ na wɔagyaw ɔbaako.+ 42  Enti monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.+ 43  “Na munhu eyi: Sɛ ofiwura nim bere ko a ɔkorɔmfo bɛba anadwo a,+ anka ɔwɛnee na wannya kwan ammebu ne fi amma mu.+ 44  Eyi nti, mo nso monyɛ krado,*+ efisɛ bere* a monhwɛ kwan na onipa Ba no bɛba. 45  “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma* a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?+ 46  Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔreyɛ saa!+ 47  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so. 48  “Nanso sɛ saa akoa bɔne no ka no ne komam sɛ, ‘Me wura akyɛ,’+ 49  na sɛ ofi ase hwe ne mfɛfo nkoa no, na ɔne akɔwensafo didi nom nsã a, 50  saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ kwan ne bere* a onnim,+ 51  na ɔbɛtwe n’aso denneennen, na ɔde no aka nyaatwomfo ho. Ɛhɔ na obesu na waka ne se asi so denneennen.*+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Ngo Bepɔw.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “amanneɛbɔ.”
Anaa “awoko yaw.”
Nt., “nkurɔfo beyi mo ama ahohia.”
Anaa “nnipa bebree behintiw.”
Nt., “mmarato.” Ɛkyerɛ Onyankopɔn mmara a wɔmfa nyɛ hwee.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “owiyammo.”
Anaa “munsiesie mo ho nto hɔ.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “onyansafo.”
Anaa “dɔn.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.