Yakobo Nhoma No 2:1-26

  • Animhwɛ yɛ bɔne (1-13)

    • Ɔdɔ yɛ mmara kunini (8)

  • Gyidi a nnwuma nka ho awu (14-26)

    • Ahonhommɔne gye di na wɔn ho popo (19)

    • Wɔfrɛɛ Abraham Yehowa adamfo (23)

2  Me nuanom, gyidi a yɛwɔ wɔ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn anuonyam mu no, mode animhwɛ na ekura mu anaa?+  Yɛmfa no sɛ obi a sika kɔkɔɔ mpɛtea hyehyɛ ne nsa na ɔhyɛ ataade fɛfɛ aba baabi a moahyia, na ohiani bi nso a ɔhyɛ ataade fĩ aba hɔ.  Sɛ motew mo anim hwɛ nea ɔhyɛ ataade fɛfɛ no ka kyerɛ no sɛ: “Bɛtena baabi pa,” na ohiani no de, moka kyerɛ no sɛ, “Gyina hɔ,” anaa “Tena agua a me nan sisi so yi nkyɛn” a,+  ɛno nkyerɛ sɛ muyiyi nnipa mu,+ na moabɛyɛ atemmufo a mubu atɛnkyea+ anaa?  Me nuanom adɔfo, muntie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafo na Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefo wɔ gyidi mu?+ Na ɛnyɛ wɔn na wɔayɛ wɔn adedifo* wɔ Ahenni a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔdɔ no+ no mu anaa?  Nanso mubu ahiafo animtiaa. Ɛnyɛ adefo na wɔhyɛ mo so+ na wɔtwe mo kɔ asɛnnibea?  Din pa a Onyankopɔn de ama mo no, ɛnyɛ wɔn na wɔka ho asɛmmɔne?  Enti mmara kunini* a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ mudi so a, na morebɔ mmɔden paa.  Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara no bu mo fɔ* sɛ moyɛ mmaratofo.+ 10  Sɛ obi di Mmara no nyinaa so na obu emu asɛm baako so a, wadi ne nyinaa ho fɔ.+ 11  Efisɛ nea ɔkae sɛ: “Nsɛe aware”+ no, ɔno ara na ɔkae sɛ: “Nni awu.”+ Enti sɛ woansɛe aware nanso wudi awu a, woato mmara. 12  Monkɔ so mma mo kasa ne mo nneyɛe nkyerɛ sɛ moade mo ho, na wɔde nnipa a wɔade wɔn ho mmara*+ na ebebu mo atɛn. 13  Na nea onhu nnipa mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ wɔ atemmu mu.+ Mmɔborɔhunu tumi di nkonim wɔ atemmu so. 14  Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidi nanso nnwuma nka ho a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ Saa gyidi no betumi agye no nkwa?+ 15  Sɛ onuabarima anaa onuabea bi nni ataade a ɔbɛhyɛ* ne aduan a ɛbɛso no da no mpo, 16  na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,” na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ 17  Saa ara na gyidi nso te; sɛ nnwuma nka ho a, na awu.+ 18  Nanso obi bɛka sɛ: “Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nka ho no, na me nso memfa me nnwuma nkyerɛ wo me gyidi.” 19  Wugye di sɛ Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ? Eye paa. Ahonhommɔne* nso gye di na wɔn ho popo.+ 20  O onipa a wunni ntease, wunnim sɛ gyidi a nnwuma nka ho yɛ gyidi hunu? 21  Ɛnyɛ nnwuma so na wɔnam buu yɛn agya Abraham bem bere a ɔde ne ba Isak kɔtoo afɔremuka so sɛ ɔde no rebɔ afɔre no?+ 22  Wo ara wunim sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidi no ho, na nnwuma na ɛmaa ne gyidi wiee pɛyɛ,+ 23  na kyerɛwsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa* dii, na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni,”+ na ɛma wɔfrɛɛ no Yehowa* adamfo.+ 24  Moahu sɛ wɔnam nnwuma so na ebu onipa bem, na ɛnyɛ gyidi nkutoo so. 25  Tuutuuni Rahab nso, bere a ogyee mmarima a wɔsomaa wɔn no kama na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no, ɛnkyerɛ sɛ nnwuma so na wɔnam buu no bem anaa?+ 26  Ampa, sɛnea nipadua a honhom* nnim awu+ no, saa ara na gyidi a nnwuma nka ho awu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “adehye.”
Anaa “mmara a edi hene.”
Anaa “kasa kyerɛ mo.”
Nt., “ahofadi mmara.”
Nt., “da adagyaw.”
Anaa “Adaemone.”
Anaa “ahome.”