Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo 6:1-18

  • Ɛnsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn adom yɛ ɔkwa (1, 2)

  • Nea Paul faa mu wɔ ne som adwuma mu (3-13)

  • Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro (14-18)

6  Bere a yɛne no abom reyɛ adwuma+ yi, yetu mo fo bio sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma ɛnnyɛ ɔkwa.+  Na ɔka sɛ: “Bere a ɛfata mu na mitiee wo; nkwagye da na meboaa wo.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom bere. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagye da.  Yɛnto hintidua wɔ biribiara mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya yɛn som adwuma no ho asɛm biara;+  na mmom ade nyinaa mu, yedi yɛn ho adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo:+ Yemia yɛn ani fa nneɛma pii mu, amanehunu mu, ohia mu, ahokyere mu,+  ɔhwe mu, afiasenna+ mu, basabasayɛ mu, adwumaden mu, yɛda a yɛnna, ɛtɔ da a yennya aduan nni;+  ahotew mu, nimdeɛ mu, abotare*+ mu, ayamye+ mu, honhom kronkron mu, ɔdɔ a nyaatwom nnim mu,+  nsɛm a yɛka a ɛyɛ nokware mu, Onyankopɔn tumi+ mu; yɛnam trenee akode+ a ɛwɔ yɛn nsa nifa mu* ne yɛn nsa benkum mu* so,  yɛnam anuonyam ne animguase so, yɛnam asɛmmɔne ne asɛmpa so. Wobu yɛn sɛ nnaadaafo, nanso yɛyɛ anokwafo;  wobu yɛn sɛ nnipa a wonnim yɛn, nanso wonim yɛn paa; wobu yɛn sɛ nnipa a yɛrewu,* nanso hwɛ! yɛte ase;+ wobu yɛn sɛ nnipa a wɔatwe yɛn aso,* nanso wonkum yɛn;+ 10  wobu yɛn sɛ nnipa a wɔredi awerɛhow, nanso yɛn ani gye daa; wobu yɛn sɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa pii yɛ adefo; wobu yɛn sɛ nnipa a wonni hwee, nanso yɛwɔ nneɛma nyinaa.+ 11  Korintofo, yɛabue yɛn ano akasa akyerɛ mo,* na yɛabue yɛn komam kɛse. 12  Yɛn de, yɛada yɛn dɔ nyinaa adi akyerɛ mo,*+ nanso mo de, monnaa mo dɔ nyinaa adi nkyerɛɛ yɛn. 13  Enti mekasa kyerɛ mo sɛ me mma. Sɛnea yɛayɛ ama mo no, mo nso, mummue mo komam kɛse.*+ 14  Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua* koro.+ Na ayɔnkofa bɛn na trenee ne bɔne* wɔ?+ Anaa kyɛfa bɛn na hann ne sum wɔ?+ 15  Afei nso, abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial* wɔ?+ Anaasɛ dɛn na gyidini* ne nea onnye nni wɔ yɛ?*+ 16  Na baakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?+ Efisɛ yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefi,+ sɛnea Onyankopɔn kae no. Ɔkae sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+ 17  “‘Enti mumfi wɔn mu, na montwe mo ho,’ Yehowa* asɛm ni, ‘na munnyae sɛ mode mo nsa ka nea ɛho ntew no’”;+ “‘na megye mo.’”+ 18  “‘Na mɛyɛ mo agya,+ na mo nso mobɛyɛ me mma mmarima ne me mma mmea,’+ ade nyinaa so Tumfo Yehowa* na waka.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “abodwokyɛre.”
Ebia ɛno na wɔde bɔ wɔn ho ban.
Ebia ɛno na wɔde ko.
Anaa “yɛfata owu.”
Anaa “wɔateɛ yɛn so.”
Anaa “yɛaka nea ɛsɛ sɛ yɛka biara akyerɛ mo.”
Anaa “yensiw mo kwan yɛn komam.”
Anaa “mo nso montrɛw mo komam.”
Greek asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no, ɛkyerɛ sɛ, wɔn a wɔretwe kɔndua no, wɔn ahoɔden ne wɔn tenten nyɛ pɛ.
Anaa “mmarato.”
Anaa “ɔnokwafo.”
Anaa “kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ?”
Efi Hebri asɛmfua bi mu. Ɛkyerɛ “Obi a Ne So Nni Mfaso Biara.” Wɔde ka Satan ho asɛm.