Ɔde Kɔmaa Efesofo 5:1-33

  • Kasa a ɛho tew ne abrabɔ pa (1-5)

  • Monnantew sɛ hann mma (6-14)

  • Momma honhom no nhyɛ mo ma (15-20)

    • Momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia (16)

  • Afotu a ɛkɔ ma okununom ne ɔyerenom (21-33)

5  Enti munsuasua Onyankopɔn,+ efisɛ moyɛ ne mma a ɔdɔ mo,  na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu+ sɛnea Kristo nso dɔɔ yɛn*+ na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn* no; ɔde ne ho yɛɛ ayɛyɛde ne afɔre huamhuam maa Onyankopɔn.+  Aguamammɔ* ne ɔbra fĩ* biara anaa adifudepɛ* de, mommma wɔmmmɔ so mpo wɔ mo mu,+ efisɛ ɛmfata nnipa kronkron;+  ɛmfata nso sɛ aniwude, ahuhusɛm anaa nsɛnkwaa a kasafĩ wom+ kɔ so wɔ mo mu. Mmom no, momfa aseda mma Onyankopɔn.+  Na munim eyi, na mo ara mugye tom sɛ, oguamammɔfo* biara+ anaa obi a ɔde ne ho hyɛ ɔbra fĩ* mu anaa odifudepɛfo biara,+ kyerɛ sɛ, ɔbosonsonni, rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni mu.+  Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo, na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw reba asoɔden mma so.  Enti monhwɛ na moankodi wɔn akyi;  na kan no na moyɛ sum, nanso afei de moyɛ hann,+ efisɛ moyɛ Awurade dea.+ Monkɔ so nnantew sɛ hann mma,  efisɛ aba a hann sow ne papayɛ, trenee, ne nokware nyinaa.+ 10  Monhwɛ nhu sɛ nea moyɛ nyinaa sɔ Awurade ani;+ 11  nnwuma funu a wɔyɛ wɔ sum mu no, ɛnsɛ sɛ mode mo ho hyɛ mu,+ na mmom mompa ho ntama. 12  Nneɛma a wɔyɛ wɔ sum ase no, ɛyɛ aniwu mpo sɛ yɛbɛka ho asɛm. 13  Na nneɛma a wɔma ɛda adi* nyinaa, hann na ɛma ɛda adi, efisɛ biribiara a wɔda no adi no yɛ hann. 14  Enti Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “O wo a woada, sɔre, na nyan fi owu mu,+ na Kristo bɛma woahu hann.”+ 15  Enti monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, 16  na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia,*+ efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. 17  Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monkɔ so mpɛɛpɛɛ mu nhu Yehowa* apɛde.+ 18  Afei nso, mommmow nsã,*+ efisɛ ɛma nnipa yɛ basabasa; mmom monkɔ so mma honhom no nhyɛ mo ma. 19  Obiara mfa nnwonto ne ayeyi ne nnwom kronkron nkasa nkyerɛ ne yɔnko,* na monto nnwom+ na munyi Yehowa* ayɛ+ mo koma mu.+ 20  Daa monna yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya ase+ biribiara mu wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.+ 21  Esiane sɛ musuro Kristo nti, obiara mmrɛ ne ho ase mma ne yɔnko.+ 22  Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom+ te sɛ nea moreyɛ ama Awurade, 23  efisɛ ɔyere ti ne ne kunu,+ sɛnea asafo no ti ne Kristo+ no; ɔno ne nipadua yi agyenkwa. 24  Enti sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɔyerenom nso nyɛ mma wɔn kununom wɔ biribiara mu. 25  Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom+ sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne nkwa too hɔ maa asafo no,+ 26  sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde asɛm no bɛyɛ nsu ahohoro asafo no ho atew ho.+ 27  Ɛno bɛma asafo no ho aba nyam wɔ n’ani so, a nkekae anaa mpomponoe anaa biribiara saa nni ho,+ na mmom ayɛ kronkron a dɛm biara nni ho.+ 28  Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, 29  na onipa biara ntan n’ankasa nipadua;* mmom ɔhwɛ so yiye na n’ani ku ho sɛnea Kristo nso yɛ asafo no, 30  efisɛ yɛyɛ ne nipadua akwaa.+ 31  “Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata* ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.”+ 32  Ahintasɛm kronkron+ yi so. Nea mereka ho asɛm yi fa Kristo ne asafo no ho.+ 33  Nanso mo mu biara nnɔ ne yere+ sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “mo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “mo.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afide.”
Anaa “anibere.”
Anaa “afide.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”
Anaa “wɔka ho asɛm.”
Nt., “montɔ bere a mubenya biara.”
Anaa “bobesa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ne ho.”
Nt., “honam.”
Anaa “akɔfam.”