Yohane Adiyisɛm 5:1-14

  • Nhoma mmobɔwee a wɔde ahyɛnsode ason atetare ano (1-5)

  • Oguammaa no gyee nhoma mmobɔwee no (6-8)

  • Oguammaa no fata sɛ ɔtetew ahyɛnsode no (9-14)

5  Na mihuu nhoma mmobɔwee bi wɔ Nea ɔte ahengua no so+ no nsa nifa mu. Ná wɔakyerɛw anim ne akyi, na na wɔde ahyɛnsode ason atetare ano denneennen.  Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse reteɛm sɛ: “Hena na ɔfata sɛ ɔtetew ahyɛnsode a ɛtetare nhoma no ano no, na obue mu?”  Nanso ɔsoro oo, asaase so oo, asaase ase oo, obiara nni hɔ a na obetumi abue nhoma mmobɔwee no mu anaa obetumi ahwɛ mu.  Na misui paa, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma mmobɔwee no mu anaa ɔhwɛ mu.  Ɛnna mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusuakuw mu Gyata,+ Dawid+ ntini+ no, wadi nkonim,+ enti obetumi atetew nhoma mmobɔwee no ahyɛnsode ason no na wabue mu.”    Na mihuu oguammaa+ bi a ayɛ sɛ nea wɔakum no+ a ogyina ahengua no ne ateasefo* baanan no ne mpanyimfo no mfinimfini.+ Ná ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason. Aniwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason+ a wɔasoma wɔn asaase nyinaa so no.  Ntɛm ara na oguammaa no baa anim, na ogyee nhoma mmobɔwee no fii Nea ɔte ahengua no so no+ nsa nifa mu.  Na bere a ogyee nhoma mmobɔwee no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo 24 no+ butubutuw fam wɔ Oguammaa no anim. Ná wɔn mu biara kura sanku ne sika kɔkɔɔ nkankyee a aduhuam ayɛ no ma. (Aduhuam no gyina hɔ ma akronkronfo no mpaebɔ.)+  Na wɔtoo dwom foforo+ sɛ: “Wofata sɛ wugye nhoma mmobɔwee no na wotetew n’ahyɛnsode no, efisɛ wokum wo na wode wo mogya tɔɔ nnipa+ fii abusua ne kasa* ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+ 10  na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfo maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.”+ 11  Afei mihuu abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho ahyia, na metee wɔn nne nso. Ná wɔn dodow yɛ mpem dudu ahorow mpem dudu ne mpempem bebree,+ 12  na na wɔde nne kɛse reka sɛ: “Oguammaa a wokum no+ no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.”+ 13  Na metee sɛ abɔde biara a ɛwɔ soro ne asaase so ne asaase ase+ ne po mu, ne nea ɛwom nyinaa reka sɛ: “Nhyira ne nidi+ ne anuonyam ne ahoɔden nka Nea ɔte ahengua no so+ no ne Oguammaa no+ daa daa.”+ 14  Na ateasefo baanan no kae sɛ: “Amen!” na mpanyimfo no butubutuw fam, na wɔsomee.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.
Nt., “tɛkrɛma.”