Mateo Asɛmpa 22:1-46

  • Ayeforohyia apontow ho mfatoho no (1-14)

  • Onyankopɔn ne Kaesare (15-22)

  • Owusɔre ho asɛmmisa (23-33)

  • Ahyɛde abien a ɛho hia paa (34-40)

  • Kristo no yɛ Dawid ba anaa? (41-46)

22  Yesu de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ:  “Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtow pon maa ne babarima a ɔrehyia ayeforo.+  Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforohyia apontow no ase, nanso na wɔmpɛ sɛ wɔba.+  Ɔsan somaa nkoa foforo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduan, makum m’anantwi ne me nyɛmmoa a wɔadɔ srade, na mawie biribiara. Mommra ayeforohyia apontow no ase.”’  Nanso wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ammua, na obiara kɔɔ ne baabi; ɔbaako kɔɔ n’afuw mu, ɔfoforo kodii ne gua,+  na wɔn a wɔaka no kyeree nkoa no dwoodwoo wɔn, na wokunkum wɔn.  “Na ɔhene no bo fuwii, na ɔsomaa n’asraafo ma wokokunkum awudifo no, na wɔhyew wɔn kurow.+  Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Ayeforohyia apontow no adu so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata.+  Enti monkɔ kurow no akwantempɔn so, na obiara a mubehu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforohyia apontow no ase.’+ 10  Ɛnna nkoa no kɔɔ akwantempɔn no so, na wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wohuu wɔn, abɔnefo ne apapafo nyinaa. Na nnipa a na wɔredidi* no yɛɛ ayeforohyia dan no mã. 11  “Bere a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔho no, ohuu obi wɔ hɔ a ɔnhyɛ ataade a wɔde kɔ ayeforo. 12  Enti obisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ataade a yɛde kɔ ayeforo yi?’ Afei na ontumi nkasa. 13  Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa, na montow no nkyene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na obesu na waka ne se asi so denneennen.’* 14  “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no yɛ kakraa bi.” 15  Afei Farisifo no kɔbɔɔ pɔw, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 16  Enti wɔsomaa wɔn asuafo ne Herode akyidifo+ kɔɔ ne nkyɛn kɔkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woka nokware na nea wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokware; wonhwehwɛ obiara anim anuonyam, efisɛ wonhwɛ nnipa anim. 17  Enti ka kyerɛ yɛn, wudwen ho dɛn? Mmara ma kwan* sɛ wotua tow ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 18  Nanso esiane sɛ na Yesu ahu wɔn adwemmɔne no nti, ɔkae sɛ: “Nyaatwomfo, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? 19  Momfa tow sika no bi mmɛkyerɛ me.” Na wɔde denare* brɛɛ no. 20  Na obisaa wɔn sɛ: “Hena mfoni ne ne nkyerɛwee ni?” 21  Wɔkae sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnde muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”+ 22  Bere a wɔtee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wogyaw no hɔ kɔe. 23  Saa da no, Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wobisaa no sɛ:+ 24  “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi wu na sɛ onni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25  Ná yɛne anuanom baason* na ɛwɔ ha; nea odi kan no waree na owui, na esiane sɛ na onni ba nti, ogyaw ne yere no maa ne nua. 26  Asɛm koro no ara na ɛtoo nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa no, kosii nea ɔto so ason no so. 27  Awiei koraa no, ɔbea no wui. 28  Enti owusɔre mu no, nnipa baason no mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no bi.” 29  Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomso, efisɛ munnim Kyerɛwnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi;+ 30  owusɔre mu no, mmarima renware, na wɔremfa mmea nso mma aware, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro.+ 31  Ɛdefa owusɔre ho no, monkenkan nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no? Ɔkae sɛ: 32  ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de.”+ 33  Bere a nnipadɔm no tee saa no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwonwa.+ 34  Bere a Farisifo no tee sɛ wama Sadukifo no aka wɔn ano atom no, wɔboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. 35  Na wɔn mu baako a onim Mmara no yiye bisaa no asɛm de sɔɔ no hwɛe. Obisaa no sɛ: 36  “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛho hia paa?”+ 37  Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 38  Eyi ne ahyɛde a ɛho hia paa, ne nea edi kan. 39  Nea ɛto so abien a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ 40  Mmara no nyinaa ne Adiyifo no gyina ahyɛde abien yi so.”+ 41  Bere a na Farisifo no aboa wɔn ho ano no, Yesu bisaa wɔn sɛ:+ 42  “Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid.”+ 43  Obisaa wɔn sɛ: “Ɛnde adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kae sɛ, 44  ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+ 45  Enti sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+ 46  Na obiara antumi anyi no ano, na efi saa da no, obiara antumi ammisa no hwee bio.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn a wɔtete ɔpon ho.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw, na ne ho yeraw no.
Anaa “Ɛfata.”
Anaa “ɛmfata.”
Kyerɛ sɛ, mmarima baason.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.