Ɔsɛnkafo 9:1-18

  • Awiei koro na ɛwɔ hɔ ma obiara (1-3)

  • Owu wɔ hɔ de, nanso gye w’ani (4-12)

    • Awufo nnim biribiara (5)

    • Worentumi nyɛ hwee wɔ Ɔdamoa mu (10)

    • Asiane to wɔn nyinaa (11)

  • Ɛnyɛ daa na nkurɔfo hu nyansa so mfaso (13-18)

9  Enti mede eyi nyinaa hyɛɛ me komam, na mihui sɛ atreneefo ne anyansafo ne wɔn nnwuma wɔ nokware Nyankopɔn no nsam.+ Nnipa nnim ɔdɔ ne ɔtan a na ɛwɔ hɔ ansa na wɔreba.  Awiei koro no ara na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa,+ ɔtreneeni ne ɔbɔnefo,+ apapafo ne wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ afɔre. Apapafo ne abɔnefo nyinaa yɛ pɛ; nea ɔka ntam ne nea osuro sɛ ɔbɛka ntam nso yɛ pɛ.  Eyi ne ahometesɛm a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛne sɛ: Esiane sɛ awiei koro na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa nti,+ bɔne ahyɛ nnipa koma ma. Na wɔn nkwa nna nyinaa, abɔdamsɛm wɔ wɔn komam, na afei wowu!*  Anidaso wɔ hɔ ma obiara a ɔka ateasefo ho, efisɛ ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.+  Na ateasefo nim sɛ wobewuwu,+ na awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+  Afei nso, wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ahoɔyaw* oo, ayera dedaw, na nea wɔyɛ wɔ wiase biara, wonni mu kyɛfa bio.+  Kɔ, fa anigye kodi w’aduan, na fa anigye koma nom wo nsã,*+ efisɛ nokware Nyankopɔn no ani asɔ wo nnwuma dedaw.+  Ma wo ntaade nyɛ fitaa* bere nyinaa, na mma wo werɛ mmfi sɛ wode ngo begu wo tirim.+  Wo ne wo yere a wodɔ no nnye mo ani,+ wo nkwa nna a mfaso biara nni so a Onyankopɔn de ama wo wɔ wiase, ɔbrɛgu nna no nyinaa mu. Efisɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu ne adwumaden a wobrɛ yɛe wɔ wiase no nyinaa mu.+ 10  Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa* mu+ a worekɔ no. 11  Mahu biribi foforo nso wɔ wiase. Ɛne sɛ, ɛnyɛ daa na ahoɔharefo di nkonim wɔ mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu,+ na ɛnyɛ daa na anyansafo nya aduan, na ɛnyɛ daa na wɔn a wɔn adwenem dɔ nya ahode,+ na ɛnyɛ daa na esi animdefo yiye;+ efisɛ asiane* to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan. 12  Na onipa nnim ne bere.+ Sɛnea asau bɔne yi mpataa na afiri yi nnomaa no, saa ara na asiane* to nnipa mma prɛko pɛ, na eyi wɔn sɛ afiri. 13  Mihuu eyi nso wɔ nyansa ho wɔ wiase, na ɛyɛɛ me nwonwa. 14  Ɛne sɛ, na kurow ketewa bi wɔ hɔ a emu mmarima yɛ kakraa bi. Na ɔhenkɛse bi baa kurow no so betwaa ho hyiae, na ɔtoo akoban* akɛse faa ho nyinaa. 15  Ná ohiani bi wɔ kurom hɔ a onim nyansa, na ɔde ne nyansa twitwa gyee kurow no. Nanso obiara ankae ohiani no.+ 16  Ɛnna mekae sɛ: ‘Nyansa ye sen tumi;+ nanso nnipa bu ohiani nyansa animtiaa, na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee.’+ 17  Eye sɛ wubetie anyansafo nsɛm a wɔka no brɛoo sen sɛ wubetie nkwaseafo hene nteɛteɛm. 18  Nyansa ye sen akode, nanso ɔbɔnefo baako pɛ betumi asɛe adepa bebree.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɛno akyi no, wɔkɔ awufo nkyɛn!”
Anaa “ninkuntwe.”
Anaa “bobesa.”
Kyerɛ sɛ, ataade a ani da hɔ a wɔhyɛ no anigye da. Ɛnyɛ ataade a wɔde di awerɛhow.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “biribi a wɔnhwɛ kwan.”
Anaa “bere bɔne.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.