Yohane Adiyisɛm 14:1-20

  • Oguammaa no ne 144,000 no (1-5)

  • Nsɛm a efi abɔfo baasa hɔ (6-12)

    • Ɔbɔfo a watu nam wim a okura asɛmpa (6, 7)

  • Anigye ne wɔn a wowu wɔ Kristo mu (13)

  • Wotwaa asaase so nnɔbae mprenu (14-20)

14  Na mihui, na hwɛ! Oguammaa+ no gyina Sion Bepɔw+ so, na 144,000+ a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din+ wɔ wɔn moma so no ka ne ho.  Metee nnyigyei bi fii soro te sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Na nnyigyei a metee no te sɛ nnwontofo a wɔreto nnwom bɔ wɔn asanku.  Ná wɔreto dwom bi a ɛte sɛ dwom foforo+ wɔ ahengua no ne ateasefo* baanan+ no ne mpanyimfo no+ anim. Obiara antumi ansua saa dwom no gye 144,000+ a wɔatɔ wɔn afi asaase so no nko ara.  Eyinom na wɔamfa mmea angu wɔn ho fĩ; nokwasɛm ne sɛ wɔn ho tew.*+ Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.+ Eyinom na wɔtɔɔ wɔn+ fii nnipa mu sɛ aba a edi kan+ maa Onyankopɔn ne Oguammaa no,  na wɔanhu nnaadaa biara wɔ wɔn anom; na dɛm nni wɔn ho.+  Mihuu ɔbɔfo foforo bi sɛ watu nam wim, na na okura daa asɛmpa a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asaase so, aman ne mmusuakuw ne kasa* ne nkurɔfo nyinaa.+  Na ɔde nne kɛse kae sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu bere* adu,+ enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo+ ne nsuti no.”  Na ɔbɔfo foforo bi, nea ɔto so abien, dii akyi bɛkae sɛ: “Wahwe ase!* Babilon Kɛse+ no ahwe ase,+ nea ɔmaa aman nyinaa nom n’aguamammɔ* ho akɔnnɔ nsã+ no bi no!”  Na ɔbɔfo foforo bi nso, nea ɔto so abiɛsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛse kae sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi no na onya ahyɛnsode wɔ ne moma so anaa ne nsa ho+ a, 10  ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsã* a wɔmfraa mu a wɔahwie agu N’abufuw kuruwa+ mu no nso bi, na wɔbɛyɛ no ayayade wɔ ogya ne sɔfe*+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Oguammaa no anim. 11  Na ayayade a wɔyɛ wɔn no wusiw bɛforo soro daa daa,+ na wɔrennya ɔhome biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ogye ne din ahyɛnsode no bi no.+ 12  Eyi nti na ehia sɛ akronkronfo no mia wɔn ani,+ akronkronfo a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu denneennen+ no.” 13  Na metee nne bi fii soro sɛ, “Kyerɛw sɛ: Anigye ne wɔn a wowu wɔ Awurade mu+ fi saa bere yi rekɔ. Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome mfi wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.”* 14  Na mihui, na hwɛ! omununkum fitaa bi ni. Ná obi a ɔte sɛ onipa ba+ te omununkum no so a ɔhyɛ sika kɔkɔɔ ahenkyɛw, na na okura kantankrankyi* a ano yɛ nnam wɔ ne nsam. 15  Na ɔbɔfo foforo fii asɔrefi kronkronbea hɔ bae, na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: “Tow wo kantankrankyi na twa, na bere* adu sɛ wotwa, efisɛ asaase no so nnɔbae abere paa.”+ 16  Na nea ɔte omununkum no so no de ne kantankrankyi no too asaase so, na wotwaa asaase so nnɔbae. 17  Ɔbɔfo foforo bi nso fii asɔrefi kronkronbea a ɛwɔ soro no bae, na na ɔno nso kura kantankrankyi a ano yɛ nnam. 18  Ɔbɔfo foforo bi nso fii afɔremuka no mu bae, na na ɔwɔ ogya so tumi. Na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ nea okura kantankrankyi a ano yɛ nnam no sɛ: “Tow wo kantankrankyi a ano yɛ nnam no, na boaboa asaase so bobe asiaw no ano, efisɛ n’aba no abere.”+ 19  Na ɔbɔfo no de ne kantankrankyi no too asaase so, na ɔboaboaa asaase so bobe no ano, na ɔtow guu Onyankopɔn abufuw amoa kɛse a wokyĩ nsã* wom+ no mu. 20  Na wotiatiaa bobe no so wɔ kurow no akyi, na mogya fii amoa a wokyĩ nsã wom no mu foro koduu apɔnkɔ nnareka ho, na etwaa kwan a ne tenten yɛ agoprama 1,600.*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.
Nt., “wɔyɛ mmaabun.”
Nt., “tɛkrɛma.”
Anaa “dɔn.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Ɔbea no ahwe ase!”
Anaa “bobesa.”
Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.
Anaa “ka wɔn ho.”
Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.
Anaa “dɔn.”
Anaa “bobesa.”
Bɛyɛ km. 296 (akw. 184). Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.