Exodus 3:1-22

  • Mose huu nwura a ɛredɛw no (1-12)

  • Yehowa kyerɛɛ ne din ase (13-15)

  • Yehowa maa Mose akwankyerɛ (16-22)

3  Mose bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na na ɔhwɛ n’asebarima Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfo no nguan. Da bi a ɔde nguan no rekɔ sare no atɔe fam no, okopuee nokware Nyankopɔn no bepɔw Horeb+ ho.  Afei Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura* bi a ɛredɛw mu.+ Bere a ɔhwɛɛ ade no dinn no, ohui sɛ nwura no redɛw nanso ɛnhyew.  Ɛnna Mose kae sɛ: “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi, na mahu nea enti a nwura no nhyew.”  Bere a Yehowa hui sɛ ɔrebɛn hɔ abɛhwɛ no, ɔfrɛ fii nwura no mu sɛ: “Mose! Mose!” na obuae sɛ: “Mini.”  Ɛnna ɔkae sɛ: “Mmɛn ha. Yi wo nan ase mpaboa, efisɛ baabi a wugyina no yɛ asaase kronkron.”  Ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn.”+ Ɛnna Mose de n’anim hintawee, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ nokware Nyankopɔn no.  Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amane a me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no rehu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wosi esiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Minim wɔn brɛ nyinaa.+  Mesian akogye wɔn afi Egyptfo nsam,+ na mayi wɔn afi asaase no so akɔ asaase a eye na ɛtrɛw so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so,+ baabi a Kaananfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo te.+  Afei hwɛ! Mate Israelfo no sufrɛ, na sɛnea Egyptfo rehyɛ wɔn so+ no nso mahu. 10  Enti bra ma mensoma wo Farao nkyɛn na koyi me man Israelfo no fi Egypt.”+ 11  Nanso Mose bisaa nokware Nyankopɔn no sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim sɛ merekoyi Israelfo afi Egypt?” 12  Ɛnna ɔkae sɛ: “Medi w’akyi,+ na nea ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo ni: Sɛ wunya de ɔman no fi Egypt ba a, mobɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ bepɔw yi so.”+ 13  Nanso Mose bisaa nokware Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na sɛ wobisa me sɛ, ‘Ne din de dɛn?’+ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?” 14  Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara.”*+ Na ɔtoaa so sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, nea wɔfrɛ no ‘Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ Biara’ no, ɔno na wasoma me mo nkyɛn.”+ 15  Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na wasoma me mo nkyɛn.’ Eyi ne me din de kosi daa,+ na eyi na wɔmfa nkae me wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 16  Afei kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn ayi ne ho adi akyerɛ me. Ɔkae sɛ: “M’adwene wɔ mo so,+ na nea wɔde reyɛ mo wɔ Egypt nyinaa m’ani tua. 17  Enti nea mereka ne sɛ, megye mo afi amanehunu+ a Egyptfo de aba mo so no mu de mo akɔ Kaananfo, Hitifo, Amorifo,+ Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ asaase so, asaase a nufusu ne ɛwo abu so wɔ so.”’+ 18  “Sɛnea ɛte biara wobetie wo.+ Afei wo ne Israel mpanyimfo no bɛkɔ Egypt hene hɔ. Mokɔ a, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifo+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa. Enti yɛsrɛ wo ma yentwa nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+ 19  Nanso minim paa sɛ Egypt hene remma mo kwan, gye sɛ nsa a ɛyɛ den hyɛ no ansa.+ 20  Enti mɛteɛ me nsa abɔ Egypt na mayɛ anwonwade pii wɔ hɔ; afei ɔbɛma moakɔ.+ 21  Na mɛma nkurɔfo no anya Egyptfo anim dom, na sɛ morefi hɔ akɔ a, moremfa nsapan nkɔ da.+ 22  Israelni bea biara mmisa nea ɔte bɛn no, ne ɔbea a ɔne no te ofi baako mu, na onnye nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntama mfi ne hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mma mmarima ne mo mma mmea; monwerɛw Egyptfo no ho.”*+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ.” Hwɛ Nkh. A4.
Anaa “munnye Egyptfo ho nneɛma nyinaa.”