Yohane Kyerɛwtohɔ 3:1-36

  • Yesu ne Nikodemo (1-21)

    • Awo foforo (3-8)

    • Onyankopɔn dɔ wiase (16)

  • Adanse a etwa to a Yohane dii wɔ Yesu ho (22-30)

  • Nea ofi soro no (31-36)

3  Ná Farisini bi wɔ hɔ a ne din de Nikodemo+ a na ɔyɛ Yudafo panyin.  Ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo+ bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi,+ yenim sɛ woyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wufi Onyankopɔn nkyɛn aba, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne+ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”+  Na Yesu buaa no sɛ: “Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio*+ a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn Ahenni+ no.”  Nikodemo bisaa no sɛ: “Obi a wanyin de, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi awo no? Obetumi asan akɔ ne maame yam bio ama wɔawo no anaa?”  Ɛnna Yesu buae sɛ: “Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, sɛ wɔamfa nsu+ ne honhom+ anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.  Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam, na nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom.  Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ: Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio.  Mframa bɔ kɔ nea ɛpɛ biara. Mote sɛ ɛrebɔ, nanso munnim baabi a efi ne baabi a ɛrekɔ. Saa ara na obiara a wofi honhom mu awo no+ no te.”  Ɛnna Nikodemo bisaa no sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom atumi ayɛ yiye?” 10  Yesu buaa no sɛ: “Wokyerɛkyerɛ Israelfo, ɛnna wunnim eyinom? 11  Nokware, nokware, meka kyerɛ wo sɛ, nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse, nanso mo de, munnye adanse a yedi no ntom. 12  Sɛ maka asaase so nsɛm akyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mubegye adi? 13  Afei nso, onipa biara mforo nkɔɔ ɔsoro,+ gye nea osian fii ɔsoro+ no, onipa Ba no. 14  Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so wɔ sare no so+ no, saa ara na ɛsɛ sɛ wɔma onipa Ba no so,+ 15  sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a obegye no adi no benya daa nkwa.+ 16  “Na Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro+ no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe,* na mmom wanya daa nkwa.+ 17  Na Onyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase nkwa.+ 18  Obiara a ogye no di no, wɔremmu no atɛn.+ Nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba+ a ɔwoo no koro no din anni. 19  Nea enti a wobu atɛn* ne sɛ: hann no aba wiase,+ nanso nnipa dɔ sum sen hann no, efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20  Na obiara a ɔyɛ akyiwade no tan hann no, na ɔmma hann no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ne nnwuma renna adi.* 21  Na obiara a ɔyɛ adepa* no ba hann no ho,+ na ada adi sɛ ne nnwuma sɔ Onyankopɔn ani.” 22  Eyi akyi no, Yesu ne n’asuafo no kɔɔ Yudea nkuraa ase, na ɔne wɔn tenaa hɔ kakra, na ɔbɔɔ nkurɔfo asu.*+ 23  Ná Yohane nso rebɔ nkurɔfo asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsu pii wɔ hɔ,+ na nnipa kɔɔ so baa hɔ ma ɔbɔɔ wɔn asu.+ 24  Saa bere no, na wonnya mfaa Yohane nkɔtoo afiase.+ 25  Na akyinnyegye bi baa Yohane asuafo ne Yudani bi ntam. Ná ɛfa ahodwira ho. 26  Enti wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, ɔbarima a na ɔne wo wɔ Yordan agya a wudii ne ho adanse+ no, hwɛ, ɔrebɔ nkurɔfo asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” 27  Yohane buaa wɔn sɛ: “Onipa rentumi nnya biribi, gye sɛ wɔde fi soro ama no. 28  Mo ara mudi me adanse sɛ mekae sɛ, ‘Ɛnyɛ mene Kristo no,+ na mmom wɔasoma me adi n’anim.’+ 29  Nea ayeforo no wɔ no no, ɔno ne ayeforokunu+ no. Na ayeforokunu no adamfo de, sɛ ogyina hɔ, na ɔte ayeforokunu no nne a, n’ani gye paa. Enti m’anigye adi mu. 30  Ɛsɛ sɛ ɔkɔ so dɔre,* na me de, me so huan.”* 31  Nea ofi soro+ no, ɔsen obiara. Nea ofi asaase so no fi asaase so, na ɔka asaase so nsɛm. Nea ofi soro no, ɔsen obiara.+ 32  Nea wahu na wate no, ɛno na odi ho adanse,+ nanso obiara nnye n’adanse no ntom.+ 33  Nea ogye n’adanse no di no de n’ahyɛnsode atim so* sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.+ 34  Efisɛ nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn nsɛm,+ na Onyankopɔn de honhom no ma ma ɛboro so.* 35  Agya no dɔ Ɔba no,+ na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.+ 36  Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa;+ nea ontie Ɔba no rennya* nkwa,+ na Onyankopɔn abufuhyew remfi no so da.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “sɛ wɔanwo obi amfi soro.”
Anaa “anyera.”
Anaa “Nea wogyina so bu atɛn.”
Anaa “wɔrenyi ne nnwuma ho ntɛn.”
Anaa “ɔyɛ nea ɛyɛ nokware.”
Ɛda adi sɛ Yesu maa n’asuafo no akwankyerɛ ma wɔbɔɔ nkurɔfo asu, na ɛnyɛ sɛ Yesu no ara na ɔbɔɔ nkurɔfo asu. Hwɛ Yohane 4:2.
Anaa “dɔɔso.”
Anaa “me so tew.”
Anaa “asɔ ano.”
Anaa “Onyankopɔn mfa honhom no mma nketenkete; ɔnkari honhom no na ɔde ama.”
Anaa “renhu.”