Mateo Asɛmpa 20:1-34

  • Bobefuw mu adwumayɛfo gye akatua pɛ (1-16)

  • Yesu kaa ne wu ho asɛm bio (17-19)

  • Wɔkɔsrɛe sɛ wɔmma ebinom dibea wɔ Ahenni no mu (20-28)

    • Yesu yɛ agyede ma nnipa bebree (28)

  • Yesu saa anifuraefo baanu yare (29-34)

20  “Na ɔsoro Ahenni te sɛ ofiwura bi a opuee anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ nkurɔfo paa ama wɔakɔ ne bobefuw* mu.+  Ɔne adwumayɛfo no kae ma wɔpenee so sɛ ɔbɛma wɔn denare* baako da koro; ɛnna ɔde wɔn kɔɔ ne bobefuw no mu.  Bɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa* nso, opuei, na ohui sɛ ebinom gyinagyina gua so a wɔnyɛ hwee.  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuw no mu, na mɛma mo akatua a ɛfata.’  Enti wɔkɔe. Na ɔsan puei bɛyɛ dɔn a ɛto so asia* ne akron* kɔyɛɛ saa ara.  Afei bɛyɛ dɔn a ɛto so 11* no, opuei, na ohui sɛ ebinom gyinagyina hɔ. Na obisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mugyinagyina ha da mu nyinaa a monyɛ hwee?’  Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntia.’ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuw no mu.’  “Eduu anwummere no, bobefuw wura no ka kyerɛɛ nea ɔhwɛ n’adwuma so no sɛ, ‘Frɛ adwumayɛfo no na fa wɔn akatua ma wɔn.+ Hyɛ ase fi nea otwa to no so kosi nea odi kan no so.’  Wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛto so 11 no bae, na wɔn mu biara nyaa denare* baako. 10  Enti, bere a adwumayɛfo a wodii kan faa wɔn no bae no, na wosusuw sɛ wobenya pii asen saa; nanso denare* baako akatua no ara na wɔn nso nyae. 11  Wɔn nsa kae no, wofii ase nwiinwii tiaa ofiwura no, 12  na wɔkae sɛ, ‘Eyinom a wɔbaa akyiri yi yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ; nanso yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mu nyinaa maa owia hyee yɛn no, woama yɛne wɔn anya pɛ!’ 13  Na ɔka kyerɛɛ wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne. Ɛnyɛ denare* baako na me ne wo kaa ho asɛm?+ 14  Gye wo de na kɔ. Nea mede maa wo no, ɛno ara bi na mepɛ sɛ mede ma nea otwa to no. 15  Minni hokwan sɛ mede me ara me nneɛma yɛ nea mepɛ? Anaasɛ papa a mereyɛ* no yɛ wo yaw?’*+ 16  Saa ara na wɔn a wɔaka akyi bedi kan, na adikanfo aka akyi.”+ 17  Afei bere a wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem no, Yesu de asuafo 12 no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 18  “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no, na wobebu no fɔ akum no.+ 19  Na wobeyi no ama amanaman mufo ama wɔadi ne ho agoru. Afei wɔbɛbɔ no mmaa, na wɔabɔ no asɛndua mu;+ na da a ɛto so abiɛsa no, wobenyan no.”+ 20  Ɛnna Sebedeo+ mma no maame ne ne mma no baa ne nkyɛn, na ɔkotow no srɛɛ no biribi.+ 21  Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ?” Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka ma me mma baanu yi mu baako ntena wo nifa, na ɔbaako nso ntena wo benkum wɔ w’Ahenni mu.”+ 22  Yesu buae sɛ: “Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa* a merebɛnom no?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yebetumi.” 23  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me kuruwa* no de, mobɛnom,+ nanso me nifa ne me benkum so tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.”+ 24  Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw anuanom baanu no.+ 25  Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn kae sɛ: “Munim sɛ amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na atitiriw no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 26  Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu;+ mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo,+ 27  na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.+ 28  Saa ara na onipa Ba no yɛe; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+ 29  Bere a wɔrefi Yeriko no, nnipadɔm pii dii n’akyi. 30  Na hwɛ! anifuraefo baanu bi a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam, na wɔteɛteɛɛm sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 31  Ɛnna nnipadɔm no teɛteɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na wɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” 32  Enti Yesu gyinae, na ɔfrɛɛ wɔn kae sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33  Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” 34  Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa wɔn ani.+ Na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bobeturo.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anɔpa nnɔn 9.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anwummere nnɔn 5.
Anaa “me yam a eye.”
Nt., “ama w’ani di bɔne akyi?”
Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.
Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛde. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu sobo sɛ waka abususɛm na wɔakum no.
Anaa “kra.”