Genesis 3:1-24

  • Nea ɛyɛe a onipa yɛɛ bɔne (1-13)

    • Atoro a edi kan (4, 5)

  • Yehowa buu atuatewfo no atɛn (14-24)

    • Ɔhyɛɛ ɔbea no aseni ho nkɔm (15)

    • Ɔpam wɔn fii Eden (23, 24)

3  Ná ɔwɔ+ yɛ anifere sen wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn ayɛ wɔn nyinaa. Enti obisaa ɔbea no sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?”+  Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Yetumi di turo yi mu nnua so aba.+  Na mmom dua a esi turo no mfinimfini+ no so aba de, Onyankopɔn aka sɛ, ‘Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka; anyɛ saa a mubewu.’”  Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.+  Mmom Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”+  Afei ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ odi bi, na ɔhwɛe no na ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ. Enti ɔtew n’aba no bi na odii.+ Akyiri yi, bere a ne kunu wɔ ne nkyɛn no, ɔmaa no bi, na ɔno nso dii.+  Ɛnna wɔn baanu no ani buei na wohui sɛ wɔda adagyaw. Enti wɔpam borɔdɔma ahaban de kataa wɔn asen.+  Afei bere a anwummere mframa rebɔ a Yehowa Nyankopɔn nam turo no mu no, wɔtee ne nne, na ɔbarima no ne ne yere de wɔn ho kohintaw Yehowa Nyankopɔn wɔ turom hɔ nnua no mu.  Na Yehowa Nyankopɔn frɛɛ ɔbarima no mpɛn pii kae sɛ: “Wowɔ he?” 10  Afei ɔkae sɛ: “Metee wo nne wɔ turo no mu, nanso na misuro efisɛ na meda adagyaw, enti mihintawee.” 11  Ɛnna ɔkae sɛ: “Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw?+ Dua a meka kyerɛɛ wo sɛ nni bi no, woadi anaa?”+ 12  Ɔbarima no kae sɛ: “Ɔbea a wode no maa me no na ɔmaa me aduaba no bi dii.” 13  Ɛnna Yehowa bisaa ɔbea no sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?” Na ɔbea no buae sɛ: “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”+ 14  Ɛnna Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ+ no sɛ: “Esiane nea woayɛ yi nti, wɔadome wo wɔ afieboa ne wuram mmoa nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛwea na wubedi dɔte wo nkwa nna nyinaa. 15  Na mede ɔtan+ bɛto wo+ ne ɔbea+ no ntam ne w’aseni*+ ne n’aseni*+ ntam. Ɔno na ɔbɛpɛtɛw* wo ti+ na wo nso wobɛka* ne nantin.”+ 16  Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Mɛma wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso; ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na obedi* wo so.” 17  Adam* nso, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane sɛ woatie wo yere nne na woadi dua a mekae sɛ ‘Nni bi’ no+ nti, wo nti wɔadome asaase.+ Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa.+ 18  Nsɔe ne nwura* na ebefifi wɔ so ama wo, na wubedi afuw mu ahaban.* 19  W’anim fifiri mu na wubedidi* kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii.+ Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”+ 20  Eyi akyi no, Adam too ne yere din Hawa,* efisɛ na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa maame.+ 21  Na Yehowa Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntaade tenten maa Adam ne ne yere hyɛe.+ 22  Ɛnna Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako ahu papa ne bɔne,+ na afei nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa ankɔtew nkwa dua+ no aba nso bi anni na wantena ase daa nti,—” 23  Ɛno nti Yehowa Nyankopɔn tuu no fii Eden turo+ no mu sɛ ɔnkɔdɔw asaase a oyii no fii mu no.+ 24  Enti ɔpam onipa no na ɔde kerubim+ abien* ne ogya sekan a ɛredɛw na ɛretwa ne ho kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden turo no apuei fam.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wobɛbɔ.”
Anaa “ɔbɛbɔ.”
Nt., “n’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.
Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.
Anaa “ɔbɛhyɛ.”
Ɛkyerɛ, “Onipa a Woyii No Fii Dɔte Mu; Ɔdasani.”
Anaa “wuram ahaban.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Nt., “wubedi paanoo.”
Ɛkyerɛ, “Ɔteasefo.”
Hebri kasa mu no, ebetumi akyerɛ kerubim abien anaa nea ɛboro saa.