Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So na Yesu Afɔrebɔ no Yɛ ‘Agyede Ma Nnipa Pii’?

Ɔkwan Bɛn So na Yesu Afɔrebɔ no Yɛ ‘Agyede Ma Nnipa Pii’?

Nea Bible Ka

 Yesu afɔrebɔ no na Onyankopɔn nam so gye nnipa fi bɔne ne owu mu. Bible ka mogya a Yesu hwie gui no ho asɛm sɛ ɛyɛ agyede. (Efesofo 1:7; 1 Petro 1:18, 19) Enti Yesu kaa sɛ ɔbae sɛ ‘ɔde ne kra rebɛyɛ agyede ama nnipa pii.’​—Mateo 20:28, Akuapem Twi Bible.

Adɛn nti na na ehia sɛ wotua ‘agyede ma nnipa pii’?

 Bere a wɔbɔɔ Adam, onipa a odi kan no, na ɔyɛ pɛ a bɔne biara nni ne ho. Ná anka obetumi atena ase daa, nanso ɛbɔɔ no efisɛ wantie Onyankopɔn asɛm. (Genesis 3:17-19) Bere a ɔwoo mma no, ɔde sintɔ a onya fii bɔne mu no maa wɔn. (Romafo 5:12) Wei nti, Bible ka sɛ Adam ‘tɔn’ ɔne ne mma nyinaa kɔɔ bɔne ne owu mu. (Romafo 7:14) Esiane sɛ na wɔn nyinaa tɔ sin nti, na wɔn mu biara ntumi ntua nea Adam hweree no ho ka.​—Dwom 49:7, 8.

 Onyankopɔn huu Adam asefo a na wɔn anidaso nyinaa asa no mmɔbɔ. (Yohane 3:16) Nanso Onyankopɔn yɛ atɛntrenee Nyankopɔn. Enti na ɔrentumi mmu n’ani ngu wɔn bɔne no so kɛkɛ. (Dwom 89:14; Romafo 3:23-26) Onyankopɔn dɔ adesamma enti ɔfaa mmara kwan so yɛɛ nea ehia na ama watumi de wɔn bɔne afiri wɔn na afei nso wapopa afi hɔ koraa. (Romafo 5:6-8) Agyede no na ogyinaa so yɛɛ saa.

Ɔkwan bɛn so na agyede no yɛ adwuma?

 Bible mu no sɛ yɛka “agyede” a, ɛkyerɛ nneɛma mmiɛnsa yi:

  1.   Wɔde tua ka.​—Numeri 3:46, 47.

  2.   Wɔde pata ma biribi; wotumi nso de gye obi anaa biribi.​—Exodus 21:30.

  3.   Ɛne ade a wɔretua ho ka no bo yɛ pɛ anaa etumi kata so. a

 Hwɛ sɛnea nneɛma mmiɛnsa yi fa Yesu Kristo agyede afɔre no ho.

  1.   Wɔde tua ka. Bible ka sɛ ‘wɔtɔɔ Kristofo aboɔden.’ (1 Korintofo 6:20; 7:23) Yesu mogya na wɔde “tɔɔ nnipa fii abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn.”​—Adiyisɛm 5:8, 9.

  2.   Wɔde gye obi. Yesu afɔrebɔ no ayɛ ‘agyede a agye’ yɛn afi bɔne mu.​—1 Korintofo 1:30; Kolosefo 1:14; Hebrifo 9:15.

  3.   Ɛsɛ sɛ ɛne ade a wɔretua ho ka no bo yɛ pɛ. Yesu afɔrebɔ no ne ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam hweree no yɛ pɛpɛɛpɛ. (1 Korintofo 15:21, 22, 45, 46) Bible ka sɛ: “Sɛnea onipa biako [Adam] no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo no, saa ara na obiakofo [Yesu Kristo] no setie bɛma nnipa bebree ayɛ treneefo.” (Romafo 5:19) Wei ma yehu nea enti a onipa baako wu betumi ayɛ agyede ama abɔnefo pii no. Nokwarem no Yesu afɔrebɔ no yɛ “agyede a ɛfata ma nnipa nyinaa” a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya so mfaso no.​—1 Timoteo 2:5, 6.

a Bible mu no, nsɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “agyede” no, nea ɛkyerɛ ne biribi a ɛwɔ bo anaa ɛsom bo a wɔde tua ka. Hebri asɛmfua ka·pharʹ sei no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wobɛkata biribi so. Mpɛn pii no, wɔde di dwuma de kyerɛ bɔne a wɔkata so. (Dwom 65:3) Asɛmfua a ɛbɛn no ne koʹpher. Ɛno nso kyerɛ biribi a wotua de kata bɔne so, anaa wotua de pata bɔne. (Exodus 21:30) Hela asɛmfua lyʹtron nso, wɔtaa kyerɛ ase “agyede.” Ebetumi nso akyerɛ biribi a wotua de gye obi anaa biribi. (Mateo 20:28; Akuapem Twi Bible) Hela akyerɛwfo de asɛmfua yi gyinaa hɔ maa biribi a wotua de gye deduani anaa akoa bi a wɔkyeree no ɔko mu.