Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Dɛn Na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Ahenni no mmra. Ná onim sɛ, nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asase yi so no, ɛnyɛ saa na Onyankopɔn pɛ no, na Onyankopɔn Ahenni nko ara ne aban a ebetumi ayi nneɛma bɔne no afi hɔ. Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ?

NEA ONYANKOPƆN AHENNI AYƐ DEDAW

Asɛm a edi wei anim mu no, yesusuw sɛnkyerɛnne a Yesu kaa ho asɛm no ho. Saa sɛnkyerɛnne no ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ n’Ahenni no wɔ soro, na ɔde Yesu Kristo asi so sɛ Ɔhene.

Bible kaa sɛ, sɛ wɔde tumi hyɛ Yesu nsa pɛ a, obetu Satan ne n’abɔfo bɔne no afi soro. Yesu ayɛ saa, enti seesei Satan ne n’abɔfo no aka asase so ha, na ɛno ka ho bi nti na efi afe 1914 reba no, nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ asase so no.—Adiyisɛm 12:7, 9.

Ade rekye a ade resa nyinaa, sɛe ara na nneɛma resɛe wɔ wiase. Wei nyinaa akyi no, Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene no reyɛ nneɛma bi de aboa nnipa a wɔte asase so baabiara. Sɛnea Yesu ka too hɔ no, wokɔ wiase baabiara a, wɔde Bible rekyerɛkyerɛ nkurɔfo. Enti nnipa pii resua Bible mu afotusɛm, na wɔde rebɔ wɔn bra da biara da. (Yesaia 2:2-4) Bible a nnipa ɔpepem pii asua nti, seesei wɔama anigye aba wɔn mmusua mu, wɔmma wɔn adwuma nnye wɔn bere nyinaa, na wɔmma wɔn ani mmere ahonyade. Enti nea wɔresua no reboa wɔn paa nnɛ, na ɛresiesie wɔn ama wɔafata sɛ nnipa a Onyankopɔn bɛma wɔatena n’Ahenni mu.

DƐN NA EDI HƆ A ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ?

Ɛwom sɛ Yesu redi hene wɔ soro de, nanso nnipa aban ahorow da so ara redi tumi wɔ asase so. Enti Onyankopɔn aka akyerɛ Yesu sɛ: “Kɔ w’atamfo mfinimfini kodi wɔn so.” (Dwom 110:2) Wɔn a wɔsɔre tia Yesu nyinaa, ɔbɛba abɛsɛe wɔn nnansa yi ara. Afei, ɔbɛma wɔn a wofi wɔn pɛ mu tie Onyankopɔn no anya asetena pa.

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ nneɛma a edidi so yi:

  • Ebetu atoro som ase. Ɔsom ahorow a ɛnkyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm na ama nnipa ahu amane no, Onyankopɔn Ahenni betu ase korakora. Bible ka atoro som ho asɛm sɛ ɛyɛ tuutuuni. Sɛ wɔsɛe atoro som a, nnipa pii ho bedwiriw wɔn.—Adiyisɛm 17:15, 16.

  • Ebeyi nnipa nniso afi hɔ. Onyankopɔn Ahenni bɛkeka ne ho, na ayi nnipa nniso nyinaa afi hɔ.—Adiyisɛm 19:15, 17, 18.

  • Ebeyi abɔnefo afi hɔ. Ebinom ayɛ wɔn adwene sɛ bɔne ara na wobedi, na wɔrentie Onyankopɔn asɛm. Saa nkurɔfo no, dɛn na ɛbɛto wɔn? Bible ka sɛ: “Abɔnefo de, wobetwa wɔn afi asase so.”—Mmebusɛm 2:22.

  • Ebeyi Satan ne abɔfo bɔne no afi hɔ. Ɛba saa a, Satan ne abɔfo bɔne no rentumi ‘nkɔdaadaa amanaman no bio.’—Adiyisɛm 20:3, 10.

Sɛ weinom nyinaa bam a, dɛn na wɔn a wɔagye Onyankopɔn Ahenni atom no benya?

NEA ONYANKOPƆN AHENNI BƐYƐ AMA NNIPA

Yesu redi hene wɔ soro. Nneɛma a ɔbɛyɛ wɔ asase so daakye no, nnipa aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ bi da. Wɔayi nnipa 144,000 bi afi asase so a wɔbɛkɔ akɔboa Yesu wɔ soro; wɔne no na ebedi ade. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3) Yesu bɛhwɛ ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so ha. Nnipa a wɔbɛtena asase so no, dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ ama wɔn?

  • Ebeyi yare ne owu afi hɔ. “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare,’” na “owu nni hɔ bio.”—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:4.

  • Ɛbɛhwɛ ama asomdwoe ne ahotɔ a edi mũ aba asase so. “Wo mma asomdwoe bɛdɔɔso,” na “wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma ase, na obiara renyi wɔn hu.”—Yesaia 54:13; Mika 4:4.

  • Ɛbɛma obiara anya adwuma a ɛbɛma ne koma atɔ ne yam. “Wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee. Wɔrenyɛ adwumahunu.”—Yesaia 65:22, 23.

  • Ebesiesie asase no. “Sare ne asase kesee ani begye, na asase pradada bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

  • Ɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔahu nea wɔyɛ a wobenya daa nkwa. “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”—Yohane 17:3.

Onyankopɔn pɛ sɛ wunya saa nhyira yi nyinaa. (Yesaia 48:18) Asɛm a edi hɔ no bɛma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ nnɛ na wo nsa atumi aka saa nhyira no bi.