Mateo Asɛmpa 23:1-39

  • Ɛnsɛ sɛ wosuasua akyerɛwfo ne Farisifo no (1-12)

  • Akyerɛwfo ne Farisifo no nnue (13-36)

  • Yesu su Yerusalem (37-39)

23  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne n’asuafo no sɛ:  “Akyerɛwfo ne Farisifo no ka sɛ wɔte Mose agua so.  Enti nea wɔka kyerɛ mo nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ, efisɛ nea wɔka no, wɔmfa nyɛ adwuma.+  Wɔkyekyere nnesoa a emu yɛ duru de to nnipa mmati,+ nanso wɔn de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.+  Nnwuma a wɔyɛ nyinaa, wɔyɛ no sɛnea nnipa behu;+ kyerɛwnsɛm kotoku* a wɔde bɔ wɔn ho ban no,+ wɔyɛ no atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntaade ano+ atenten.  Wɔpɛ mpanyimfo tenabea wɔ apontow* ase ne nkongua a ɛwɔ anim* wɔ hyiadan mu.+  Wɔpɛ gua so nkyia, na wɔpɛ sɛ nkurɔfo frɛ wɔn Rabi.*  Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, efisɛ ɔbaako ne mo Kyerɛkyerɛfo,+ na mo nyinaa moyɛ anuanom.  Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asaase so, efisɛ ɔbaako ne mo Agya,+ Ɔsorosoroni no. 10  Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo akannifo, efisɛ mo Kannifo yɛ baako, ɔne Kristo no. 11  Mmom no, ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ mo mu kɛse no yɛ mo somfo.+ 12  Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase,+ na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.+ 13  “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! moatoto ɔsoro Ahenni no apon mu. Mo a, monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu nso a, momma wɔn kwan.+ 14  *—— 15  “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ mutwa kwan fa ɛpo ne asaase so kɔsakra onipa baako, na onya sakra a, moma ɔbɛyɛ obi a ɔfata sɛ ɔkɔ Gehenna,* na moma ne bɔne bɛyɛ te sɛ mo de mmɔho abien. 16  “Munnue, akwankyerɛfo anifuraefo+ a moka sɛ, ‘Sɛ obi ka asɔrefi no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka asɔrefi hɔ sika kɔkɔɔ no ntam de a, ɛnde ɛsɛ sɛ odi ntam a waka no so.’+ 17  Nkwaseafo ne anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse, sika kɔkɔɔ no, anaa asɔrefi a ama sika kɔkɔɔ no ho atew no? 18  Afei nso, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka akyɛde a ɛda so no ntam de a, ɛnde ɛsɛ sɛ odi ntam a waka no so.’ 19  Anifuraefo! Nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse, akyɛde no, anaa afɔremuka a ɛma akyɛde no ho tew no? 20  Enti obiara a ɔka afɔremuka no ntam no, ɔka ɛno ne nneɛma a egu so nyinaa ntam; 21  na nea ɔka asɔrefi no ntam no, ɔka ɛno ne Nea ɔte mu no ntam;+ 22  na nea ɔka ɔsoro ntam no, ɔka Onyankopɔn ahengua ne Nea ɔte so no ntam. 23  “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ muyi onunum ne wisa ne nketenkete* so ntotoso du du,+ na Mmara no mu nsɛm a ehia paa* a ɛne atɛntrenee+ ne mmɔborɔhunu+ ne nokwaredi no de, momfa nyɛ hwee. Ehia sɛ muyi ntotoso du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mubu mo ani gu nneɛma a ehia paa no so.+ 24  Akwankyerɛfo anifuraefo!+ Morenom biribi a, mosɔn so yi emu ntontom,+ nanso momene yoma+ a ɛda mu. 25  “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo! efisɛ mohohoro kuruwa ne ayowa ho,+ nanso emu de, adifudepɛ*+ ne akɔnnɔ ntraso ayɛ no ma.+ 26  Farisini nifuraefo! Di kan hohoro kuruwa ne ayowa no mu na ama ɛho nso afi. 27  “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ mote sɛ adamoa a wɔaka ho fitaa.+ Wohwɛ ho a, ɛyɛ fɛ, nanso emu de, awufo nnompe ne afide nyinaa bi ayɛ no ma. 28  Saa ara na mo nso, nnipa ani so de, mote sɛ atreneefo, nanso nyaatwom ne nneɛma bɔne* ayɛ mo ma.+ 29  “Munnue, akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo!+ efisɛ musiesie adiyifo adamoa* na mode nneɛma siesie atreneefo ada so,+ 30  na moka sɛ, ‘Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom bere so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifo no mogya ngu.’ 31  Eyi na mode di adanse tia mo ho sɛ moyɛ wɔn a wokum adiyifo no mma.+ 32  Enti nea mo agyanom hyɛɛ ase no, munwie.* 33  “Awɔ, nhurutoa* mma,+ mobɛyɛ dɛn aguan Gehenna*+ atemmu? 34  Eyi nti, meresoma adiyifo+ ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo+ aba mo nkyɛn. Mubekum wɔn mu binom+ abɔ wɔn asɛndua mu, na mubetwa ebinom mmaa+ wɔ mo hyia adan mu, na mobɛtan wɔn ani+ afi kurow so akɔ kurow so; 35  saa na ɛbɛma atreneefo mogya a wɔahwie agu asaase so nyinaa aba mo so, efi ɔtreneeni Habel+ mogya so kosi Barakia ba Sakaria mogya so, nea mukum no kronkronbea ne afɔremuka no ntam no.+ 36  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, nneɛma yi nyinaa bɛba awo ntoatoaso yi so. 37  “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn baa wo nkyɛn no abo!+ Mayɛ biara sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase no! Nanso moampɛ.+ 38  Hwɛ! Wɔagyaw mo fi ama mo.*+ 39  Na mereka akyerɛ mo sɛ, efi saa bere yi rekɔ no, morenhu me bio kosi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne nea ɔba wɔ Yehowa* din mu!’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Eyi yɛ adaka ketewa a kyerɛwnsɛm no fã bi wom. Ná Yudafo mmarima de bɔ wɔn moma so anaa wɔde to wɔn nsa de bɔ wɔn ho ban.
Anaa “anwummere aduan.”
Anaa “nkongua pa.”
Anaa “Ɔkyerɛkyerɛfo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ne nyinaa yɛ nneɛma bi a yɛde yɛ aduan ma ɛyɛ huam.
Anaa “Mmara no mu nsɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “nneɛma a wɔafom.”
Anaa “mmarato.”
Anaa “moto adiyifo nkae nna so.”
Nt., “monhyɛ mo agyanom kuruwa mã.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔagyaw mo fi ato hɔ a obiara nte mu.”