Ɔde Kɔmaa Romafo 5:1-21

  • Wɔnam Kristo so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam (1-11)

  • Owu nam Adam so na ɛbae; nkwa nam Kristo so na ɛbae (12-21)

    • Bɔne ne owu trɛw kaa obiara (12)

    • Adetrenee baako (18)

5  Enti, seesei a gyidi nti wɔabu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo+ yi, momma yɛmfa yɛn Awurade Yesu Kristo so na yɛne Onyankopɔn ntena asomdwoe mu.*+  Yesu mu gyidi nti, yɛasan anya kwan abɛn Onyankopɔn, na yɛanya saa adom yi. Saa adom no na yɛwɔ mu* seesei.+ Na anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya Onyankopɔn anuonyam nti, momma yenni ahurusi.*  Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom sɛ yɛwɔ amanehunu mu+ a, momma yenni ahurusi,* efisɛ yenim sɛ amanehunu de animia ba;+  animia nso de Onyankopɔn mpeneso ba;+ Onyankopɔn mpeneso nso de anidaso ba,+  na anidaso no nni huammɔ;+ efisɛ wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn+ no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn koma mu.  Nokwarem no, bere a yɛda so yɛ mmerɛw no,+ Kristo wu maa nnipa abɔnefo wɔ bere a na wɔahyɛ no mu.  Ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama onipa trenee; na onipa pa de, ebia obi besi ne bo sɛ obewu ama no.  Nanso Onyankopɔn ama yɛahu sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ bere a yɛda so yɛ abɔnefo no, Kristo wu maa yɛn.+  Ɛnde seesei a wɔnam ne mogya so abu yɛn atreneefo+ no, sɛnea ɛte biara, wɔnam no so begye yɛn afi abufuw mu.+ 10  Na sɛ bere a na yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne Ba no wu so siesiee yɛne Onyankopɔn ntam+ a, ɛnde afei a wɔasiesie yɛne no ntam yi, wɔnam ne nkwa so begye yɛn aboro so. 11  Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn Awurade Yesu Kristo a seesei yɛnam no so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam no nti, yɛredi Onyankopɔn mu ahurusi nso.+ 12  Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae,+ na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+ 13  Ná bɔne wɔ wiase ansa na Mmara no reba, nanso sɛ mmara nni hɔ a, wommu obiara fɔ wɔ bɔne ho.+ 14  Ne nyinaa mu no, owu dii hene fii Adam so besii Mose so, na wɔn a wɔanyɛ bɔne sɛnea Adam yɛɛ bɔne no mpo, edii wɔn so hene. Ná Adam te sɛ nea ɔbɛba no.+ 15  Nanso akyɛde no nte sɛ mfomso no. Efisɛ onipa baako mfomso nti, nnipa bebree wui, nanso Onyankopɔn adom ne n’akyɛde a ɔnam onipa baako, Yesu Kristo adom so+ de ama no de, aboro so* ama nnipa bebree!+ 16  Bio nso, nea efi akyɛde no mu bae ne nea efi bɔne a onipa baako no yɛe mu bae no nyɛ pɛ.+ Efisɛ mfomso baako ma wobuu nnipa bebree fɔ,+ nanso akyɛde a edii mfomso pii akyi bae no ma wobuu nnipa bebree atreneefo.+ 17  Na sɛ onipa baako no mfomso nti, owu nam saa onipa no so dii hene+ a, ɛnde nea ɛsen saa no, wɔn a wonya adom ne trenee akyɛde+ boro so no nam ɔbaakofo, Yesu Kristo+ so bedi hene+ wɔ nkwa mu. 18  Enti afei, sɛnea mfomso baako de afobu baa nnipa ahorow nyinaa so+ no, saa ara na adetrenee baako ma wobu nnipa ahorow nyinaa+ atreneefo ma nkwa.+ 19  Na sɛnea onipa baako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo+ no, saa ara na ɔbaakofo no setie bɛma nnipa bebree ayɛ atreneefo.+ 20  Na Mmara no bae sɛnea ɛbɛyɛ a mfomso bɛdɔɔso.+ Nanso bere a bɔne dɔɔso no, adom dɔɔso boroo so. 21  Adɛn nti na ɛbaa saa? Ɛbaa saa, na sɛnea bɔne ne owu dii hene+ no, adom nso nam trenee so adi hene, na ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so akowie daa nkwa mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “yɛn Awurade Yesu Kristo nti, yɛne Onyankopɔn wɔ asomdwoe.”
Anaa “yegyina mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “yedi ahurusi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “yedi ahurusi.”
Anaa “abu so.”