Mateo Asɛmpa 5:1-48

  • BEPƆW SO ASƐNKA (1-48)

    • Yesu fii ase kyerɛkyerɛe wɔ bepɔw so (1, 2)

    • Nneɛma akron a ɛde anigye ba (3-12)

    • Nkyene ne hann (13-16)

    • Yesu bae sɛ ɔrebɛma mmara no aba mu (17-20)

    • Afotu a ɛfa abufuw (21-26), awaresɛe (27-30), awaregyae (31, 32), ntanka (33-37), ne aweredi ho (38-42); monnɔ mo atamfo (43-48)

5  Bere a ohuu nnipakuw no, ɔforo kɔɔ bepɔw no so, na bere a ɔtenaa ase no, n’asuafo no baa ne nkyɛn.  Afei obuee n’ano, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:  “Anigye ne wɔn a wohu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ,*+ efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.  “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.+  “Anigye ne wɔn a wodwo,+ efisɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.+  “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn,+ efisɛ wɔbɛmee.+  “Anigye ne mmɔborɔhunufo,+ efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.  “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew,+ efisɛ wobehu Onyankopɔn.  “Anigye ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe,*+ efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma. 10  “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani,+ efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea. 11  “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo yeyaw mo,+ na wɔtan mo ani,+ na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.+ 12  Momma mo ani nnye na munni ahurusi,+ efisɛ mo akatua +so wɔ soro, na saa ara na wɔtan adiyifo a wodii mo kan no ani.+ 13  “Mone asaase so nkyene.+ Na sɛ nkyene dɛw* fi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya ne dɛw* bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔtow gu abɔnten+ ma nnipa tiatia so. 14  “Mone wiase hann.+ Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw. 15  Nkurɔfo sɔ kanea a, wɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so.+ 16  Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,+ na wɔahu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.+ 17  “Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifo no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma aba mu.+ 18  Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔsoro ne asaase twam mpo a, Mmara no mu nkyerɛwde ketewa baako anaa nkyerɛwde no bi ho nsensanee baako rentwam, kosi sɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu nyinaa bɛbam.+ 19  Enti obiara a obu mmara a nkurɔfo bu no sɛ ɛho nhia yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Na obiara a odi so na ɔkyerɛkyerɛ no, wɔbɛfrɛ no ɔkɛse wɔ ɔsoro Ahenni no mu. 20  Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro akyerɛwfo ne Farisifo+ no de so a, morenkɔ ɔsoro Ahenni no mu da.+ 21  “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefo no sɛ: ‘Nni awu,+ na obiara a odi awu no bedi fɔ wɔ asɛnnibea.’+ 22  Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw+ ne nua no bedi fɔ wɔ asɛnnibea. Obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Asɛnnibea Kɛse* mu, na obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ ɔkwasampani!’ no de, wɔde no bɛto Gehenna*+ gya a ɛredɛw mu. 23  “Enti sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka+ ho, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, 24  gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ. Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.+ 25  “Sɛ obi de wo rekɔ asɛnnibea a, bere a monam kwan so rekɔ no, wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm, na nea ɔrebɔ wo sobo no amfa wo anhyɛ ɔtemmufo nsa, na ɔtemmufo no amfa wo amma asɛnnibea somfo, na wɔamfa wo anto afiase.+ 26  Nokwarem mereka akyerɛ wo sɛ, woremfi hɔ kosi sɛ wubetua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo. 27  “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Nsɛe aware.’+ 28  Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea+ anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe aware dedaw ne koma mu.+ 29  Na sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.+ Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa ato Gehenna.*+ 30  Afei nso, sɛ wo nsa nifa reto wo hintidua a, twa na tow kyene.+ Efisɛ eye ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sen sɛ wo nipadua no nyinaa bɛkɔ akowie Gehenna.*+ 31  “Bio nso, wɔkae sɛ: ‘Obiara a obegyaa ne yere no, ɔmma no awaregyae krataa.’+ 32  Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ebetumi ama ɔbea no asɛe aware, na obiara a ɔbɛware ɔbea a wɔagyaa no no asɛe aware.+ 33  “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ tetefo no sɛ: ‘Nka ntam bere a wunni so,*+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa* bɔ a, di so.’+ 34  Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Monnka ntam koraa.+ Monnka ɔsoro ntam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua; 35  monnka asaase nso ntam, efisɛ ɛyɛ ne nan ntiaso;+ monnka Yerusalem ntam, efisɛ ɛyɛ Ɔhenkɛse no kurow.+ 36  Nka wo ti ntam, efisɛ worentumi mma ti nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37  Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Yiw’ nyɛ yiw, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi,+ efisɛ nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.+ 38  “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu.’+ 39  Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefo nnni asi, mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dan baako no nso ma no.+ 40  Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnnibea kogye w’ataade nhyɛase a, fa w’ataade nguguso nso ka ho ma no;+ 41  na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin* baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien. 42  Nea obisa wo hɔ ade no, fa ma no, na nnan w’akyi nkyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ogye wo hɔ bosea* no.+ 43  “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko+ na tan wo tamfo.’ 44  Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo ani,+ 45  na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.+ Efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma osu tɔ gu atreneefo ne abɔnefo so.+ 46  Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?+ Ɛnyɛ saa ara na wɔn a wogyigye tow nso yɛ anaa? 47  Na sɛ mukyia mo nuanom nko ara a, dɛn na ɛyɛ nwonwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufo nso yɛ anaa? 48  Ɛno nti, sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no wie pɛyɛ wɔ biribiara mu no, mo nso munwie pɛyɛ* saa ara.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔn a wɔsrɛ sɛ wɔmma wɔn honhom no.”
Anaa “wɔn a wɔpɛ asomdwoe.”
Anaa “n’ahoɔden.”
Anaa “ahoɔden.”
Anaa “kɛntɛn a wɔde susuw ade.”
Kyerɛ sɛ, Yudafo Sanhedrin no.
Baabi a na wɔhyew nwura wɔ Yerusalem akyi. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “kwadran a etwa to.” Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Nka ntam hunu.”
Kyerɛ sɛ, bosea a nsiho nka ho.
Kyerɛ sɛ, momma mo dɔ nni mũ.