Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 9

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ama W’abusua Anya Anigye?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ama W’abusua Anya Anigye?

1. Dɛn nti na aware ho hia na ama abusua anya anigye?

Asɛmpa no fi Yehowa a ɔyɛ anigye Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ mmusua nya anigye no hɔ. (1 Timoteo 1:11) Ɔno na ɔhyehyɛɛ aware. Aware a wogye tom wɔ mmara mu ma abusua nya anigye efisɛ ɛma awarefo ne wɔn mma nya abotɔyam.

Adwene bɛn na Onyankopɔn wɔ wɔ aware ho? Ɔpɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea bom tena sɛ awarefo daa. Ɛsɛ sɛ Kristofo di ɔman a wɔwom no mmara a ɛfa aware a wɔde hyɛ mmara ase ho no so. (Luka 2:1, 4, 5) Yehowa pɛ sɛ okununom ne ɔyerenom di wɔn ho wɔn ho nokware. (Hebrifo 13:4) Okyi awaregyae. (Malaki 2:16) Nanso sɛ Kristoni bi hokafo sɛe aware a, Onyankopɔn ma kwan ma otumi gyae aware na ɔsan ware bio.​—Kenkan Mateo 19:3-6, 9.

2. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere ne wɔn ho di?

Yehowa bɔɔ ɔbarima ne ɔbea sɛ wɔmmoa wɔn ho wɔn ho wɔ aware mu. (Genesis 2:18) Esiane sɛ okunu na ɔyɛ abusua ti nti, ɔno na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma abusua no nsa ka nea wohia wɔ honam fam na ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn ho ade. Ɛsɛ sɛ ɔde ne ho bɔ afɔre de da ɔdɔ adi kyerɛ ne yere. Ɛsɛ sɛ okununom ne ɔyerenom da ɔdɔ ne obu adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Esiane sɛ wɔn nyinaa nyɛ pɛ nti, ɛho hia paa sɛ wosua sɛ wɔde bɔne befiri wɔn ho wɔn ho na ama wɔn ani agye wɔ aware mu.​—Kenkan Efesofo 4:31, 32; 5:22-25, 33; 1 Petro 3:7.

3. Sɛ w’ani nnye wɔ w’aware mu a, so ɛsɛ sɛ wugyae?

Sɛ muhyia nsɛnnennen wɔ mo aware mu a, ɛsɛ sɛ mo baanu nyinaa bɔ mmɔden ne mo ho mo ho di no ɔdɔ so. (1 Korintofo 13:4, 5) Onyankopɔn Asɛm no nhyɛ ntetewmu ho nkuran sɛ ɛno ne ɔkwan a wɔfa so siesie nsɛmnsɛm a ɛtaa sɔre wɔ aware mu no.​—Kenkan 1 Korintofo 7:10-13.

4. Mmofra, dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ munya?

Yehowa pɛ sɛ mo ani gye. Ɔma mo afotu pa sɛnea ɛbɛyɛ a mo ani begye wɔ mo mmabunbere mu. Ɔpɛ sɛ munya nyansa ne osuahu a mo awofo wɔ no so mfaso. (Kolosefo 3:20) Yehowa pɛ nso sɛ munya anigye wɔ mo Bɔfo no ne ne Ba no apɛde a mobɛyɛ no mu.​—Kenkan Ɔsɛnkafo 11:9–12:1; Mateo 19:13-15; 21:15, 16.

5. Awofo, mobɛyɛ dɛn atumi ama mo mma ani agye?

Ɛsɛ sɛ moyɛ adwumaden de pɛ aduan a mo mma bedi, baabi a wɔbɛda, ne ntade a wɔbɛhyɛ. (1 Timoteo 5:8) Nanso sɛ mo mma ani begye a, ɛsɛ sɛ mosan nso kyerɛkyerɛ wɔn ma wonya Onyankopɔn ho dɔ na wosua biribi fi ne hɔ. (Efesofo 6:4) Sɛ moda ɔdɔ adi kyerɛ Onyankopɔn de yɛ nhwɛso a, ebetumi aka mo mma koma kɛse. Sɛ mugyina Onyankopɔn Asɛm no so de akwankyerɛ ma mo mma a, ebetumi aboa wɔn ma wɔanya adwene a ɛfata.​—Kenkan Deuteronomium 6:4-7; Mmebusɛm 22:6.

Sɛ mohyɛ mmofra no nkuran na mokamfo wɔn a, ɛboa wɔn. Wohia nteɛso nso. Ntetee a ɛte saa bɔ wɔn ho ban fi abrabɔ a ebetumi asɛe wɔn anigye no ho. (Mmebusɛm 22:15) Nanso, ɛnsɛ sɛ mode nteɛso ma wɔ atirimɔden so da.​—Kenkan Kolosefo 3:21.

Yehowa Adansefo hyɛ da tintim nhoma ahorow a wɔde bɛboa awofo ne mmofra. Saa nhoma ahorow no mu nsɛm gyina Bible so.​—Kenkan Dwom 19:7, 11.