Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 5

Dɛn na Wubehu Wɔ Yɛn Kristofo Nhyiam Ahorow Ase?

Dɛn na Wubehu Wɔ Yɛn Kristofo Nhyiam Ahorow Ase?

Argentina

Sierra Leone

Belgium

Malaysia

Nnipa pii agyae asɔre kɔ efisɛ wonnya Onyankopɔn akwankyerɛ ne awerɛkyekye biara wɔ hɔ. Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ Kristofo nhyiam ahorow a Yehowa Adansefo yɛ no? Dɛn na wubehu wɔ hɔ?

Ɛyɛ anigye sɛ wo ne nnipa a wɔwɔ ɔdɔ na wodwen afoforo ho bɛbɔ. Wɔ asomafo no bere so no, na wɔahyehyɛ Kristofo ayɛ wɔn asafo ahorow, na na wɔyɛ asafo nhyiam ahorow de som Onyankopɔn, sua Kyerɛwnsɛm no, na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ wohyiam wɔ baabi a wɔda ɔdɔ adi saa no a, na wɔte nka sɛ wɔwɔ wɔn nuanom Kristofo a wɔyɛ nnamfo pa mu. (2 Tesalonikafo 1:3; 3 Yohane 14) Yesuasua nea wɔyɛe no na yɛn nso yenya anigye saa ara.

Mfaso wɔ so sɛ yebehu sɛnea yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra. Sɛnea na tetefo no hyia yɛ wɔn nhyiam a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no, saa ara na mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa bom hyia nnɛ. Akyerɛkyerɛfo a wɔfata de Bible no boa yɛn ma yehu sɛnea yɛde emu nsɛm no bɛbɔ yɛn bra da biara da. (Deuteronomium 31:12; Nehemia 8:8) Obiara tumi kyerɛ n’adwene wɔ afã a ɛyɛ atiefo nkɔmmɔbɔ mu, na obiara tumi to nnwom no bi, na ɛma yenya hokwan ka anidaso a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho asɛm.—Hebrifo 10:23.

Ɛyɛ nhyira sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn mu gyidi a yɛwɔ no mu den. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ asafo ahorow a na ɛwɔ ne bere so no mu biako sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, . . . sɛnea ɛbɛyɛ a . . . obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so, me ne mo nyinaa de.” (Romafo 1:11, 12) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam ahorow na yɛne yɛn mfɛfo gyidifo bɔ fekuw daa a, ɛhyɛ yɛn gyidi ne yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo no mu den.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bɔ mmɔden kɔ Kristofo nhyiam a edi hɔ no, na w’ankasa kohu nea yɛaka ho asɛm no. Wobegye wo fɛw so. Wokɔ yɛn nhyiam ahorow ase a, worentua hwee wɔ hɔ—wonnyigye sika biara.

  • Nhwɛso bɛn na yedi akyi yɛ yɛn asafo nhyiam ahorow no?

  • Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya so mfaso?