Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adaemone Wɔ Hɔ Ampa?

Adaemone Wɔ Hɔ Ampa?

Nea Bible ka

 Aane. Adaemone yɛ “abɔfo a wɔyɛɛ bɔne.” Wɔyɛ honhom abɔde a wɔtew Onyankopɔn so atua. (2 Petro 2:4) Ɔbɔfo a odii kan yɛɛ ne ho adaemone ne Satan Ɔbonsam. Bible frɛ no “adaemone panyin.”—Mateo12:24, 26.

Wɔtew atua wɔ Noa bere so

 Bible ka sɛ, ansa na Noa nsuyiri no reba no, abɔfo bi tew atua. Ɛkyerɛ mu sɛ: “Nokware Nyankopɔn mma no hui sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” (Genesis 6:2) Saa abɔfo bɔne no ‘gyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ’ wɔ soro na wɔdan wɔn ho nnipa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne mmaa bɛda.—Yuda 6.

 Nsuyiri no bae no, abɔfo atuatewfo no san danee wɔn ho ahonhom na wɔkɔɔ soro. Nanso, Onyankopɔn pamoo wɔn fii n’abusua no mu. Asotwe a Onyankopɔn de maa wɔn baako ne sɛ, wɔrentumi nnan wɔn ho nnipa bio.—Efesofo 6:11, 12.