Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 25

Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?

Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?

Bolivia

Nigeria, sɛnea na ɛte ne bere a wosii no foforo

Tahiti

Sɛnea edin Ahenni Asa kyerɛ no, ɛhɔ na yesusuw Bible nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛne Onyankopɔn Ahenni a na ɛyɛ Yesu asɛnka adwuma no asɛmti no ho.—Luka 8:1.

Ɛyɛ mmeae a yɛsom Onyankopɔn nokwarem wɔ mpɔtam a ɛwɔ no. Ɛhɔ na yɛyɛ nhyehyɛe fi adi kɔka Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Ɛsono Ahenni Asa ahorow no akɛse ne ne nsusuwso, nanso ɛnyɛ adan a ɛyɛ konkuronn, na emu pii wɔ hɔ a asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ hɔ. Nnansa yi, yɛasisi Ahenni Asa foforo mpempem pii (sɛ wɔkyekyɛm a wosi anum da biara) sɛnea ɛbɛyɛ a asafo ahorow a ɛredɔɔso no benya baabi ahyiam. Yɛyɛ dɛn tumi sisi Ahenni Asa yi?—Mateo 19:26.

Ntoboa a yeyi gu foto bi mu na yɛde sisi. Yɛde saa ntoboa ahorow no kɔ baa dwumadibea ma wɔde bɔ asafo ahorow a wɔpɛ sɛ wosi Ahenni Asa anaa wosiesie wɔn de no bosea.

Atuhoamafo a ɛsono wɔn nimdeɛ ne wɔn asetenam nsɛm a wonnye akatua na wosisi. Wɔahyehyɛ Ahenni Asa Adansi Akuw wɔ aman pii so. Ahenni Asa adansi akuw ne atuhoamafo a wɔwɔ ɔman bi mu fi asafo biako mu kɔ foforo mu, wɔkɔ nkuraase mpo, na wɔboa asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no ma wosisi Ahenni Asa. Wɔ aman foforo so no, wɔapaw adansifo a wɔfata ma wɔhwɛ sisi Ahenni Asa ahorow anaa wosiesie wɔ ɔmantam bi mu. Ɛwom sɛ adwumfo pii a wɔn ho akokwaw wɔ adansi mu a wɔwɔ ɔmantam bi mu tu wɔn ho ma boa ma wosi asa biara de, nanso wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma no mu dodow no ara yɛ asafo a ɛwɔ hɔ no mufo. Yehowa honhom ne sɛnea ne nkurɔfo fi ɔkra nyinaa mu yɛ adwuma no na ɛma yetumi yɛ saa adwuma yi nyinaa.—Dwom 127:1; Kolosefo 3:23.

  • Dɛn nti na yɛfrɛ mmeae a yehyiam som no Ahenni Asa?

  • Dɛn na ɛma yetumi sisi Ahenni Asa wɔ wiase nyinaa?