Mateo Asɛmpa 19:1-30

  • Aware ne awaregyae (1-9)

  • Sigyadi akyɛde (10-12)

  • Yesu hyiraa mmofra (13-15)

  • Aberante sikani bi bisaa asɛm (16-24)

  • Nneɛma a wɔde bɔ afɔre ma Ahenni no (25-30)

19  Bere a Yesu kaa nsɛm yi wiei no, ofii Galilea baa Yudea ahye so wɔ Yordan agya.+  Na nnipadɔm kɛse dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.  Ɛnna Farisifo baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wobisae sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”+  Obuaa wɔn sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no, ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase?+  Monkenkanee nso sɛ ɔkae sɛ: ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’?+  Ɛno nti wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”+  Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnde adɛn nti na Mose kae sɛ obi betumi ama awaregyae krataa de agyaa ɔbea no?”+  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ mutumi gyaa mo yerenom,+ nanso efi mfiase no, na ɛnte saa.+  Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ* nti na obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”+ 10  Asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa na asɛm no te wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnde ɛnyɛ papa sɛ obi bɛware.” 11  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi de asɛm yi yɛ adwuma, gye wɔn a wɔwɔ akyɛde no nko ara.+ 12  Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔrentumi nware, efisɛ saa ara na wɔwoo wɔn. Ebinom nso nware, efisɛ nnipa na adi wɔn dɛm. Ebinom nso, ɔsoro Ahenni no nti na wɔnware. Obiara a obetumi de asɛm yi ayɛ adwuma no, ma ɔmfa nyɛ adwuma.”+ 13  Afei wɔde mmofra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so* na ɔmmɔ mpae mma wɔn, nanso asuafo no kaa wɔn anim.+ 14  Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa mmofra nkumaa no mma wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa na ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”+ 15  Na ɔde ne nsa guu wɔn so, na ofii hɔ kɔe. 16  Na hwɛ! obi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, papa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 17  Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ papa.+ Nanso sɛ wopɛ sɛ wunya nkwa a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 18  Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Emu nea ɛwɔ he?” Yesu kae sɛ: “Nni awu,+ nsɛe aware,+ mmɔ korɔn,+ nni adanse a ɛnyɛ nokware,*+ 19  di wo papa ne wo maame ni,+ na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 20  Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi eyinom nyinaa so; dɛn bio na aka me?” 21  Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wuwie pɛyɛ* a, kɔtɔn nneɛma a wowɔ, na fa ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro;+ na bra bedi m’akyi.”+ 22  Bere a aberante no tee asɛm no, ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.+ 23  Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, ɛbɛyɛ den ama osikani sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro Ahenni mu.+ 24  Mereka akyerɛ mo bio sɛ, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa paane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”+ 25  Bere a asuafo no tee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa pii. Enti wɔkae sɛ: “Hena paa na wobetumi agye no nkwa?”+ 26  Yesu hwɛɛ wɔn dinn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam de eyi rentumi nyɛ yiye, nanso Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”+ 27  Ɛnna Petro kae sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw nneɛma nyinaa hɔ abedi w’akyi; enti dɛn na yebenya?”+ 28  Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, bere a wɔayɛ nneɛma foforo a onipa Ba no te n’anuonyam ahengua so no, mo a mudi m’akyi yi bɛtena nhengua 12 so abu Israel mmusuakuw 12 no atɛn.+ 29  Na obiara a me din nti, wagyaw adan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho pii, na wanya daa nkwa.+ 30  “Nanso adikanfo pii bɛka akyi, na wɔn a wɔaka akyi abedi kan.+

Ase Hɔ Nsɛm

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “onhyira wɔn.”
Anaa “adansekurum.”
Anaa “wudi mũ.”