Nnwom 127:1-5

  • Onyankopɔn nsa nni mu a, biribiara renyɛ yiye

    • “Sɛ Yehowa ansi ofi no a” (1)

    • Mma yɛ akatua a efi Onyankopɔn hɔ (3)

Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. Solomon dwom. 127  Sɛ Yehowa ansi ofi no a,Ɛho adwumayɛfo brɛ kwa.+ Sɛ Yehowa anwɛn kurow no a,+Ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.   Mosɔre ahemanakye,Na anadwo nso monna ntɛm,Na mubiri mo mogya ani pɛ mo ano aduan, nanso ne nyinaa yɛ ɔkwa.N’adɔfo de, ɔma wɔn nsa ka nea wohia na ɔma wɔda ma wɔn asom dwo wɔn.+   Hwɛ! Mma* yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.+Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.+   Mmeranteberem mmaTe sɛ agyan a ɛwɔ ɔbarima katakyi nsam.+   Anigye ne ɔbarima a ɔde agyan hyɛ n’agyan kotoku ma.+ Wɔn anim rengu ase,Efisɛ wɔne atamfo bɛkasa wɔ kurow pon ano.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Mma mmarima.”