Ɔde Kɔmaa Hebrifo 5:1-14

  • Yesu korɔn sen asɔfo mpanyimfo a wɔyɛ nnipa (1-10)

    • Ɔte sɛ Melkisedek (6, 10)

    • Osuaa osetie fii amanehunu a ɔfaa mu no mu (8)

    • Ɔno na ɔma nnipa nya nkwagye daa (9)

  • Ɛnsɛ sɛ moyɛ mmofra wɔ gyidi no mu (11-14)

5  Ɔsɔfo panyin biara a woyi no fi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfo ma ogyina nnipa ananmu yɛ Onyankopɔn som adwuma,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde akyɛde bɛma, na wabɔ bɔne ho afɔre.+  Nnipa a wonnim a wodi mfomso* no, otumi nya ayamhyehye ma wɔn,* efisɛ onim sɛ ɔno nso wɔ mmerɛwyɛ,  na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre, sɛnea ɔbɔ ma ɔmanfo no ara.+  Onipa biara rentumi mfa saa nidi yi mma ɔno ara ne ho. Sɛ obi betumi anya saa nidi yi a, gye sɛ Onyankopɔn afrɛ no, sɛnea ɔfrɛɛ Aaron no.+  Saa ara na Kristo nso te. Ɛnyɛ ɔno ara na ɔhyɛɛ ne ho anuonyam+ bɛyɛɛ ɔsɔfo panyin. Mmom Nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”+ no, ɔno na ɔhyɛɛ no anuonyam.  Saa ara na waka wɔ baabi foforo nso sɛ, “Woyɛ ɔsɔfo daa te sɛ Melkisedek.”+  Bere a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nisu+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro nti, wotiee no.  Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa osetie fii amanehunu a ɔfaa mu no mu.+  Na bere a wɔma owiee pɛyɛ+ no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔbɛma wɔn a wotie no no nyinaa anya nkwagye daa,+ 10  efisɛ Onyankopɔn apaw no sɛ ɔsɔfo panyin te sɛ Melkisedek.+ 11  Yɛwɔ ne ho nsɛm pii ka, nanso ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu, efisɛ mote asɛm a, ɛkyɛ ansa na moate ase. 12  Saa bere yi de, anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo. Nanso, moda so ara hia obi a ɔbɛsan afi ase akyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron a mudii kan suae no.*+ Moatew kɔ mo akyi abɛyɛ nnipa a wohia nufusu, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. 13  Na obiara a ɔkɔ so ara num nufu no, onnim trenee asɛm no, efisɛ ɔyɛ abofra ketewa.+ 14  Na aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔanyin no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe no.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wɔfom kwan.”
Anaa “otumi tɔ ne bo ase ma wɔn; otumi yɛ wɔn brɛbrɛ.”
Nt., “Nna a Kristo wɔ honam mu no.”
Anaa “mu mfitiasesɛm no.”