Daniel 7:1-28

  • Mmoa anan ho anisoadehu (1-8)

    • Abɛn ketewa a ɛyɛ ahantan bi puei (8)

  • Nea Ne Nna Akyɛ no tenaa ase sɛ ɔrebu atɛn (9-14)

    • Wɔyɛɛ onipa ba no ɔhene (13, 14)

  • Wɔmaa Daniel huu nea anisoadehu no kyerɛ (15-28)

    • Mmoa anan no gyina hɔ ma ahemfo baanan (17)

    • Akronkronfo benya ahenni no (18)

    • Mmɛn du, anaa ahemfo du bɛba (24)

7  Babilon hene Belsasar afe a edi kan mu no,+ Daniel soo dae, na onyaa anisoadehu wɔ ne mpa so.+ Ɔkyerɛw ɔdae no too hɔ,+ na ɔkyerɛw nea ohui no nyinaa nso too hɔ.  Daniel kae sɛ: “Anisoadehu a minyae anadwo no, hwɛ! mihui sɛ ɔsoro mframa anan no rewosow ɛpo kɛse no.+  Na mmoa akɛse anan+ pue fii ɛpo no mu bae, na na ɛsono sɛnea wɔn mu biara te.  “Nea odi kan no te sɛ gyata,+ na na ɔwɔ ɔkɔre ntaban.+ Mehwɛe ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no. Afei wɔmaa no so fii fam, na wɔma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa, na wɔmaa no onipa koma.  “Na hwɛ! aboa foforo ni, nea ɔto so abien. Ɔte sɛ osisi.+ Ná wama ne nan baako so, na na nnompe* abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ n’anom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre, we nam bebree.’+  “Eyi akyi no, mekɔɔ so hwɛe, na hwɛ! aboa foforo ni. Ɔte sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ɔwɔ ntaban anan wɔ n’akyi te sɛ anomaa ntaban. Aboa no ti yɛ anan,+ na wɔmaa no tumi sɛ onni ade.  “Eyi akyi no, mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehu no, na mihuu aboa a ɔto so anan. Ne ho yɛ hu, na wuhu no a, wobɛbɔ birim. Ne ho yɛ den boro so, na ɔwɔ dade se akɛse. Ɔmemene nneɛma, na obubu nneɛma, na nea aka no, ɔde ne nan tiatia so.+ Ná ɔyɛ soronko wɔ mmoa a wodii n’anim no nyinaa ho, na na ɔwɔ mmɛn du.  Bere a meredwinnwen mmɛn no ho no, hwɛ! abɛn ketewa foforo bi+ puei wɔ mmɛn a na ɛwɔ hɔ no ntam, na wotutuu mmɛn a na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa wɔ foforo no anim. Na hwɛ! ná ani a ɛte sɛ onipa ani wowɔ abɛn foforo no ho, na na ɛwɔ ano a ɛkasa ahantan* so.+  “Mekɔɔ so hwɛe kosii sɛ wɔde nhengua sisii hɔ. Na Nea Ne Nna Akyɛ+ no bɛtenaa ase.+ Ná ne ntaade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nwi te sɛ oguan nwi fitafita. N’ahengua yɛ ogyaframa; na ahengua no ntwahonan yɛ ogya a ɛredɛw brambrambram.+ 10  Ná ogya a ɛte sɛ asubɔnten retene fi n’anim ba.+ Ná mpempem som no, na na mpem du ahorow mpem du gyinagyina n’anim.+ Na Baguafo*+ tenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma mu. 11  “Saa bere no, ahantansɛm* a abɛn no rekeka no nnyigyei nti,+ mekɔɔ so ara hwɛe. Mehwɛe ara kosii sɛ wokum aboa no. Wɔsɛee ne funu no, na wɔde mae sɛ wɔnhyew wɔ ogya no mu. 12  Na mmoa a aka no nso,+ tumi a wodi no, wogye fii wɔn nsam, na wɔde bere ne nna kaa wɔn nkwa nna ho. 13  “Mekɔɔ so hwɛɛ anadwo anisoadehu no, na hwɛ! mihui sɛ obi a ɔte sɛ onipa ba+ nam ɔsoro mununkum mu reba. Na wɔmaa no kwan kɔɔ Nea Ne Nna Akyɛ no nkyɛn,+ na wɔde no kɔɔ N’anim pɛɛ. 14  Na wɔde tumi+ ne nidi+ ne ahenni maa no sɛ nkurɔfo, aman, ne nnipa a wɔka kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ tumi a etim hɔ daa; ɛrentwam da. Na n’ahenni nso, wɔrensɛe no da.+ 15  “Na me, Daniel de, me honhom botowee wɔ me mu, efisɛ anisoadehu no ma misuroe.+ 16  Mitwiw bɛn wɔn a wogyinagyina hɔ no baako, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me nea mihui no ase yiye. Enti ɔmaa me mmuae, na ɔma mihuu nea saa nneɛma yi kyerɛ. 17  “‘Mmoa akɛse anan yi+ yɛ ahemfo baanan a wɔbɛba asaase so.+ 18  Nanso Opumpuni no+ akronkronfo benya ahenni no,+ na ahenni no bɛyɛ wɔn dea+ daa, yiw, daa daa.’ 19  “Ná mepɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no ho nsɛm pii, aboa a na ɔyɛ soronko wɔ wɔn a aka nyinaa ho no. Ná ne ho yɛ hu boro so; ne se yɛ dade, na ne mmɔwerɛw yɛ kɔbere. Ná ɔmemene nneɛma, na obubu nneɛma, na nea ɛbɛka no, ɔde ne nan tiatia so.+ 20  Ná mepɛ sɛ mihu mmɛn du+ a ɛwɔ ne ti so no ho nsɛm pii. Na abɛn foforo a epuei a abiɛsa tutui wɔ n’anim,+ abɛn a ɛwɔ ani ne ano a ɛkasa ahantan* so a wohwɛ a, ɛsõ sen mmɛn a aka no, ná mepɛ sɛ mihu ho nsɛm pii. 21  “Mekɔɔ so hwɛe, na mihui sɛ saa abɛn no atow ahyɛ akronkronfo no so, na etumii wɔn,+ 22  kosii sɛ Nea Ne Nna Akyɛ no+ bae. Na wobuu atɛn maa Opumpuni no akronkronfo no,+ na bere dui sɛ ahenni no bɛyɛ akronkronfo no dea.+ 23  “Nea ɔkyerɛɛ anisoadehu no mu kyerɛɛ me no, nea ɔkae ni: ‘Aboa a ɔto so anan no yɛ ahenni a ɛto so anan a ɛbɛba asaase so. Ɛbɛyɛ soronko wɔ ahenni a aka nyinaa ho, na ɛbɛmene asaase nyinaa na ɛde ne nan atiatia so abubu no.+ 24  Na mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahenni no ara mu aba; wɔn akyi no, ɔfoforo bi nso bɛba, na ɔbɛyɛ soronko wɔ wɔn a wodii kan no ho, na ɔbɛbrɛ ahemfo baasa ase.+ 25  Na ɔbɛkeka nsɛm atia Ɔsorosoroni no,+ na ɔbɛkɔ so ahaw Opumpuni no akronkronfo. Ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛsesa mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere, ne mmere, ne bere fã.*+ 26  Nanso Baguafo* tenaa ase buu atɛn, na wogyee ne tumi fii ne nsam, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe no ayɛ no pasaa.+ 27  “‘Na ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahenni nyinaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase no, wɔde maa Opumpuni no akronkronfo no.+ Wɔn ahenni yɛ ahenni a etim hɔ daa,+ na tumidi nyinaa bɛsom wɔn atie wɔn.’ 28  “Ɛha na asɛm no si. Na me Daniel de, nneɛma a meredwen ho wɔ me tirim no bɔɔ me hu paa, na meyɛɛ hoyaa;* nanso asɛm no de, mede siee me koma mu.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mfe nnompe.”
Anaa “ahomaso.”
Kyerɛ sɛ, ɔsoro Baguafo.
Anaa “ahomaso nsɛm.”
Anaa “ahomaso.”
Kyerɛ sɛ, mmere abiɛsa ne fã.
Kyerɛ sɛ, ɔsoro Baguafo.
Anaa “m’anim sesae.”