Daniel 2:1-49

  • Ɔhene Nebukadnesar soo dae bi; ɛmaa ne ho yeraw no (1-4)

  • Onyansafo biara antumi anka ɔdae no (5-13)

  • Daniel hwehwɛɛ mmoa fii Onyankopɔn hɔ (14-18)

  • Oyii Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔma ohuu ahintasɛm no (19-23)

  • Daniel kaa ɔhene dae no kyerɛɛ no (24-35)

  • Ɔdae no nkyerɛase (36-45)

    • Ɔbo a egyina hɔ ma Ahenni no bubuu ohoni no (44, 45)

  • Ɔhene de nidi maa Daniel (46-49)

2  Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien mu no, ɔsosoo adae bi, na ne* ho yeraw no paa,+ na na ontumi nna.  Enti ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akɔmfo ne nkonyaayifo ne asumanfo ne Kaldeafo* no mmra na wɔmmɛka ɔhene dae no nkyerɛ no. Na wɔbae, na wobegyinagyinaa ɔhene anim.+  Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Maso dae bi, na ama me ho yeraw me,* enti mepɛ sɛ mihu dae a mesoe no.”  Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene wɔ Aram kasa*+ mu sɛ: “O ɔhene, nya nkwa daa. Ka dae no kyerɛ wo nkoa, na yɛbɛkyerɛ ase.”  Na ɔhene ka kyerɛɛ Kaldeafo no sɛ: “Asɛm a etwa to a mereka ni: Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me, na moankyerɛ ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wɔbɛdan mo afi amansan agyananbea.*  Na sɛ moka ɔdae no na mokyerɛ ase a, mɛkyɛ mo ade, mɛbɔ mo aba so, na mama mo nidi kɛse.+ Enti monka ɔdae no nkyerɛ me na monkyerɛ ase.”  Ɛnna wɔkae ne mprenu so sɛ: “Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛbɛkyerɛ ase.”  Na ɔhene kae sɛ: “Minim paa sɛ mopɛ sɛ munya bere, efisɛ munim nea maka.  Sɛ moanka ɔdae no ankyerɛ me a, ade baako pɛ na ɛda hɔ retwɛn mo nyinaa. Minim sɛ moayɛ adwene sɛ mobɛka atosɛm ne nnaadaasɛm akyerɛ me kosi sɛ mɛsesa m’adwene. Enti monka ɔdae no nkyerɛ me, na minhu sɛ mubetumi akyerɛ ase.” 10  Ɛnna Kaldeafo no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Onipa biara nni asaase* so a obetumi ayɛ nea ɔhene reka yi, efisɛ ɔhenkɛse anaa amrado biara nni hɔ a wabisa biribi a ɛte sɛɛ afi ɔkɔmfo anaa nkonyaayifo anaa Kaldeani biara hɔ da. 11  Asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den, na obiara nni hɔ a obetumi aka asɛm yi akyerɛ ɔhene, gye anyame a wɔnte nnipa mu no.”* 12  Ɛno nti ɔhene bo fuwii paa, na ɔkae sɛ wonkunkum Babilon anyansafo nyinaa.+ 13  Bere a ɔhene hyɛɛ mmara no a na wɔrebekunkum anyansafo no, wɔhwehwɛɛ Daniel ne ne nnamfo no sɛnea ɛbɛyɛ a wobekunkum wɔn nso. 14  Saa bere no, Daniel de nyansa ne ahwɛyiye kasa kyerɛɛ ɔhene awɛmfo so panyin Ariok a na wasi mu sɛ ɔrekokunkum Babilon anyansafo no. 15  Obisaa ɔhene awɛmfo so panyin Ariok sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ahyɛ mmara denneennen saa?” Ɛnna Ariok kaa asɛm no kyerɛɛ Daniel.+ 16  Enti Daniel kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere na ɔmmɛkyerɛ ase nkyerɛ ɔhene. 17  Ɛno akyi no, Daniel kɔɔ ne fi, na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ ne nnamfo Hanania, Misael, ne Asaria. 18  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmmɔ ɔsoro Nyankopɔn no mpae na onhu wɔn mmɔbɔ wɔ ahintasɛm yi ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum Daniel ne ne nnamfo no nka Babilon anyansafo a aka no ho. 19  Ɛnna Onyankopɔn yii ahintasɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anadwo anisoadehu mu.+ Enti Daniel yii ɔsoro Nyankopɔn no ayɛ. 20  Na Daniel kae sɛ: “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa daa,*Efisɛ ɔno nko ara na nyansa ne tumi yɛ ne dea.+ 21  Ɔsesã mmere ne nna,+Otu ahene na osi ahene,+Ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhumu nimdeɛ.+ 22  Oyi nneɛma a emu dɔ ne nea ahintaw adi,+Onim nea ɛwɔ esum mu,+Na ɔno na hann ne no te.+ 23  O m’agyanom Nyankopɔn, wo na meda wo ase na mekamfo wo,Efisɛ woama me nyansa ne tumi. Na afei nea yɛsrɛɛ wo no, woayi no adi akyerɛ me;Na nea ehia ɔhene no, woama yɛahu.”+ 24  Ɛnna Daniel kɔɔ Ariok a ɔhene ayi no sɛ onkunkum Babilon anyansafo no+ nkyɛn. Na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Babilon anyansafo no, nkum obiara. Fa me kɔ ɔhene anim, na menkɔkyerɛ ɔhene dae no ase.” 25  Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yudafo a wɔatu wɔn ase aba ha no,+ mahu ɔbarima bi wɔ wɔn mu a obetumi akyerɛ ɔhene dae no ase.” 26  Na ɔhene bisaa Daniel a ne din de Beltesasar+ no sɛ: “Wugye di paa sɛ dae a mesoe no, wubetumi aka akyerɛ me na woakyerɛ ase?”+ 27  Daniel buaa ɔhene sɛ: “Ahintasɛm a ɔhene abisa no, anyansafo, nkonyaayifo, akɔmfo, anaa nsoromma mu ahwɛfo no mu biara rentumi nyi no adi nkyerɛ ɔhene.+ 28  Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba wɔ awiei nna no mu. Ɔdae a wosoe no ni, na anisoadehu a wunyae wɔ wo tirim bere a na woda wo mpa so no ni: 29  “O ɔhene, bere a woda wo mpa so no, wudwinnwen nea ɛbɛba daakye ho, na nea oyi ahintasɛm adi no ama woahu nea ebesi. 30  Na me de, ɛnyɛ nyansa a minim sen ateasefo nyinaa nti na wɔayi ahintasɛm yi akyerɛ me; mmom nea ɛbɛyɛ a wo ɔhene, wubehu nkyerɛase no, na woahu wo koma mu nsusuwii ntia.+ 31  “O ɔhene, na worehwɛ, ɛnna wuhuu ohoni kɛse bi. Ná ohoni no so, na na ɛhyerɛn paa. Ná egyina w’anim, na na ɛyɛ hu. 32  Ohoni no, ne ti yɛ sika kɔkɔɔ amapa,+ ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ,+ ne yafunu ne n’asrɛ yɛ kɔbere,+ 33  ne nan yɛ dade,+ na ne nan ase fã bi yɛ dade, ɛnna ɔfã bi nso yɛ dɔte.*+ 34  Wohwɛe ara kosii sɛ wɔpaee ɔbo bi a ɛnyɛ obiara nsa na ɛpaee. Ɔbo no bɛbɔɔ ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no, na ebubuu no.+ 35  Saa bere no, dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ no nyinaa bubui, na ɛyɛe sɛ ntɛtɛwa a ɛwɔ awiporowbea wɔ ahohuru bere mu, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu ɛho biribiara bio. Na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no dan bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asaase nyinaa ma. 36  “Ɛno ne dae a wosoe no, na afei yɛrebɛka ne nkyerɛase akyerɛ ɔhene. 37  O ɔhene, woyɛ ahemfo mu hene, na wo na ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni+ ne tumi ne ahoɔden ne anuonyam ama wo, 38  na baabiara a nnipa mma ne wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo asi wɔn nyinaa so.+ Wone eti a ɛyɛ sika kɔkɔɔ no.+ 39  “Nanso w’akyi no, ahenni foforo bɛba*+ a ennu wo de no; afei ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere nso bɛba,* na ebedi asaase nyinaa so.+ 40  “Ahenni a ɛto so anan no de, ɛbɛyɛ den sɛ dade.+ Na sɛnea dade bubu biribi foforo biara na ɛyam no no, saa ara na ebebubu eyinom nyinaa na ayam no. Yiw, ɛbɛyam no sɛnea dade yam ade no.+ 41  “Na sɛnea wuhuu ne nan ase ne ne nansoaa no sɛ ɔfã bi yɛ ɔnwemfo dɔte na ɔfã bi nso yɛ dade no, saa ara na ahenni no mu bɛpaapae. Nanso sɛnea wuhui sɛ dade frafra dɔte a ɛyɛ mmerɛw no, ahenni no fã bi bɛyɛ den sɛ dade. 42  Na sɛnea ne nansoaa no fã bi yɛ dade na ne fã bi nso yɛ dɔte no, saa ara na ahenni no fã bi bɛyɛ den na ne fã bi nso ayɛ mmerɛw. 43  Sɛnea wuhui sɛ dade ne dɔte a ɛyɛ mmerɛw adi afra no, ne fã a ɛyɛ den no ne nnipa* bedi afra; nanso ɛremfomfam ho, sɛnea dade ne dɔte ntumi mfra no. 44  “Saa ahemfo no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba.+ Wɔrensɛe saa ahenni no da,+ na ɛrenkodi ɔman foforo biara nsam.+ Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no,+ na ɛno nko ara na ebegyina daa.+ 45  Sɛnea wuhui sɛ ɔbo bi a obiara nsa ampae tew fii bepɔw no ho bebubuu dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ.+ Onyankopɔn Kɛse no na wakyerɛ ɔhene nea ɛbɛba daakye.+ Ɔdae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase nso renni huammɔ.” 46  Ɛnna Ɔhene Nebukadnesar de n’anim butuw fam wɔ Daniel anim, na ɔde nidi maa no. Na ɔkae sɛ wɔmma no akyɛde na wɔnhyew aduhuam mma no. 47  Na ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame ne ahemfo Wura ne nea oyi ahintasɛm adi, efisɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi.”+ 48  Enti ɔhene yɛɛ Daniel onipa kɛse, na ɔkyɛɛ no nneɛma pa pii, na ɔma odii Babilon mantam no nyinaa so,+ na ɔyɛɛ no Babilon anyansafo nyinaa so panyin. 49  Na Daniel srɛɛ ɔhene ma ɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego+ sisii Babilon mantam no so sɛ ahwɛfo, na Daniel de, ɔsomee wɔ ahemfi hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ne honhom.”
Kyerɛ sɛ, nnipakuw bi a wɔaben wɔ abisa ne nsoromma mu hwɛ mu.
Nt., “me honhom ho yeraw no.”
Nsɛm a ɛwɔ Da 2:4b kosi 7:28 no, wodii kan kyerɛwee wɔ Aram kasa mu.
Ebetumi nso akyerɛ, “sumina.”
Anaa “asaase a ɛso awo.”
Nt., “anyame a wɔnte ɔhonam mu.”
Anaa “mfi mmeresanten nkosi mmeresanten.”
Anaa “dɔte a wɔatõ.”
Anaa “bɛsɔre.”
Anaa “bɛsɔre.”
Anaa “nnipa mma,” kyerɛ sɛ, ɔmanfo no.