Nnwom 115:1-18

  • Onyankopɔn nkutoo na ɔfata anuonyam

    • Ahoni nni nkwa (4-8)

    • Ɔde asaase ama nnipa (16)

    • “Awufo ntumi nyi Yah ayɛ” (17)

115  Yɛn de, yɛmfata, O Yehowa, yɛmfata;*Wo din na hyɛ no anuonyam+Esiane wo dɔ a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti.+   Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ: “Wɔn Nyankopɔn no wɔ he?”+   Yɛn Nyankopɔn no wɔ soro;Nea ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.   Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,Onipa nsa ano adwuma.+   Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade;   Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm;Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua;   Wɔwɔ nsa, nanso wontumi nso ade mu.Wɔwɔ nan, nanso wontumi nnantew;+Nnyigyei biara mfi wɔn menewa mu mma.+   Obiara a ɔyɛ saa ahoni no, ɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+   O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ 10  O Aaron fi,+ momfa mo ho nto Yehowa so;Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm. 11  Mo a musuro Yehowa, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ 12  Yehowa kae yɛn, na obehyira yɛn;Obehyira Israel fi,+Na obehyira Aaron fi. 13  Yehowa behyira wɔn a wosuro no,Nketewa ne akɛse nyinaa. 14  Mo ne mo mma* nyinaa,Yehowa bɛma mo adɔɔso.+ 15  Yehowa a ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase noNhyira mo.+ 16  Ɔsoro yɛ Yehowa dea,+Na asaase de, ɔde ama nnipa.+ 17  Awufo ntumi nyi Yah ayɛ;+Wɔn a wɔwɔ ɔdamoa mu* nso saa ara.+ 18  Nanso yɛn de, yebeyi Yah ayɛFi nnɛ kosi daa. Munyi Yah ayɛ!*

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Biribiara nyɛ yɛn dea, O Yehowa, biribiara nyɛ yɛn dea.”
Nt., “ne mo mma mmarima.”
Nt., “Wɔn a wɔakɔda dinn.”
Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.