Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nkɔ Ɔko?

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nkɔ Ɔko?

 Nea enti a Yehowa Adansefo nkɔ ɔko na edidi so yi:

  1.   Yetie Onyankopɔn. Bible ka sɛ, wɔn a wɔsom Onyankopɔn de “wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw,” na “wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

  2.   Yetie Yesu. Yesu ka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ: “San fa wo nkrante no hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano.” (Mateo 26:52) Yesu asɛm no kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ n’akyidifo kɔ ɔko.

     Yesu kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ n’asuafo yɛ “wiase no fã.” Yesu asuafo tie saa asɛm no, enti wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu koraa. (Yohane 17:16) Sɛ asogyafo kɔ ɔko a, Yesu asuafo nyɛ ɔyɛkyerɛ ntia, na sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔ sogya a, wonsiw no kwan.

  3.   Yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho.’ (Yohane 13:34, 35) Ɛno kyerɛ sɛ, Yesu asuafo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛyɛ anuanom, enti obiara nni hɔ a ɔbɛtwe tuo ne ne nua akɔko.—1 Yohane 3:10-12.

  4.   Yesuasua tete Kristofo no. Nhoma bi ka sɛ: “Yesu akyidifo a wɔtenaa ase tete no ankɔ ɔko, na wɔankɔ sogya nso,” efisɛ na wohu sɛ “ɛne sɛnea na Yesu dɔ nkurɔfo, ne ahyɛde a ɔde mae sɛ yɛnnɔ yɛn atamfo no nhyia.” (Encyclopedia of Religion and War) Peter Meinhold yɛ Germanni a osua nyamesom ho ade. Ɔno nso kaa Yesu asuafo a wɔtenaa ase tete no ho asɛm sɛ: “Ná wonim sɛ, obi rentumi nyɛ Kristoni na ɔnsan nyɛ sogyani.”

Nea yɛyɛ de boa ɔman nkɔso

 Yehowa Adansefo yɛ ɔman mma pa. Wɔnyɛ biribiara mfa nsɛe ɔman a wɔte mu no asomdwoe, enti wɔn ho nyɛ hu. Bible akwankyerɛ a edidi so yi nti, yebu aban mpanyimfo:

  •   “Ɔkra [anaa onipa] biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.”—Romafo 13:1.

  •   “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—Mateo 22:21.

 Enti yedi mmara so, yetua tow, na sɛ aban reyɛ biribi de aboa ɔmanfo a, yɛnsɔre ntia.