Mateo Asɛmpa 28:1-20

  • Wonyan Yesu (1-10)

  • Wɔmaa asraafo no sika sɛ wonni atoro (11-15)

  • Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ aman n’asuafo (16-20)

28  Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a edi kan ahemanakye no, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔhwɛɛ ɔda no.+  Na hwɛ! Ná asaasewosow kɛse bi asi, efisɛ na Yehowa* bɔfo asian fi soro abepia ɔbo no afi hɔ, na na ɔte so.+  Ná ɔbɔfo no hyerɛn te sɛ anyinam, na n’ataade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+  Ne ho hu nti, asraafo no ho popoe, na ɛyɛe sɛ nea wɔawuwu.  Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ: “Munnsuro, na minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no+ no.  Onni ha, efisɛ wɔanyan no sɛnea ɔkae no.+ Mommra, mommɛhwɛ faako a na ɔda no.  Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wasɔre afi awufo mu. Na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea,+ na ɛhɔ na mubehu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+  Enti wofii ɔda no ho ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigye kɛse tuu mmirika sɛ wɔrekɔbɔ n’asuafo no amanneɛ.+  Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn, na ɔkae sɛ: “Asomdwoe nka mo!” Ɛnna wɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nan kotow no. 10  Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.” 11  Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, asraafo+ no bi kɔɔ kurow no mu, na wɔkɔkaa nea asi nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyin no. 12  Na bere a asɔfo mpanyin no ne mpanyimfo no hyiae na wɔbɔɔ pɔw no, wɔmaa asraafo no sika* bebree 13  na wɔkae sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdedae no na n’asuafo no bae bewiaa no.’+ 14  Na sɛ amrado no te a, yɛbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ no,* enti munnsuro.” 15  Ɛnna wogyee sika* no, na wɔyɛɛ nea wɔakyerɛ wɔn no. Na asɛm yi trɛwee wɔ Yudafo mu de besi nnɛ. 16  Na asuafo 11 no kɔɔ Galilea,+ na wɔkɔɔ bepɔw a na Yesu akyerɛ sɛ wonkohyia wɔ so no so.+ 17  Bere a wohuu no no, wɔkotow no. Nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã. 18  Na Yesu baa wɔn nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.+ 19  Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo,+ mommɔ wɔn asu+ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, 20  monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi* awiei bere.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “nnwetɛbona.”
Nt., “yɛne no bɛka.”
Nt., “nnwetɛbona.”
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.