Mateo Asɛmpa 6:1-34

  • BEPƆW SO ASƐNKA (1-34)

    • Nyɛ wo ho ɔtreneeni wɔ nnipa ani so (1-4)

    • Sɛnea yɛbɔ mpae (5-15)

      • Mpaebɔ ho nhwɛso (9-13)

    • Akɔnkyen (16-18)

    • Asaase so agyapade ne ɔsoro agyapade (19-24)

    • Munnyae sɛ mudwinnwen (25-34)

      • Monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan (33)

6  “Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee wɔ nnipa anim sɛnea wobehu mo;+ anyɛ saa a, morennya akatua biara mfi mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.  Enti sɛ woreyɛ adɔe* a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ wɔ hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn anuonyam no. Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie.  Na wo de, sɛ woreyɛ adɔe a, mma wo nsa benkum nnhu nea wo nsa nifa reyɛ,  na ama w’adɔe ayɛ kokoam de. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka.+  “Afei nso, sɛ mobɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo+ no, efisɛ wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmantwea wɔ mmɔnten so bɔ mpae, sɛnea nnipa behu wɔn.+ Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie.  Nanso sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia mu, na to wo pon mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae.+ Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka.  Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii sɛnea amanaman mufo yɛ no, efisɛ wosusuw sɛ wɔn nsɛm dodow nti wobetie wɔn.  Enti monnyɛ sɛ wɔn, efisɛ mo Agya nim nneɛma a muhia+ koraa ansa na moabisa no.  “Enti mommɔ mpae sɛ:+ “‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din+ ho ntew.*+ 10  W’Ahenni+ mmra. W’apɛde+ nyɛ hɔ wɔ asaase so+ te sɛ ɔsoro. 11  Ma yɛn aduan* a yehia no nnɛ da yi;+ 12  na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no.+ 13  Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,+ mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no+ nsam.’ 14  “Na sɛ mode nkurɔfo mfomso kyɛ wɔn a, mo soro Agya nso de mo de bɛkyɛ mo;+ 15  na sɛ moamfa nkurɔfo mfomso ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.+ 16  “Sɛ moreyɛ akɔnkyen*+ a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ nyaatwomfo no, efisɛ wɔyɛ wɔn anim basaa* na ama nnipa ahu sɛ wɔreyɛ akɔnkyen.+ Nokwarem mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 17  Na wo de, sɛ woreyɛ akɔnkyen a, fa ngo sra wo tirim na hohoro w’anim, 18  na nnipa anhu sɛ woreyɛ akɔnkyen, na mmom w’Agya a ɔwɔ kokoam no nko ara ahu. Ɛno na w’Agya a ohu kokoam no betua wo ka. 19  “Munnyae sɛ moboaboa agyapade ano wɔ asaase so no,+ baabi a nwewemmoa* ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia. 20  Mmom no, mommoaboa mo agyapade ano wɔ soro,+ baabi a nwewemmoa* anaa nkannare nsɛe no,+ na akorɔmfo mmubu nkowia. 21  Efisɛ baabi a w’agyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ. 22  “Nipadua kanea ne aniwa.+ Enti sɛ w’aniwa hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn.* 23  Nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere ade*+ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, ɛnde na ɛyɛ esum kabii! 24  “Obiara rentumi nsom awuranom baanu; efisɛ ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako,+ anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyade.+ 25  “Eyi nti mereka akyerɛ mo sɛ: Munnyae sɛ mudwinnwen+ mo nkwa* ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ Nkwa* nhia nsen aduan? Na nipadua no nsen ataade anaa?+ 26  Momfa mo ani nto fam nhwɛ wim nnomaa;+ wongu aba, wontwa, wɔmmoaboa ano ngu adekoradan mu, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. Mo ho nhia pii nsen wɔn anaa? 27  Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho?+ 28  Bio nso, adɛn nti na mudwinnwen ataade ho? Monhwɛ nhwiren* na munsua biribi, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntama; 29  nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon+ mpo, n’anuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako. 30  Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, ɔrenhyɛ mo ataade mmoro so anaa, mo a mo gyidi sua? 31  Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen da,+ na moka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’+ 32  Eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa. 33  “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.+ 34  Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da,+ efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “worekyɛ ahiafo ade.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ma wo din nyɛ kronkron.”
Nt, “paanoo.”
Anaa “moredi mmuada.”
Anaa “wɔyɛ wɔn ho basaa.”
Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wotu a wɔwe ntama.
Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wotu a wɔwe ntama.
Anaa “w’aniwa ye.” Nt., “sɛ w’aniwa hwɛ ade baako.”
Anaa “bɛyɛ hann.”
Nt., “ani a edi bɔne akyi; ani a enye.”
Anaa “Morentumi nyɛ nkoa mma.”
Anaa “Ɔkra no.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “wuram sukooko.”