Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo 9:1-15

  • Nea ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔkyɛ ade (1-15)

    • Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade (7)

9  Na ɔsom a yɛde boa akronkronfo no+ de, ɛho nhia sɛ mekyerɛw ho asɛm brɛ mo,  efisɛ minim sɛ moayɛ krado, na ɛno nti mede mo hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafo. Maka akyerɛ wɔn sɛ, afe ni na Akaiafo yɛɛ krado sɛ wɔbɛboa, na mo ahokeka no akanyan wɔn mu dodow no ara.  Nanso meresoma anuanom no, sɛnea ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho sɛ mopɛ sɛ moboa no renyɛ kwa, na ɛbɛma moayɛ krado sɛ mobɛboa, sɛnea mekae sɛ mobɛyɛ no ara.  Anyɛ saa na sɛ Makedoniafo ne me ba, na wɔbɛto sɛ monyɛɛ krado a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛn ani bewu sɛ yenyaa mo mu awerɛhyem; mo nso mo ani bewu bi.  Enti mihui sɛ ɛho hia sɛ mehyɛ anuanom no nkuran ma wodi kan ba mo nkyɛn, na ama moapɛ akyɛde a muyii mo yam hyɛɛ ho bɔ no ato hɔ. Ɛba saa a, yɛbɛba no, na akyɛde no wɔ hɔ dedaw. Ɛno bɛkyerɛ sɛ mo ara na muyii mo yam de mae, na ɛnyɛ sɛ yɛhyɛɛ mo.  Asɛm no ara ne sɛ, obiara a ogu no pɛpɛe so no, obetwa no pɛpɛe so, na obiara a ogu pii no, obetwa pii.+  Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so,+ efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.+  Bio nso, Onyankopɔn betumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a bere nyinaa mubenya nea ɛbɛso mo wɔ biribiara mu, na moanya pii nso de ayɛ adwuma pa biara.+  (Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wakyɛ ade pii;* wama ahiafo ade. Ne trenee wɔ hɔ daa.”+ 10  Na Nea ɔma ogufo nya aba pii, na ɔma nkurɔfo paanoo di no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama moatwa mo trenee so aba bebree.) 11  Biribiara mu, munya mo ho na ama moayɛ adɔe wɔ akwan nyinaa so, na ɛnam yɛn so ama Onyankopɔn anya aseda; 12  efisɛ ɔsom a yɛde boa nkurɔfo yi, ɛnyɛ akronkronfo nko ara na ɛma wonya nea wohia biara,+ na mmom ɛma nnipa nya nneɛma pii a wobegyina so de aseda bebree ama Onyankopɔn. 13  Mmoa* a yɛde boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no ma wonya adanse de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Efisɛ sɛnea moboa nkurɔfo no kyerɛ sɛ mo ankasa de asɛmpa a moka fa Kristo ho no bɔ mo bra. Ɛnyɛ ɛno nko. Mmom mosan yi mo yam de mo ntoboa kɔma wɔn ne obiara.+ 14  Na wɔbɔ mpae* ma mo de kyerɛ sɛ wɔdɔ mo, esiane Onyankopɔn adom a ɛboro so wɔ mo so no nti. 15  Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛde a ɛso bi nni no ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Wayi ne yam akyɛ ade.”
Anaa “Ɔsom adwuma.”
Anaa “wɔkotow srɛ.”