Nnwom 1:1-6

  • Ɔkwampa ne ɔkwammɔne

    • Nea ɔkenkan Onyankopɔn mmara ani gye (2)

    • Ɔtreneeni te sɛ dua a ɛsow aba (3)

    • Abɔnefo te sɛ ntɛtɛwa a mframa huw kɔ (4)

1  Anigye ne onipa a ɔmfa abɔnefo afotu mmɔ ne bra,Na onkogyina nnebɔneyɛfo kwan so,+Na ɔntena fɛwdifo+ tenabea.   Mmom n’ani gye Yehowa mmara+ ho,Na ɔkenkan Ne mmara no dwinnwen ho* awia ne anadwo.+   Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsu ho;Ɛsow aba wɔ ne bere mu,Na n’ahaban remporow, Na nea ɔyɛ biara bewie yiye.+   Abɔnefo de, wɔnte saa;Wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa huw kɔ.   Ɛno nti sɛ atemmu ba a, abɔnefo rentumi nnyina,+Na nnebɔneyɛfo rentumi nnyina atreneefo bagua mu.+   Efisɛ Yehowa nim atreneefo kwan,+Na nnebɔneyɛfo kwan de, ɛbɛyera.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɔkenkan Ne mmara no wɔ ne menewa mu.”