Yohane Nhoma a Edi Kan 5:1-21

  • Yesu mu gyidi di wiase so nkonim (1-12)

    • Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ (3)

  • Nya ahotoso sɛ mpaebɔ wɔ tumi (13-17)

  • Monhwɛ mo ho yiye wɔ wiase bɔne mu (18-21)

    • Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu (19)

5  Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na awo no.+ Na obiara a ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔdɔ nea Onyankopɔn awo no.  Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma.+ Ɛne sɛ, yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi n’ahyɛde so.  Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni: Ɛno ne sɛ yebedi n’ahyɛde so;+ na n’ahyɛde nyɛ adesoa,+  efisɛ obiara* a Onyankopɔn awo no no, odi wiase so nkonim.+ Na nea yɛde adi wiase so nkonim ne yɛn gyidi.+  Hena na obetumi adi wiase so nkonim?+ Ɛnyɛ nea ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba+ no anaa?  Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae no, Yesu Kristo. Ɛnyɛ nsu no nko ara+ na ɔnam so bae, na mmom ɔnam nsu no ne mogya no+ so. Na honhom no di adanse,+ efisɛ honhom no ne nokware no.  Na nneɛma abiɛsa na edi adanse:  honhom+ no ne nsu+ no ne mogya+ no; na abiɛsa no nyinaa adanse hyia.  Sɛ yegye nnipa adanse tom a, ɛnde Onyankopɔn adanse de, yegye tom koraa. Efisɛ eyi ne adanse a Onyankopɔn de ama, adanse a wadi afa ne Ba no ho no. 10  Nea ogye Onyankopɔn Ba no di no wɔ adanse no wɔ ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo,+ efisɛ adanse a Onyankopɔn adi wɔ ne Ba no ho no, wannye anni. 11  Na adanse no ni: Onyankopɔn maa yɛn daa nkwa,+ na saa nkwa yi wɔ ne Ba no mu.+ 12  Nea ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no; nea onni Onyankopɔn Ba no nni saa nkwa no.+ 13  Merekyerɛw eyinom abrɛ mo a mugye Onyankopɔn Ba no+ din di no, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa.+ 14  Yɛwɔ ahotoso wɔ Onyankopɔn mu+ sɛ,* biribiara a yebebisa a ɛne n’apɛde hyia no, obetie yɛn.+ 15  Na esiane sɛ yenim sɛ otie biribiara a yebisa no nti, yenim sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛabisa no, efisɛ yɛabisa afi ne hɔ.+ 16  Sɛ obi hu sɛ ne nua reyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɔ mpae* mma no, na Onyankopɔn bɛma ne nua no nkwa,+ yiw, ɔde bɛma wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a, ɛkɔ owu mu.+ Saa bɔne no ho de, menka sɛ ɔmmɔ mpae.* 17  Nea ɛnteɛ nyinaa yɛ bɔne,+ nanso bɔne bi wɔ hɔ a, ɛnkɔ owu mu. 18  Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no ntena bɔne mu, mmom nea Onyankopɔn awo no no* hwɛ no so, na ɔbɔnefo no ntumi mfa ne nsa nka no.*+ 19  Yenim sɛ yefi Onyankopɔn, nanso wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.+ 20  Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba,+ na wama yɛn adwene* sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya ɔnokwafo no ho nimdeɛ. Yɛnam ɔnokwafo no Ba Yesu Kristo so ne ɔnokwafo no ayɛ baako.+ Eyi ne nokware Nyankopɔn no ne daa nkwa no.+ 21  Mma nkumaa, monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “biribiara.”
Anaa “Nea ɛma yɛde ahotoso kasa wɔ n’anim ne sɛ.”
Anaa “ommisa; ɔnsrɛ.”
Anaa “ommisa; ɔnsrɛ.”
Kyerɛ sɛ, Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no.
Anaa “ntumi nso ne mu.”
Nt., “nyansa; nhumu; ntease.”