Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 15

Ɔkwan Bɛn so na Mpanyimfo no Boa Asafo No?

Ɔkwan Bɛn so na Mpanyimfo no Boa Asafo No?

Finland

Ɔkyerɛkyerɛ

Nsrahwɛ adwuma

Adansedi

Yenni asɔfo a yetua wɔn ka wɔ yɛn ahyehyɛde no mu. Mmom no, wɔpaw ahwɛfo a wɔfata ‘sɛ wɔnhwɛ Onyankopɔn asafo no so’ sɛnea na wɔyɛ wɔ Kristofo asafo no mfiase no. (Asomafo Nnwuma 20:28) Saa mpanyimfo yi yɛ Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw a wodi asafo no anim na wɔhwɛ so, ‘ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom wofi wɔn pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.’ (1 Petro 5:1-3) Adwuma bɛn na wɔyɛ ma yɛn?

Wɔhwɛ yɛn so, na wɔbɔ yɛn ho ban. Asafo mu mpanyimfo no de akwankyerɛ ma asafo no na wɔboa yɛn ma yɛkɔ so bata Yehowa ho. Esiane sɛ mpanyimfo no nim sɛ Onyankopɔn na ɔde adwuma a ɛho hia yi ahyɛ wɔn nsa nti, wɔnhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, mmom no, wɔboa yɛn ma esi yɛn yiye na ɛma yɛn ani gye. (2 Korintofo 1:24) Sɛnea oguanhwɛfo de nsi hwɛ ne nguan no mu biara no, saa ara na mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobehu asafo no muni biara.—Mmebusɛm 27:23.

Wɔkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Dapɛn biara, mpanyimfo no hwɛ asafo nhyiam ahorow so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ yɛn gyidi den. (Asomafo Nnwuma 15:32) Saa mmarima a wɔwɔ ahofama yi san di asɛmpaka adwuma no anim, wɔne yɛn bom yɛ asɛnka adwuma no, na wɔtete yɛn wɔ asɛnka adwuma no afã nyinaa mu.

Wɔhyɛ yɛn mu biara nkuran. Nea ɛbɛyɛ na asafo mu mpanyimfo no aboa yɛn mu biara ma yɛne Yehowa abusuabɔ mu ayɛ den no, wotumi sra yɛn wɔ yɛn afie mu anaa Ahenni Asa so, na wɔboa yɛn de Kyerɛwnsɛm no kyekye yɛn werɛ.—Yakobo 5:14, 15.

Adwuma a mpanyimfo no yɛ wɔ asafo no mu akyi no, wɔn mu dodow no ara san yɛ honam fam nnwuma, na wɔwɔ mmusua mu asɛyɛde ahorow a egye bere pii a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Ɛfata sɛ yɛde obu ma saa anuanom mmarima a wɔyɛ adwumaden yi.—1 Tesalonikafo 5:12, 13.

  • Adwuma bɛn na asafo mu mpanyimfo yɛ?

  • Dɛn na mpanyimfo no yɛ de kyerɛ sɛ wodwen yɛn mu biara ho?