Ɔde Kɔmaa Galatifo 2:1-21

  • Paul ne asomafo no kohyiae wɔ Yerusalem (1-10)

  • Paul teɛɛ Petro (Kefa) so (11-14)

  • Gyidi nkutoo na etumi bu yɛn bem (15-21)

2  Ɛno akyi mfe 14 no, mesan ne Barnaba kɔɔ Yerusalem,+ na mefaa Tito nso kaa me ho.+  Minyaa oyikyerɛ sɛ menkɔ hɔ nti na mekɔe, na mede asɛmpa a meka no amanaman mu no ho asɛm too mpanyimfo a anuanom bu wɔn no nkutoo anim, efisɛ na mempɛ sɛ mmirika a matu anaa meretu no yɛ ɔkwa.  Tito+ a na ɔka me ho no mpo, wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia,*+ ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Greeceni no.  Nea ɛkɔfaa asɛm no bae ne anuanom atorofo a wɔayɛ kodɛɛ aba asafo no mu;+ wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛsɛe ahofadi+ a Kristo Yesu nti yɛwɔ no, na wɔde yɛn ayɛ nkoa koraa.+  Nea ɛbɛyɛ a mobɛtena asɛmpa no ho nokware no mu nti, yɛangow yɛn ho amma saa nnipa no;+ yɛangow yɛn ho kakraa bi* mpo.  Anuanom a wobu wɔn no de,+ sɛnea bere bi na wɔte no, ɛnyɛ ɛno na ehia me, efisɛ ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ nnipa ani so na Onyankopɔn hwɛ. Nea ɛwom ne sɛ, saa anuanom a wodi nneɛma anim yi ankyerɛ me biribi foforo biara.  Mmom wobehui sɛ wɔde ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wontwaa twetia+ sɛnea wɔde asɛmpa no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn a wɔatwa twetia no.  Nea ɔmaa Petro tumi a ɔde yɛɛ asomafo adwuma maa wɔn a wɔatwa twetia no, ɔno ara na ɔmaa me nso tumi a mede reyɛ adwuma wɔ amanaman mufo mu.+  Enti bere a Yakobo+ ne Kefa* ne Yohane a wɔayɛ sɛ adum no huu adom a wɔde adom me+ no, wokyiaa me ne Barnaba+ nsam penee so* sɛ yɛnkɔ amanaman mufo mu, na wɔn nso nkɔ wɔn a wɔatwa twetia no mu. 10  Ade a wɔsrɛe ara ne sɛ yɛnkae ahiafo bere nyinaa, na mabɔ mmɔden paa nso de ayɛ adwuma.+ 11  Nanso, bere bi a Kefa*+ baa Antiokia+ no, meka sii n’anim sɛ wayɛ biribi a ɛmfa kwan mu.* 12  Nea ɛbae ne sɛ, ansa na nnipa bi a wofi Yakobo+ hɔ reba no, na ɔne amanaman mufo didi,+ nanso bere a wɔbae no, esiane sɛ na osuro wɔn a wɔatwa twetia no+ nti, ogyaee, na ɔtwee ne ho fii amanaman mufo no ho. 13  Yudafo a wɔaka no nso kɔkaa ne ho wɔ ne nyaatwom no mu, na Barnaba mpo kodii wɔn nyaatwom no akyi. 14  Nanso bere a mihui sɛ wɔamfa asɛmpa no ho nokware anyɛ adwuma no,+ meka kyerɛɛ Kefa* wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Wo a woyɛ Yudani no, sɛ woanyɛ w’ade sɛ Yudani na mmom wobɔ wo bra sɛ amanaman muni a, adɛn nti na worehyɛ amanaman mufo sɛ wɔmmɔ wɔn bra sɛ Yudafo?”+ 15  Yɛn a yefi awo mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ nnebɔneyɛfo a wofi amanaman mu no, 16  yenim sɛ ɛnyɛ mmara nnwuma na ebu onipa bem, na mmom Yesu Kristo+ mu gyidi+ nkutoo na ebu obi bem. Enti yɛagye Kristo Yesu adi, na ama wɔafa Kristo mu gyidi so abu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma, efisɛ ɛkaa mmara nnwuma nko a, anka wɔremmu obiara* bem.+ 17  Afei sɛ yɛn nso wobu yɛn sɛ abɔnefo a ehia sɛ wɔfa Kristo so bu yɛn bem a, ɛno kyerɛ sɛ Kristo yɛ ɔsomfo a ɔboa bɔne anaa? Daabida! 18  Sɛ mesan si nea bere bi midwiriw gui no a, ɛno kyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo. 19  Esiane sɛ midii mmara no so nti, made me ho afi mmara no ho,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase wɔ Onyankopɔn mu. 20  Wɔabɔ me ne Kristo nyinaa asɛndua mu.+ Ɛnyɛ me na mete ase bio,+ na mmom ɛyɛ Kristo na ɔte me mu. Ampa, te a mete ase ɔhonam mu seesei yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no mu gyidi mu;+ ɔno na ɔdɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.+ 21  Onyankopɔn adom+ de, merempo,* efisɛ sɛ trenee nam mmara so na ɛba a, ɛnde anka Kristo awu kwa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ontwa ne dua.”
Nt., “dɔnhwerew baako.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Anaa “de kyerɛɛ ayɔnkofa.”
Anaa “ɛma odi fɔ.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.
Nt., “ɔhonam biara.”
Nt., “mawu ama mmara no.”
Anaa “merentumi mpia nto nkyɛn.”