Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | MPAEBƆ ƐHO HIA ANAA?

Nea Enti a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛbɔ No Mpae

Nea Enti a Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛbɔ No Mpae

Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa yɛn adamfo.

Nkɔmmɔbɔ ma adamfoɔ sɔ. Onyankopɔn nso pɛ sɛ yɛyɛ ne nnamfo paa, enti ɔpɛ sɛ yɛne no bɔ nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: “Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.” (Yeremia 29:12) Sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae a, ‘wobɛbɛn no na ɔno nso bɛbɛn wo.’ (Yakobo 4:8) Bible ma yɛhu sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.” (Dwom 145:18) Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae bere nyinaa a, ɛma yɛne no yɛ nnamfo paa.

“Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.”—Dwom 145:18

Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa wo.

Yesu kaa sɛ: “Mo mu hwan koraa na ne ba bisa no paanoo a ɔde boɔ bɛma no? Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛma no? Enti sɛ [monim] sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mo Agya a ɔwɔ soro no de nnepa bɛma wɔn a wɔbisa no no!” (Mateo 7:9-11) Enti, Onyankopɔn pɛ sɛ wobɔ no mpae efisɛ, ‘ɔdwene wo ho’ na ɔpɛ sɛ ɔboa wo. (1 Petro 5:7) Ɔka mpo sɛ fa wo haw bɛto n’anim. Bible ka sɛ: “Monnnwennwene biribiara nnha mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim adeɛ nyinaa mu.”—Filipifoɔ 4:6.

Wɔde ɔsom duaa nnipa mu.

Animdefo a wɔhwehwɛ nnipa asetena ho nsɛm mu ahu sɛ nnipa mpempem pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. Ebinom a wɔnnye Onyankopɔn nni ne wɔn a wɔntumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mpo ahu sɛ mpaebɔ ho hia. * Wei kyerɛ sɛ nnipa wɔ honhom fam ahiadeɛ anaa wɔde ɔsom adua yɛn mu. Yesu kaa sɛ: “Anigyeɛ ne wɔn a wɔnim wɔn honhom mu ahiadeɛ.” (Mateo 5:3) Ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so anya saa ahiadeɛ no ne sɛ, yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae daa.

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛbɔ no mpae. Sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yɛbɛnya?

^ nky. 8 Afe 2012 mu no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ United States, na wɔhuu sɛ, sɛ yɛyi nnipa a wɔnnye Onyankopɔn nni ne wɔn a wɔntumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ bɛyɛ 10 a, anyɛ hwee koraa no, wɔn mu baako bɔ mpae pɛnkoro bosome biara.—Pew Research Center.