Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woma Onyankopɔn Kasa Kyerɛ Wo Da Biara?

So Woma Onyankopɔn Kasa Kyerɛ Wo Da Biara?

So Woma Onyankopɔn Kasa Kyerɛ Wo Da Biara?

MPƐN ahe na wohwɛ wo ho wɔ ahwehwɛ mu? Yɛn mu dodow no ara hwɛ yɛn anim wɔ ahwehwɛ mu da biara​—ebia yɛyɛ no mpɛn pii. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn ahosiesie ho hia yɛn.

Yebetumi de Bible a yɛkenkan no atoto ahwehwɛ a yɛhwɛ mu no ho. (Yakobo 1:23-25) Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm tumi ma yehu sɛnea yɛte ankasa. “Etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom” mu. (Hebrifo 4:12) Ɔkwan foforo so no, ɛma yehu sɛnea nnipa hu yɛn ne sɛnea yɛte ankasa. Sɛnea ahwehwɛ boa ma yehu yɛn ho no, saa ara na Bible no nso boa ma yehu nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ.

Bible no ma yehu nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ, na ɛsan boa ma yetumi yɛ saa nsakrae no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Timoteo 3:16, 17) Hyɛ no nsow sɛ, wɔ mfaso anan a wɔkaa ho asɛm no mu no, emu abiɛsa—ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, ne trenee mu nteɛso—hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn suban ne yɛn nneyɛe mu. Sɛ ɛho hia sɛ yɛtaa hwɛ yɛn ho wɔ ahwehwɛ mu na ama yɛn ahosiesie afata a, ɛnde na ɛho hia paa sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no da biara da!

Bere a Yehowa Nyankopɔn paw Yosua sɛ onni Israel man no anim no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na mmom kenkan na dwinnwen ho awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so. Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.” (Yosua 1:8) Nokwarem no, sɛ ebesi Yosua yiye a, na ehia sɛ ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no “awia ne anadwo,” da biara.

Saa ara na dwom nhoma a edi kan no ma yehu sɛ mfaso wɔ Bible a wɔkenkan no daa no so. Ɛka sɛ: “Anigye ne onipa a ɔnnantew nnebɔneyɛfo agyina mu, na onnyina abɔnefo kwan so, na ɔntena fɛwdifo tenabea. Na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo. Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsuten ho, a ɛsow aba ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.” (Dwom 1:1-3) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ onipa a ɔte saa.

Nnipa pii de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛkenkan Bible no da biara. Bere a wobisaa Kristoni bi nea enti a ɔkenkan Bible no da biara no, obuae sɛ: “Sɛ mebɔ Onyankopɔn mpae mpɛn pii da biara na mehwɛ kwan sɛ obetie me a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ mekenkan Onyankopɔn Asɛm no da biara de tie no? Sɛ yɛne obi ntam adamfofa bɛyɛ papa a, ɛnsɛ sɛ yɛn nkutoo kasa bere nyinaa.” Asɛm yi yɛ nokware. Sɛ yɛkenkan Bible no a, ɛte sɛ nea yɛretie Onyankopɔn ara pɛ, efisɛ yɛnam so hu n’adwene.

Nea Ɛbɛboa Wo ma Woakenkan Bible Daa

Ebia na woayɛ nhyehyɛe afi Bible akenkan ase dedaw. So woatumi akenkan Bible mũ no nyinaa awie? Ɛno ne ɔkwan a eye sen biara a ɛbɛma woahu Bible no mu nsɛm. Ebinom abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa, nanso sɛ wɔyɛ ara a, na agye agu. So woahyia tebea a ɛte saa? Dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi akenkan Bible mũ no nyinaa? Hwɛ sɛ wubetumi de nyansahyɛ abien a edidi so yi adi dwuma anaa.

Fa Bible akenkan ka nneɛma a woyɛ no daa no ho. Paw bere pa a wubetumi de akenkan Bible no da biara. Afei, paw bere foforo wɔ da no mu ka ho. Sɛ biribi nti woantumi akenkan Bible no wɔ bere a wode hyɛe no mu a, paw bere foforo sɛnea ɛbɛyɛ a da biara wubetumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no. Sɛ woyɛ saa a, na woresuasua tete Beroiafo no. Wɔka wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.”—Asomafo Nnwuma 17:11.

Fa botae pɔtẽẽ bi si w’ani so. Sɛ nhwɛso no, sɛ da biara wokenkan Bible no ti ahorow abiɛsa kosi anum a, wubetumi akenkan Bible mũ no nyinaa wɔ afe biako mu. Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ nkratafa a edi hɔ no kyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ eyi. Dɛn nti na wonsɔ wo ho nhwɛ sɛ ebia wubetumi adi nhyehyɛe yi so anaa? Kyerɛw bere a wode bɛkenkan ti ahorow a wɔahyehyɛ wɔ baabi a wɔakyerɛw “Da” no. Afei nso, hyɛ baabi a woakenkan awie no agyirae wɔ adaka no mu. Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woadi wo nhyehyɛe no akyi pɛpɛɛpɛ.

Sɛ wunya kenkan Bible no nyinaa wie a, ɛnsɛ sɛ wugyae. Wubetumi adi nhyehyɛe koro no ara akyi akenkan Bible mũ no nyinaa afe biara. Sɛ woresan akenkan Bible no a, wubetumi afi ase afi baabi foforo. Anaa, sɛ wompɛ sɛ wopere wo ho kenkan Bible no a, wubetumi de nnanu anaa nnansa akenkan ti ahorow a wɔahyehyɛ ama da koro no.

Bere biara a wobɛkenkan Bible no, wubehu nneɛma foforo a ɛfa wo ho a wonhyɛɛ no nsow da wom. Dɛn ntia? Efisɛ “wiase su resesa,” na yɛn nsɛm tebea ne yɛn abrabɔ nso kɔ so sesa. (1 Korintofo 7:31) Enti fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, Bible no da biara da sɛnea wohwɛ ahwehwɛ mu no. Wonam saa kwan yi so bɛma Onyankopɔn akasa akyerɛ wo da biara.—Dwom 16:8.—w09 8/1-E.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/​Mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

1

Bible Akenkan Nhyehyɛe

AKWANKYERƐ. Kyerɛw da a wode bɛkenkan ti ahorow no. Sɛ wokenkan ɔfã biara wie a, hyɛ no agyirae. Wubetumi akenkan Bible nhoma horow no nnidiso nnidiso, anaasɛ wubegyina sɛnea wɔakyekyem no so apaw ɔfã a wobɛkenkan no. Sɛ wokenkan ti ahorow a wɔahyehyɛ ama da biara no a, wubetumi de afe akenkan Bible mũ no nyinaa.

◆ Kenkan faako a wɔde kɔla KƆKƆƆ ahyɛ no agyirae no fa hu sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo no dii.

● Kenkan faako a wɔde kɔla BRUU ahyɛ no agyirae no fa hu sɛnea wofii Kristofo asafo no ase.

2

MOSE NHOMA AHOROW

DA TI □✔

/ GENESIS 1-3

/ 4-7

/ 8-11

/ ◆ 12-15

/ ◆ 16-18

/ ◆ 19-22

/ ◆ 23-24

/ ◆ 25-27

/ ◆ 28-30

/ ◆ 31-32

/ ◆ 33-34

/ ◆ 35-37

/ ◆ 38-40

/ ◆ 41-42

/ ◆ 43-45

/ ◆ 46-48

/ ◆ 49-50

/ EXODUS ◆ 1-4

/ ◆ 5-7

/ ◆ 8-10

/ ◆ 11-13

/ ◆ 14-15

/ ◆ 16-18

/ ◆ 19-21

/ 22-25

/ 26-28

/ 29-30

/ ◆ 31-33

/ ◆ 34-35

/ 36-38

/ 39-40

/ LEVITICUS 1-4

/ 5-7

/ 8-10

/ 11-13

/ 14-15

/ 16-18

/ 19-21

/ 22-23

/ 24-25

/ 26-27

/ NUMERI 1-3

/ 4-6

/ 7-9

/ ◆ 10-12

/ ◆ 13-15

/ ◆ 16-18

/ ◆ 19-21

/ ◆ 22-24

/ ◆ 25-27

/ 28-30

/ ◆ 31-32

/ ◆ 33-36

/ DEUTERONOMIUM 1-2

/ ◆ 3-4

/ 5-7

/ 8-10

/ 11-13

3

/ 14-16

/ ◆ 17-19

/ 20-22

/ 23-26

/ 27-28

/ ◆ 29-31

/ ◆ 32

/ ◆ 33-34

ISRAEL HYƐN BƆHYƐ ASASE NO SO

DA TI □✔

/ YOSUA ◆ 1-4

/ ◆ 5-7

/ ◆ 8-9

/ ◆ 10-12

/ ◆ 13-15

/ ◆ 16-18

/ ◆ 19-21

/ ◆ 22-24

/ ATEMMUFO ◆ 1-2

/ ◆ 3-5

/ ◆ 6-7

/ ◆ 8-9

/ ◆ 10-11

/ ◆ 12-13

/ ◆ 14-16

/ ◆ 17-19

/ ◆ 20-21

/ RUT ◆ 1-4

BERE A NA AHEMFO DI ISRAEL SO

DA TI □✔

/ 1 SAMUEL ◆ 1-2

/ ◆ 3-6

/ ◆ 7-9

/ ◆ 10-12

/ ◆ 13-14

/ ◆ 15-16

/ ◆ 17-18

/ ◆ 19-21

/ ◆ 22-24

/ ◆ 25-27

/ ◆ 28-31

/ 2 SAMUEL ◆ 1-2

/ ◆ 3-5

/ ◆ 6-8

/ ◆ 9-12

/ ◆ 13-14

/ ◆ 15-16

/ ◆ 17-18

/ ◆ 19-20

/ ◆ 21-22

/ ◆ 23-24

/ 1 AHENE ◆ 1-2

/ ◆ 3-5

/ ◆ 6-7

/ ◆ 8

/ ◆ 9-10

/ ◆ 11-12

4

/ 1 AHENE (ntoaso) ◆ 13-14

/ ◆ 15-17

/ ◆ 18-19

/ ◆ 20-21

/ ◆ 22

/ 2 AHENE ◆ 1-3

/ ◆ 4-5

/ ◆ 6-8

/ ◆ 9-10

/ ◆ 11-13

/ ◆ 14-15

/ ◆ 16-17

/ ◆ 18-19

/ ◆ 20-22

/ ◆ 23-25

/ 1 BERESOSƐM 1-2

/ 3-5

/ 6-7

/ 8-10

/ 11-12

/ 13-15

/ 16-17

/ 18-20

/ 21-23

/ 24-26

/ 27-29

/ 2 BERESOSƐM 1-3

/ 4-6

/ 7-9

/ 10-14

/ 15-18

/ 19-22

/ 23-25

/ 26-28

/ 29-30

/ 31-33

/ 34-36

BERE A YUDAFO NO FII NNOMMUMFA MU

DA TI □✔

/ ESRA ◆ 1-3

/ ◆ 4-7

/ ◆ 8-10

/ NEHEMIA ◆ 1-3

/ ◆ 4-6

/ ◆ 7-8

/ ◆ 9-10

/ ◆ 11-13

/ ESTER ◆ 1-4

/ ◆ 5-10

MOSE NHOMA AHOROW

DA TI □✔

/ HIOB 1-5

/ 6-9

/ 10-14

/ 15-18

/ 19-20

5

/ 21-24

/ 25-29

/ 30-31

/ 32-34

/ 35-38

/ 39-42

NNWOM NE ANYANSASƐM

DA TI □✔

/ NNWOM 1-8

/ 9-16

/ 17-19

/ 20-25

/ 26-31

/ 32-35

/ 36-38

/ 39-42

/ 43-47

/ 48-52

/ 53-58

/ 59-64

/ 65-68

/ 69-72

/ 73-77

/ 78-79

/ 80-86

/ 87-90

/ 91-96

/ 97-103

/ 104-105

/ 106-108

/ 109-115

/ 116-119:63

/ 119:64-176

/ 120-129

/ 130-138

/ 139-144

/ 145-150

/ MMEBUSƐM 1-4

/ 5-8

/ 9-12

/ 13-16

/ 17-19

/ 20-22

/ 23-27

/ 28-31

/ ƆSƐNKAFO 1-4

/ 5-8

/ 9-12

/ SOLOMON DWOM 1-8

ADIYIFO

DA TI □✔

/ YESAIA 1-4

/ 5-7

/ 8-10

6

/ YESAIA (ntoaso) 11-14

/ 15-19

/ 20-24

/ 25-28

/ 29-31

/ 32-35

/ 36-37

/ 38-40

/ 41-43

/ 44-47

/ 48-50

/ 51-55

/ 56-58

/ 59-62

/ 63-66

/ YEREMIA 1-3

/ 4-5

/ 6-7

/ 8-10

/ 11-13

/ 14-16

/ 17-20

/ 21-23

/ 24-26

/ 27-29

/ 30-31

/ 32-33

/ 34-36

/ 37-39

/ 40-42

/ 43-44

/ 45-48

/ 49-50

/ 51-52

/ KWADWOM 1-2

/ 3-5

/ HESEKIEL 1-3

/ 4-6

/ 7-9

/ 10-12

/ 13-15

/ 16

/ 17-18

/ 19-21

/ 22-23

/ 24-26

/ 27-28

/ 29-31

/ 32-33

/ 34-36

/ 37-38

/ 39-40

/ 41-43

/ 44-45

/ 46-48

/ DANIEL 1-2

/ 3-4

/ 5-7

/ 8-10

/ 11-12

7

/ HOSEA 1-7

/ 8-14

/ YOEL 1-3

/ AMOS 1-5

/ 6-9

/ OBADIA/​YONA

/ MIKA 1-7

/ NAHUM/​HABAKKUK

/ SEFANIA/​HAGGAI

/ SAKARIA 1-7

/ 8-11

/ 12-14

/ MALAKI 1-4

YESU ASETENA NE NE SOM ADWUMA

DA TI □✔

/ MATEO 1-4

/ 5-7

/ 8-10

/ 11-13

/ 14-17

/ 18-20

/ 21-23

/ 24-25

/ 26

/ 27-28

/ MARKO ● 1-3

/ ● 4-5

/ ● 6-8

/ ● 9-10

/ ● 11-13

/ ● 14-16

/ LUKA 1-2

/ 3-5

/ 6-7

/ 8-9

/ 10-11

/ 12-13

/ 14-17

/ 18-19

/ 20-22

/ 23-24

/ YOHANE 1-3

/ 4-5

/ 6-7

/ 8-9

/ 10-12

/ 13-15

/ 16-18

/ 19-21

KRISTOFO ASAFO NO NKƆSO

DA TI □✔

/ ASOMAFO NNWUMA ● 1-3

/ ● 4-6

/ ● 7-8

/ ● 9-11

8

/ ASOMAFO NNWUMA (ntoaso)● 12-14

/ ● 15-16

/ ● 917-19

/ ● 20-21

/ ● 22-23

/ ● 24-26

/ ● 27-28

PAULO NKRATAA

DA TI □✔

/ ROMAFO 1-3

/ 4-7

/ 8-11

/ 12-16

/ 1 KORINTOFO 1-6

/ 7-10

/ 11-14

/ 15-16

/ 2 KORINTOFO 1-6

/ 7-10

/ 11-13

/ GALATIFO 1-6

/ EFESOFO 1-6

/ FILIPIFO 1-4

/ KOLOSEFO 1-4

/ 1 TESALONIKAFO 1-5

/ 2 TESALONIKAFO 1-3

/ 1 TIMOTEO 1-6

/ 2 TIMOTEO 1-4

/ TITO/​FILEMON

/ HHEBRIFO 1-6

/ 7-10

/ 11-13

ASOMAFO NE ASUAFO AFOFORO NKRATAA

DA TI □✔

/ YAKOBO 1-5

/ 1 PETRO 1-5

/ 2 PETRO 1-3

/ 1 YOHANE 1-5

/ 2 YOHANE/​3 YOHANE/​YUDA

/ ADIYISƐM 1-4

/ 5-9

/ 10-14

/ 15-18

/ 19-22

Nea edi kan, twa fa ha

Nea ɛtɔ so abien, ka nkratafa abien no bɔ so na buka to so

[Mfonini wɔ kratafa 22]

So wubetumi ayi bere bi asi hɔ de akenkan Bible no da biara da?