Hiob 6:1-30

  • Hiob anoyi (1-30)

    • Ɔkae sɛ, ne su a ɔresu no, ntease wom (2-6)

    • N’awerɛkyekyefo no yɛ nnaadaafo (15-18)

    • “Asɛm a ɛyɛ nokware de, ɛnyɛ yaw!” (25)

6  Ɛnna Hiob kae sɛ:  “Sɛ minyae a, anka wɔakari m’ahometew+ nyinaaNe m’amanehunu wɔ nsenia* mu!   Anka emu bɛyɛ duru asen mpoano anwea mpo. Ɛno nti na me kasa ayɛ hatuhatu yi.*+   Efisɛ ade nyinaa so Tumfo no agyan awɔ me mu,Na me honhom renom emu bɔre;+Nneɛma a ɛyɛ hu fi Onyankopɔn hɔ aba me so.   Sɛ sare so afurum+ nya sare a, osu anaa?Na nantwi nya aduan a, osu?   Obi bedi aduan a ɛnyɛ dɛ a ɔremfa nkyene nto mu anaa?Anaasɛ ɔdɛw bi wɔ dua mu nsu tintann mu?   Mempɛ sɛ mede me nsa ka* saa nneɛma no. Ɛte sɛ efĩ a afra m’aduan.   O sɛ minyae a, anka m’abisade aba muAma Onyankopɔn ayɛ nea mepɛ ama me!   Minyae a, anka Onyankopɔn apene so sɛ ɔbɛpɛtɛw me!Minyae a, anka wayi ne nsa de akum me!+ 10  Anka ɛno mpo bɛma manya awerɛkyekye;Anka ɛyaw kɛse a merefa mu nyinaa akyi, medi ahurusi,Efisɛ mimmuu m’ani nguu Ɔkronkronni no asɛm so.+ 11  Mewɔ ahoɔden a mede bɛkɔ so atwɛn anaa?+ Na anidaso bɛn paa na ɛwɔ hɔ ma me a enti ɛsɛ sɛ mekɔ so tena ase?* 12  Adɛn, m’ahoɔden te sɛ ɔbotan? Anaa me honam yɛ kɔbere? 13  Mɛyɛ dɛn ahwɛ me ho,Bere a nneɛma a mede hwɛ me ho nyinaa afi me nsa? 14  Obiara a ɔde ɔdɔ a enni huammɔ kame ne yɔnko nipa no,+Ɔremfa ade nyinaa so Tumfo no suro nyɛ hwee.+ 15  Me ara me nuanom adaadaa me+ te sɛ asu a ɛtene wɔ awɔw bere mu,Wɔte sɛ asu a ɛtene wɔ awɔw bere mu a ɛyow. 16  Nsu a akyen ma nsu no ani yɛ tumm,Na emu na sukyerɛmma a anan hintaw. 17  Nanso sɛ bere so a, nsu no sã, na ɛntene bio;Sɛ ɔhyew ba a, ɛyow. 18  N’akwan dannan;Ɛtene kɔ anwea pradadaa so, na ɛyera. 19  Tema+ akwantufo hwehwɛ nsu no,Na Saba akwantufo*+ nso twɛn no. 20  Wɔn nsa anka nea wɔhwehwɛ, enti wɔn ani awu;Wɔba bedu hɔ, nanso wonnya hwee. 21  Saa ara na moayɛ me;+Moahu m’amanehunu a ɛyɛ hu no, na mo koma atu.+ 22  Adɛn, maka sɛ, ‘Momma me biribi’? Anaa maka sɛ momfa mo ahode no bi nkyɛ me? 23  Maka akyerɛ mo sɛ munnye me mfi ɔtamfo nsam?Anaa maka akyerɛ mo sɛ munnye me mfi atirimɔdenfo nsam? 24  Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;+Mfomso a madi no, momma minhu. 25  Asɛm a ɛyɛ nokware de, ɛnyɛ yaw!+ Nanso mo kasakyerɛ no, adepa bɛn paa na ɛwom?+ 26  Adɛn, moayɛ mo adwene sɛ asɛm a mɛka biara, mobɛbɔ agu?Obi a n’adwene atu afra anom asɛm+ a mframa huw kɔ yi? 27  Nnyanka mpo, munya a, mobɛbɔ wɔn so ntonto,+Na mo ara mo adamfo mpo, munya a, mobɛtɔn no!*+ 28  Afei, monnan mo ani na monhwɛ me,Efisɛ merentwa atoro wɔ mo anim. 29  Mepa mo kyɛw, monsan nnwen ho bio; munnnwen bɔne mmma me;*Yiw, monsan nnwen ho bio, efisɛ meda so ara yɛ ɔtreneeni. 30  Mede me tɛkrɛma aka bɔne anaa? Adɛn, ɛyɛ mo sɛ minnim nea enti a merehu amane?*

Ase Hɔ Nsɛm

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.
Anaa “Ɛno nti na merekasa basabasa yi.”
Anaa “Me kra mpɛ sɛ ɛde ne nsa ka.”
Anaa “mema me nkwa (me kra) nna yɛ tenten?”
Anaa “Saba akwantufo kuw.”
Anaa “mode no bedi nsesa!”
Anaa “mummmu me atɛnkyea.”
Anaa “ɛyɛ mo sɛ biribi nye a, m’anom ntumi nhu.”