Yohane Kyerɛwtohɔ 1:1-51

  • Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam (1-18)

  • Adanse a Yohane Suboni de mae (19-28)

  • Yesu, Onyankopɔn Guammaa (29-34)

  • Yesu asuafo a wodi kan (35-42)

  • Filipo ne Natanael (43-51)

1  Mfiase no, na Asɛm no+ wɔ hɔ. Ná Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ,+ na na Asɛm no yɛ onyame.*+  Oyi na mfiase no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ.  Nneɛma nyinaa nam no so na ɛbae,+ na ade baako mpo ankwati no amma. Nea ɛbae a  ɛnam no so no yɛ nkwa, na nkwa no ne nnipa hann.+  Na hann no hyerɛn sum mu,+ na sum no ntumi mmu mfaa so.  Ɔbarima bi bae a Onyankopɔn somaa no sɛ ne nanmusini; na ne din de Yohane.+  Ɔbarima yi bae sɛ ɔrebedi adanse. Ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ahorow nyinaa bɛfa no so agye adi.  Ná ɛnyɛ ɔno ne hann no,+ na mmom ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse.  Ná nokware hann a ɛhyerɛn ma nnipa ahorow nyinaa no rebɛba wiase.+ 10  Ná ɔwɔ wiase,+ na wiase nam no so na ɛbae,+ nanso na wiase nnim no. 11  Ɔbaa ɔno ara ne kurom, nanso ɔno ara ne nkurɔfo annye no. 12  Na wɔn a wogyee no no, ɔmaa wɔn nyinaa kwan sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma,+ efisɛ wogyee ne din dii.+ 13  Na ɛnyɛ mogya anaa nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ so na wɔnam woo wɔn, na mmom efi Onyankopɔn.+ 14  Enti Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam,+ na ɔbɛtenaa yɛn mu. Na yehuu n’anuonyam, anuonyam a agya de ma ne ba a ɔwoo no koro;+ na Onyankopɔn adom ne nokware hyɛɛ no ma. 15  (Yohane dii ne ho adanse, yiw, ɔteɛɛm sɛ: “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm sɛ, ‘Nea odi m’akyi reba no adi m’anim, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’”)+ 16  Adom a ahyɛ no ma nti, yɛn nyinaa anya adom pii* afi ne hɔ. 17  Wɔnam Mose so na ɛde Mmara no mae,+ na adom+ ne nokware no de, wɔnam Yesu Kristo so na ɛde mae.+ 18  Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+ 19  Na Yudafo no somaa asɔfo ne Lewifo fii Yerusalem baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: “Woyɛ hena?”+ Eyi ne adanse a ɔde mae. 20  Wamfa ansie, na mmom ɔkaa nokware sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no.” 21  Ɛnna wobisaa no sɛ: “Ɛnde na woyɛ hena? Wone Elia+ anaa?” Na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ me.” “Wone Odiyifo no?”+ Ɛnna obuae sɛ: “Daabi!” 22  Enti wobisaa no sɛ: “Woyɛ hena? Ka kyerɛ yɛn, na yennya biribi nkɔka nkyerɛ wɔn a wɔsomaa yɛn no. Ɛdɛn na woka fa wo ho?” 23  Ɔkae sɛ: “Mene nea ɔreteɛm* wɔ sare so sɛ, ‘Momma Yehowa* kwan nyɛ tee,’+ sɛnea odiyifo Yesaia kae no.”+ 24  Wɔn a wɔsomaa wɔn no, na wofi Farisifo no nkyɛn. 25  Enti wobisaa no sɛ: “Sɛ ɛnyɛ wone Kristo no anaa Elia anaa Odiyifo no a, ɛnde adɛn nti na wobɔ nkurɔfo asu?” 26  Yohane buaa wɔn sɛ: “Me de, mebɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu. Nanso obi gyina mo mfinimfini a munnim no; 27  ɔno ne nea odi m’akyi reba no. Ne mpaboa hama mpo, memfata sɛ mesan.”+ 28  Eyinom sii wɔ Betania wɔ Yordan agya, baabi a na Yohane rebɔ nkurɔfo asu no.+ 29  Ade kyee no, ohui sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ no ni, nea oyi wiase+ bɔne fi hɔ+ no! 30  Oyi ho asɛm na mekae sɛ: ‘Ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’+ 31  Me mpo, na minnim no. Nanso mebɛbɔɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi no adi akyerɛ Israel.”+ 32  Yohane dii adanse nso sɛ: “Mihui sɛ honhom no resian sɛ aburuburuw fi soro, na ebesii no so.*+ 33  Me mpo, na minnim no. Nanso Onii a ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu no, ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nea wubehu sɛ honhom no asian abesi* no so+ no, ɔno ne nea ɔbɔ asu honhom kronkron mu+ no.’ 34  Na mahu, na madi ho adanse sɛ, oyi ne Onyankopɔn Ba no.”+ 35  Ade kyee no, na Yohane san gyina hɔ a n’asuafo baanu ka ne ho. 36  Bere a ohui sɛ Yesu nam hɔ no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ no ni!” 37  Bere a asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi. 38  Afei Yesu dan ne ho, na bere a ohui sɛ wodi n’akyi no, obisaa wɔn sɛ: “Ɛdɛn na morehwehwɛ?” Ɛnna wobisaa no sɛ: “Rabi (a ne nkyerɛase ne “Ɔkyerɛkyerɛfo”), ɛhe na wote?” 39  Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wokohuu baabi a ɔte, na wɔtenaa ne nkyɛn saa da no; ná ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so du.* 40  Asuafo baanu a wɔtee nea Yohane kae a wodii Yesu akyi no, baako ne Simon Petro nua Andrea.+ 41  Nea edi kan no, ohuu ɔno ara ne nua Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia+ no” (a ne nkyerɛase ne “Kristo”), 42  na odii n’anim kɔɔ Yesu nkyɛn. Bere a Yesu hwɛɛ no no, ɔkae sɛ: “Wone Simon,+ Yohane ba; wɔbɛfrɛ wo Kefa” (a ne nkyerɛase ne “Petro”).+ 43  Ade kyee no, na Yesu pɛ sɛ ofi hɔ kɔ Galilea. Na ohuu Filipo+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.” 44  Ná Filipo fi Betsaida, Andrea ne Petro kurom. 45  Filipo huu Natanael+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu nea Mose kyerɛw ne ho asɛm wɔ Mmara no mu a Adiyifo no nso kyerɛw ne ho asɛm no: Yesu, Yosef+ ba a ofi Nasaret no.” 46  Nanso Natanael bisaa no sɛ: “Biribi pa bi betumi afi Nasaret aba?” Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bɛhwɛ.” 47  Yesu hui sɛ Natanael reba ne nkyɛn, na ɔka faa ne ho sɛ: “Hwɛ, Israelni ankasa a nnaadaa nni ne mu ni.”+ 48  Natanael bisaa no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu me?” Yesu buaa no sɛ: “Ansa na Filipo refrɛ wo, bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase no, na mahu wo.” 49  Natanael ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, wone Onyankopɔn Ba no, wone Israel Hene.”+ 50  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka a meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na woagye adi yi? Wubehu nea ɛkyɛn eyinom.” 51  Ɔtoaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokware, nokware, mereka akyerɛ mo sɛ, mubehu sɛ ɔsoro abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ onipa Ba no so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “te sɛ Onyankopɔn.”
Anaa “yɛn nyinaa nya adom bɔ adom so.”
Anaa “ɔda Agya no kokom.” Ɛkyerɛ hokwan bi a wɔde dom obi a wɔpɛ n’asɛm paa.
Anaa “Mene ɛnne a ɛreteɛm.”
Anaa “ɛbɛtenaa no so.”
Anaa “abɛtena.”
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anwummere nnɔn 4.