Mmebusɛm 13:1-25

  • Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no nim nyansa (10)

  • Anidaso a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare (12)

  • Obi a wɔasoma no a odi nokware de ayaresa ba (17)

  • Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo (20)

  • Nteɛso kyerɛ ɔdɔ (24)

13  Ɔba nyansafo gye ne papa nteɛso tom,+Na ɔfɛwdifo de, ontie animka.*+   Onipa anom aba na ɛma odi adepa* mee,+Na nkontompofo de, wɔn akɔnnɔde ne awudisɛm.*   Nea ɔhwɛ n’ano yiye no,* ɔbɔ ne nkwa* ho ban,+Na nea obue n’anom kɛse no, ɔbɛsɛe.+   Ɔkwadwofo wɔ n’akɔnnɔde,* nanso onnya hwee,+Na mmɔdenbɔfo* de, ɔbɛmee paa.*+   Ɔtreneeni tan atoro,+Na abɔnefo nneyɛe de, ɛde aniwu ne animguase na ɛba.   Nea ne ho nni asɛm no, trenee bɔ ne ho ban,+Na ɔbɔnefo de, amumɔyɛ sɛe no.   Obi wɔ hɔ a ɔyɛ ne ho sɛ osikani, nanso onni hwee;+Obi nso yɛ ne ho sɛ ohiani, nanso ɔwɔ ahonyade bebree.   Ahonyade yɛ agyede ma onipa nkwa,*+Na ahiafo de, obiara nhunahuna wɔn* mpo.+   Atreneefo kanea hyerɛn paa,*+Na abɔnefo kanea de, wobedum no.+ 10  Nea ahantan kowie ara ne mansotwe,+Na wɔn a wɔhwehwɛ afotu* no na nyansa yɛ wɔn dea.+ 11  Ahonyade a wonya no ntɛm* no, ɛbɛsa,+Na nea ɔboaboa ahonyade ano nkakrankakra* no, ɛbɛyɛ bebree. 12  Anidaso* a ɛmma mu ntɛm no, ɛma koma yare,+Na nea wɔrehwɛ kwan ba mu a, ɛyɛ nkwa dua.+ 13  Obiara a ɔmfa akwankyerɛ nyɛ hwee no,* obenya ho asotwe,+Na nea ɔwɔ obu ma mmara no, obenya akatua.+ 14  Onyansafo nkyerɛkyerɛ* yɛ nkwa asuti,+Na ɛdan onipa fi owu mfiri ho. 15  Nhumu a emu dɔ ma onipa nya adom,Na nkontompofo kwan de, ɛso nye.* 16  Onyansafo de nimdeɛ na ɛyɛ n’ade,+Na ɔkwasea de, ɔma obiara hu sɛ ɔyɛ ɔkwasea.+ 17  Obi a wɔasoma no a ɔyɛ ɔbɔnefo no, ɔtɔ ɔhaw mu,+Na obi a wɔasoma no a odi nokware de, ɔde ayaresa ba.+ 18  Obiara a obu n’ani gu nteɛso so no, ohia ne animguase na ɛbɛka no,Na nea otie ɔkasakyerɛ* de, wɔbɛhyɛ no anuonyam.+ 19  Nea obi rehwɛ kwan ba mu a, ɛyɛ no* dɛ,+Na nea ɔkwasea kyi ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi bɔne ho.+ 20  Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo,+Na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.+ 21  Amanehunu di abɔnefo akyi,+Na atreneefo de, wɔn akatua ne yiyedi.+ 22  Onipa pa gyaw agyapade ma ne nananom,*Na ɔbɔnefo ahonyade de, wɔbɛkora so ama ɔtreneeni.+ 23  Ohiani afuw a wɔafuntum no, ɛma aduan pii ba,Nanso anhwɛ a atɛnkyea bɛpra akɔ.* 24  Obiara a ɔmfa n’abaa* nyɛ adwuma no, ɔtan ne ba,+Na nea ɔdɔ ne ba no, ɔde ahokeka teɛ no so.*+ 25  Ɔtreneeni didi, na ɔmee,*+Na ɔbɔnefo de, ne yafunu bɛda mpan.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ateɛteɛ.”
Anaa “papa.”
Anaa “nea wɔn kra pɛ ne awudisɛm.”
Anaa “nea ɔhwɛ ne kasa yiye no.”
Anaa “kra.”
Anaa “ne kra akɔnnɔde.”
Anaa “mmɔdenbɔfo kra.”
Anaa “ɔbɛdɔ srade.”
Anaa “kra.”
Nt., “wɔnte animka biara.”
Nt., “di ahurusi.”
Nt., “wotie animka.”
Anaa “Ahonyade a efi ahuhude mu.”
Nt., “nea ɔde ne nsa boaboa ahonyade ano.”
Anaa “Akwanhwɛ.”
Anaa “obu asɛm animtiaa no.”
Anaa “mmara.”
Anaa “ɛyɛ mmonkyimmɔnka.”
Anaa “nea ɔma kwan ma wɔteɛteɛ no.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “ne mma mma.”
Anaa “bɛpra no akɔ.”
Anaa “nteɛso; asotwe.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔteɛ no so ntɛm.”
Anaa “ne kra mee.”