Yesaia 48:1-22

  • Wɔka Israel anim; wɔtew Israel ho (1-11)

  • Yehowa bɛba Babilon so (12-16a)

  • Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ so wɔ mfaso (16b-19)

  • “Mumfi Babilon!” (20-22)

48  Muntie eyi, O Yakob fi,Mo a mode Israel din ato mo so+Na mufi Yuda nsu mu,*Mo a mode Yehowa din ka ntam+Na mofrɛ Israel Nyankopɔn no,Nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu.+   Wɔde kurow kronkron no din frɛ wɔn ho,+Na wɔde wɔn ani ato Israel Nyankopɔn no so;+Ɔno na ne din de asafo Yehowa.   “Tete* nneɛma no, meka kyerɛɛ wo akyɛ. Epue fii me ara m’anom,Na mema wohui.+ Mekekaa me ho prɛko pɛ na ɛbae.+   Esiane sɛ minim sɛ w’aso yɛ den,Na wo kɔn yɛ dade ntini, na wo moma yɛ kɔbere+ nti,   Meka kyerɛɛ wo akyɛ. Ennya mmae no, mema wotee,Na amma woanka sɛ, ‘Me bosom na ɛyɛe,Me honi a wɔasen ne me dade honi* na ɛma ɛbae.’   Moate na moahu eyi nyinaa. Morenka ho asɛm anaa?+ Efi nnɛ merema moate nsɛm foforo,+Nsɛm a wɔde asie a munnim ho hwee.   Afei na merebɔ, na emfi tete.Ɛyɛ biribi a wontee da, gye nnɛ,Sɛnea ɛbɛyɛ a worentumi nka sɛ, ‘Hwɛ! Minim dedaw.’   Daabi, wontee,+ na wunnim;Tete no, na w’aso asisiw. Efisɛ minim sɛ woyɛ okontomponi paa,+Na wɔafrɛ wo mmaratofo fi awo mu.+   Nanso me din nti, mɛtwentwɛn m’abufuw so;+M’ayeyi nti, mɛhyɛ me ho so wɔ wo ho,Na merenyi wo mfi hɔ.+ 10  Hwɛ! Manan wo, nanso ɛnte sɛ dwetɛ.+ Masɔ wo ahwɛ* wɔ ahoyeraw fononoo* mu.+ 11  Me din nti, me din nti na mɛyɛ.+Adɛn nti na memma wongu me ho fĩ?+ Meremfa m’anuonyam mma obiara.* 12  Tie me, O Yakob, ne Israel a mafrɛ wo. Mete sɛnea mete.+ Mene odikanfo, na me ara nso ne okyikafo.+ 13  Me ara me nsa na ɛtoo asaase fapem,+Na me nsa nifa na ɛtrɛw ɔsoro mu.+ Sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa sɔre gyina hɔ. 14  Mo nyinaa, mommoaboa mo ho ano, na muntie. Wɔn mu hena na ɔde eyinom ato gua? Yehowa dɔ no.+ Nea ɛsɔ n’ani na ɔde bɛyɛ Babilon,+Na ne basa bɛba Kaldeafo so.+ 15  Me ara na makasa, na mafrɛ no.+ Mede no aba, na ne kwan besi yiye.+ 16  Muntwiw mmɛn me, na muntie eyi. Efi mfiase pɛɛ menkaa biribiara wɔ ahintawee mu.+ Bere a esii no, na mewɔ hɔ.” Na afei Awurade Tumfo Yehowa asoma me, ne ne honhom.* 17  Nea Yehowa, wo Gyefo, Israel Kronkronni no,+ se ni: “Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,Nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye,*+Nea ɔkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no.+ 18  Sɛ wubetie me mmara nsɛm a,+ Anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten,+Na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+ 19  Wo nkyirimma* bɛyɛ bebree sɛ anwea,Na w’asefo ayɛ sɛ emu anwea mfuamfua.+ Wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrenhyew wɔn ase mfi m’anim da.” 20  Mumfi Babilon!+ Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn! Momfa anigye nka ho asɛm! Momfa nto gua!+ Momma ennu asaase ano baabiara.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ 21  Bere a ɔde wɔn nam anwea pradadaa so no, osukɔm anne wɔn.+ Ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn;Ɔpaee ɔbotan mu maa nsu tuei.”+ 22  “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo,”+ Yehowa na waka.

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “mo a mufi Yuda mu.”
Nt., “Kan.”
Anaa “honi a wɔagu.”
Anaa “Mapɛɛpɛɛ wo mu.” Ebetumi nso akyerɛ, “Mapaw wo; Mayi wo.”
Ɛyɛ fononoo a wɔde nan dade.
Anaa “Me ne obiara nkyɛ m’anuonyam.”
Anaa “de ne honhom aka me ho.”
Anaa “wunya so mfaso.”
Nt., “W’aba.”